Hena Ne Onyankopɔn?
Nnipa pii ka sɛ wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso sɛ wubisa wɔn sɛ hena ne Onyankopɔn a, ɛsono nea obiara bɛka. Ebinom ka sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtemmufo a ne tirim yɛ den, na nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso. Afoforo nso ka sɛ Onyankopɔn dɔ de, ɛnsa da, na nea wɔbɛyɛ biara ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. Ebinom nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ akyirikyiri na yɛn asɛm mfa ne ho. Esiane sɛ ɛsono nea obiara ka wɔ Onyankopɔn ho nti, ebia nnipa pii bɛka sɛ yɛrentumi nhu Onyankopɔn yiye da.
Ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn yiye anaa? Aane, ɛho hia. Sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, ebetumi ama woahu nea enti a wowɔ wiase, na w’ani begye wɔ abrabɔ mu. (Asomafo Nnwuma 17:26-28) Mpɛn dodow a wobɛn Onyankopɔn no, dodow no ara na ɔno nso bɛdɔ wo na waboa wo. (Yakobo 4:8) Sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, awiei koraa no wubetumi anya daa nkwa.—Yohane 17:3.
Wobɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn yiye? Wo de, dwen w’adamfo bi a wunim no yiye ho hwɛ. Ɛyɛɛ dɛn na mobɛyɛɛ nnamfo? Ɛnyɛ dɛn ara a wubehuu ne din, ne suban, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne afei nea wayɛ ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne nneɛma afoforo. Nea ɛma wobɛn saa nipa no ne sɛ, wusuaa ne ho ade.
Saa ara na sɛ yesusuw nea edidi so yi ho a, ɛbɛma yɛahu Onyankopɔn yiye:
Saa nhoma yi bɛboa wo ama woahu sɛnea Bible bua nsɛmmisa yi. Nsɛm a ɛwom no bɛma woahu Onyankopɔn yiye, na ɛbɛsan aboa wo ama woahu mfaso a wubenya bere a wo ne Onyankopɔn afa adamfo no.