Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 2 2018 | Dɛn Na Ebesi Daakye?

DƐN NA EBESI DAAKYE?

Nea ɛbɛto wo ne w’abusua daakye no, woadwen ho pɛn? Bible ka sɛ:

“Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:29.

Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne asase, na nneɛma pa a Onyankopɔn pɛ sɛ yenya no, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya so mfaso.

 

Akwan a Ebinom Fa So Kyerɛ Nea Ebesi Daakye

Mfe mpempem pii ni, nkurɔfo akyerɛ nea ebesi daakye. Ebi ba mu, ebi mma mu, na ebi nso de, ɛtow fa ho koraa.

Nsoromma Mu Hwɛ Ne Adebisa—Ɛma Yehu Daakye Ampa?

Saa akwan a nkurɔfo fa so ka nea ebesi daakye yi, yebetumi de yɛn ho ato so?

Nkɔmhyɛ Ahorow a Abam

Bible nkɔmhyɛ ahorow abam pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa.

Ɛnkasa, Nanso Edi Adanse Sɛ Bible Nkɔmhyɛ Yɛ Nokware

Tete nkaedum bi a ɛwɔ Rome di adanse sɛ Bible nkɔmhyɛ bam pɛpɛɛpɛ.

Bɔhyɛ Ahorow a Ɛbɛbam

Bible nkɔmhyɛ bebree abam dedaw, nanso yɛrehwɛ bi nso kwan daakye.

Wubetumi Atena Ase Daa Wɔ Asase So

Bible ma yehu nea enti a Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa.

Wo Daakye, Wo Gyinaesi Na Ɛbɛkyerɛ!

Ebinom susuw sɛ obiara wɔ ne nkrabea, enti nea ebesi wɔ wɔn asetenam biara no wonni so tumi. Wei yɛ nokware anaa?

“Ahobrɛasefo Benya Asase No Adi”

Bible ahyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba atɛnkyea ne amumɔyɛ befi hɔ.