Wɔn a Wotie Onyankopɔn no Benya Nhyira
Odiyifo Mose kaa sɛ, sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, Onyankopɔn behyira yɛn. (Deuteronomium 10:13; 11:27) Ɛnyɛ suro a yesuro sɛ Onyankopɔn bɛtwe yɛn aso nti na yetie no. Mmom Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no na ɛka yɛn ma yetie no. Yɛdɔ no nti, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma ne werɛ ahow. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 Yohane 5:3.
Ɛnde sɛ yetie Onyankopɔn a, ɔkwan bɛn so na yebenya ne nhyira? Yɛnhwɛ akwan mmienu.
1. SƐ YETIE ONYANKOPƆN A, YƐBƐYƐ ANYANSAFO
“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.”—YESAIA 48:17.
Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Bɔfo no nim yɛn, na ɔma yɛn akwankyerɛ a yehia. Sɛ yɛpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yesisi gyinae a nyansa wom a, ɛnde ɛsɛ sɛ yesua nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ fi Kyerɛw Kronkron no mu na afei yɛde nea yɛasua no bɔ yɛn bra.
2. SƐ YETIE ONYANKOPƆN A, YƐN ANI BEGYE
“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—LUKA 11:28.
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wotie Onyankopɔn Asɛm no ani gye paa. Yɛnhwɛ ɔbarima bi a ɔwɔ Spain. Ná ne koko haw no paa. Ná ɔyɛ afoforo basabasa, na na ɔde kɔ ne yere so mpo. Da bi, ɔkenkan nhoma bi a odiyifo Mose kyerɛwee. Ná ɛfa Yakob ba Yosef a na odwo no ho. Wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu, na wobuu no atɛnkyea de no too afiase. Nanso na ɔda so ara dwo, na ɔpɛ asomdwoe, na na ɔde bɔne kyɛ. (Genesis, ti 37-45) Ɔbarima a ɔwɔ Spain no kaa sɛ: “Bere a midwinnwen Yosef asɛm no ho no, ɛboaa me ma mebɛyɛɛ obi a odwo, ne yam ye, na ɔhyɛ ne ho so. Ɛno nti, seesei m’ani gye paa.”
Kyerɛw Kronkron no ma yenya sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di ho akwankyerɛ pii. Ma yensusuw saa akwankyerɛ yi bi ho nkɔ akyiri wɔ asɛm a edi hɔ no mu.