Ɔkwan a Ɔbɔadeɛ No Afa So Ama Yɛahu Nneɛma a Ɔde Ahyɛ Yɛn Bɔ No
Efi bere a yɛn Bɔfo no bɔɔ nnipa no, ɔnam abɔfo ne adiyifo so akasa akyerɛ nkurɔfo. Afei nso, wahyɛ da ama wɔakyerɛw ne nsɛm ne ne bɔhyɛ ahorow agu hɔ ama yɛn. Nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, ɛfa wo daakye ho. Ɛnde ɛhe na wubetumi ahu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no nnɛ?
Nsɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ nnipa no, yebehu wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. (2 Timoteo 3:16) Yemmisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na adiyifo no tumi kyerɛw Onyankopɔn anom asɛm? (2 Petro 1:21) Onyankopɔn de ne nsusuwii hyɛɛ akyerɛwfo no adwenem, ɛnna wɔn nso kyerɛwee. Biribi a ɛte saa kɔ so nnɛ. Sɛ adwumawura bi ma ne kyerɛwfo kyerɛw asɛm bi ma no a, yɛfa no sɛ ɛyɛ adwumawura no na ɔkyerɛw asɛm no. Saa ara na Onyankopɔn maa nnipa kyerɛw n’asɛm no, nanso Kyerɛw Kronkron no Kyerɛwfo ankasa ne Onyankopɔn.
ONYANKOPƆN ASƐM NO, OBIARA NSA BETUMI AKA BI
Onyankopɔn asɛm no ho hia paa, enti ɔpɛ sɛ nnipa nyinaa kenkan na wɔte ase. “Daa asɛmpa” a efi Onyankopɔn hɔ no, ɛnnɛ nnipa a wofi “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” mu nsa betumi aka bi. (Adiyisɛm 14:6) Onyankopɔn aboa ama yɛanya Kyerɛw Kronkron no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 3,000 mu. Wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara a ɛwɔ wiase.