Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Italy

Wɔ Italy wɔ afe 2011 mu no, baesekre dodow a wɔtɔnee boro kar dodow a wɔtɔnee no so. Nneɛma a wɔkyerɛ sɛ ɛma ɛbaa saa no bi ne, sikasɛm mu ahokyere, pɛtrol bo a ayɛ den, ne ɛka a wɔbɔ de siesie kar. Nanso, baesekre de, ne kã nyɛ den, ne siesie nnye sika pii, na ɛho biribiara da fam.

Armenia

Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no abu atɛn sɛ Armenia aban no atiatia mmerante 17 a wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo no ahofadi so. Sobo a aban no de bɔɔ mmerante no ne sɛ, wɔamfa wɔn ho anhyɛ adwuma a asraafo hwɛ so nanso ɛmfa asraadi ho no mu. Atemmufo no hyɛe sɛ aban no ntua mpata sika ne ɛka a mmerante 17 no bɔe wɔ asɛnni no mu no mma wɔn.

Japan

Mmofra a wɔtɔɔ nsɛmmɔnedifo afiri mu wɔ Intanɛt dwumadibea ahorow so no mu ɔha mu nkyem 63 awofo ammɔ wɔn kɔkɔ wɔ asiane a wobetumi ahyia no ho. Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ ɔhaw yi mu 599 mu no kyerɛ sɛ, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wodii nsɛmmɔne no mu ɔha mu nkyem 74 gye toom sɛ nea enti a wɔde dwumadibea no dii dwuma ne sɛ wɔne mmofra bɛda.

China

Nea ɛbɛyɛ na kar nkyereso abrɛ ase nti, wɔretew kar foforo dodow a wɔma wɔn nɔma wɔ kurow akɛse mu no so. Sɛ nhwɛso no, afe biara mu no, wɔremma kar dodow a ɛboro 240,000 nɔma wɔ Beijing. Wɔ August 2012 mu no, nnipa bɛyɛ 1,050,000 a wɔde wɔn ho hyɛɛ loto a wɔde ma kar nɔma mu no mu 19,926 na wonyaa nɔma, a ɛkyerɛ sɛ nnipa 53 biara mu no, obiako pɛ na onyaa nɔma.