Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 1 2022 | Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim

Ɔtan abu so wɔ wiase yi mu. Ɛnnɛ wofa ha a nnipa mu nyiyim, ɔkyena wobɛte na obi redi obi atɛm, anaa obi aboro obi apirapira no. Kyerɛ sɛ, nneɛma a nkurɔfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔtan afoforo de, yɛse yɛreka a, adaagye bɛbɔ yɛn. Enti asɛm no ne sɛ, bere bi bɛba a, ɔtan to betwa? Ɔwɛn-Aban yi bɛma yɛahu sɛnea Bible betumi aboa yɛn ama yɛadi ɔtan so nkonim. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛ, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, obeyi ɔtan afi hɔ korakora.

 

Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!

Dɛn na ɛde ɔtan ba, na dɛn na ɛma ɛtrɛw? Nneɛma bɛn na nkurɔfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔtan afoforo?

Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?

Bible no ma yehu ɔtan farebae, ne nea enti a ɛnyɛ den sɛ nnipa benya afoforo ho tan. Ɛsan ma yehu nea enti a ɔtan retrɛw saa nnɛ.

Sɛnea Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim

Nsɛm a ɛwɔ Bible mu no aboa nnipa pii ama wɔasesa wɔn abrabɔ.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

1 | Nyɛ Nyiyim

Onyankopɔn nyiyi nnipa mu. Sɛ wusuasua no a, ɛbɛboa wo ama woanya afoforo ho adwempa.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua Ka

Sɛ obi ne wo anni no yiye a, nyɛ bi ntua ka. Kae sɛ, bere pa mu no, Onyankopɔn de yiye bɛto yiye.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam

Onyankopɔn Asɛm betumi aboa wo ama woatutu ɔtan ase afi w’adwene ne wo koma mu.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

4 | Ma Onyankopɔn Mmoa Wo Na Di Ɔtan So Nkonim

Onyankopɔn honhom kronkron betumi ama woanya suban ahorow a ɛbɛboa wo ma woadi ɔtan so.

Bere Bi Bɛba a Ɔtan Befi Hɔ!

Dɛn paa ne ɔtan ano aduru?

Ɔtan Nti Nnipa Pii Rehu Amane

Yɛbɛyɛ dɛn adi ɔtan so nkonim? Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ wiase a wɔatumi adi ɔtan so nkonim.