Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanehunu—Ɛyɛ Asotwe a Efi Onyankopɔn Hɔ Anaa?

Amanehunu—Ɛyɛ Asotwe a Efi Onyankopɔn Hɔ Anaa?

LUZIA TƆ GU NE NAN BENKUM SO. Ɔyɛ abofra no, onyaa yare bi a yɛfrɛ no polio anaa mmubui. Ɛyɛ yare bi a ɛsan pa ara, na ɛkyere onipa no nkwaadɔm. Bere a Luzia dii mfe 16 no, na ɔyɛ adwuma ma ɔbaa bi. Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn de mmubui twee w’aso, efisɛ woyɛɛ wo maame so asoɔden na woammu no.” Mfe bi akyi no, na Luzia da so ara kae sɛnea asɛm no ma odii yaw no.

BERE A DAMARIS BEHUI SƐ ƆWƆ KOKORAM WƆ N’AMEMENE MU NO, ne papa bisaa no sɛ: “Ɛdɛn bɔne na woayɛ a enti wei ato wo yi? Ɛbɛyɛ sɛ woadi bɔne kɛse bi. Ɛno nti na Onyankopɔn retwe w’aso no.” Asɛm no bubuu Damaris koma.

Ɛnyɛ ɛnnɛ na nnipa fii ase nyaa saa adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn de yare twe nnipa aso no. Nhoma bi ka sɛ, Kristo bere so no, na nnipa bebree gye di sɛ “sɛ obi yare a, ɛyɛ bɔne a wayɛ anaasɛ ne busuani bi ayɛ na ɔrenya ho asotwe.” (Manners and Customs of Bible Lands) Nhoma bi nso ka sɛ, Kristo wu akyi bɛyɛ afe 500 Y.B. kosi 1500 Y.B. no, “na ebinom gye di sɛ, sɛ wɔyɛ bɔne a, Onyankopɔn de yare twe wɔn aso.” (Medieval Medicine and the Plague) Ɛnde yemmisa sɛ, afeha a ɛto so 14 mu no, bere a yaredɔm kunkum nnipa ɔpepem pii wɔ Europe no, na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔretwe abɔnefo aso anaa? Anaasɛ sɛnea nhwehwɛmufo behui no, ɛyɛ mmoawammoawa bi kɛkɛ na ɛde yare no bae? Ebia obi bebisa sɛ, enti Onyankopɔn de yare twe nnebɔneyɛfo aso ampa? *

SUSUW HO HWƐ: Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn de yare ne amanehunu twee wɔn a wɔayɛ bɔne no aso a, wohwɛ a anka ne Ba Yesu bɛsa ayarefo no yare? Anka ɛno renkyerɛ sɛ Yesu resɔre atia Onyankopɔn atemmu ne n’atɛntrenee anaa? (Mateo 4:23, 24) Yesu rensɔre ntia nea Onyankopɔn reyɛ da. Yesu kaa sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” Ɔsan kaa sɛ “sɛnea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.”—Yohane 8:29; 14:31.

Nea Bible ka no, emu da hɔ. Ɛka sɛ: “Nkontomposɛm biara nni” Yehowa Nyankopɔn mu. (Deuteronomium 32:4) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Onyankopɔn remma wimhyɛn nkonya akwanhyia mma nnipa ɔhaha pii a wɔnyɛɛ bɔne biara nwuwu esiane onipa baako a ɔwɔ wimhyɛn no mu a ɔpɛ sɛ ɔtwe n’aso nti! Abraham a ɔyɛ Onyankopɔn somfo nokwafo no kaa Onyankopɔn trenee ho asɛm. Ɔkaa sɛ, Onyankopɔn ‘rempra atreneefo nka abɔnefo ho’ da. Ɔde kaa ho sɛ, Onyankopɔn ‘rentumi nyɛ saa da.’ (Genesis 18:23, 25) Bible san ka sɛ “Onyankopɔn de, ɔnyɛ bɔne”; ɔnyɛ “nea ɛnteɛ.”—Hiob 34:10-12.

NEA BIBLE MA YEHU FA AMANEHUNU HO

Sɛ yehu amane a, ɛnyɛ bɔne pɔtee bi a yɛayɛ nti na Onyankopɔn retwe yɛn aso. Yesu ankasa maa nokwasɛm yi mu daa hɔ pefee bere a ɔne n’asuafo no huu ɔbarima bi a yɛwoo no onifuraefo no. “N’asuafo no bisaa no sɛ: ‘Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, ɔbarima yi anaa n’awofo, a enti wɔwoo no onifuraefo yi?’ Yesu buae sɛ: ‘Ɔbarima yi anaa n’awofo mu biara nyɛɛ bɔne, na mmom sɛnea Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne fam ntia.’”—Yohane 9:1-3.

Sɛnea na atosɛm abu so nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Yesu asuafo no nwonwa bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnyɛ ɔbarima no anaa n’awofo na ɛyɛɛ bɔne ma enti ɔrehu amane. Ɛnyɛ sɛ Yesu saa ɔbarima no anifurae no kɛkɛ, na mmom ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a saa gyidi hunu a ɛne sɛ Onyankopɔn de amanehunu twe yɛn aso no, obetu ase. (Yohane 9:6, 7) Wɔn a ɛnnɛ yare denneennen bi reteetee wɔn no, wobetumi anya awerɛkyekye sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde saa amanehunu no aba wɔn so.

Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn de yare twee wɔn a wɔayɛ bɔne no aso a, wohwɛ a anka Yesu bɛsa wɔn yare?

Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem

  • “Wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (YAKOBO 1:13) Anokwa, ɛrenkyɛ “nnebɔne” a ateetee adesamma mfehaha pii no befi hɔ. Ebi ne yare, ɛyaw, ne owu.

  • Yesu Kristo ‘saa wɔn a wɔyare nyinaa yare.’ (MATEO 8:16) Bere a Onyankopɔn Ba no saa wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no nyinaa yare no, na ɔde rekyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ wɔ wiase nyinaa.

  • “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—ADIYISƐM 21:3-5.

HENA NA ƆMA YEHU AMANE?

Ɛnde, adɛn nti na nnipa hu amane pii na yɛfa ɛyaw bebree mu saa? Nkurɔfo asusuw saa asɛmmisa yi ho mfehaha pii ni. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma yehu amane a, ɛnde na ɛyɛ hena? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 4 Ɛwom sɛ tete mmere mu no, na ɛtɔ mmere bi a Onyankopɔn twe afoforo aso esiane bɔne pɔtee bi a wɔayɛ de, nanso Bible no nkyerɛ sɛ ɛnnɛ sɛ obi yɛ bɔne a, Yehowa de nneɛma bi te sɛ yare anaa asiane twe n’aso.