Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Onua Rutherford ne anuanom afoforo kɔɔ Europe no

1920—Mfe Ɔha a Atwam

1920—Mfe Ɔha a Atwam

AFE 1920 mfiase no, wɔkanyan Yehowa nkurɔfo maa adwuma a na ɛda wɔn anim no. Ná 1920 afe asɛm no ka sɛ, “M’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE”—Dw. 118:14, King James Version.

Yehowa hyɛɛ asɛmpakafo a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yi den. Saa afe no, akwampaefo dodow kɔɔ anim; efi 225 koduu 350. Afei nso adawurubɔfo bɛboro 8,000 na wɔde wɔn asɛnka akontaabu kɔmaa asafo ti. Ná ebi nsii saa da. Yehowa hyiraa wɔn maa nnipa pii tiee asɛm no.

WƆDE NSI NE AHOKEKA YƐƐ ADWUMA NO

March 21, 1920 no, Joseph F. Rutherford a na odi anim ma Bible Asuafo no yɛ ɔsom adwuma no maa ɔkasa bi a wɔato din, “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ No Renwu Da.” Bible Asuafo yi yeree wɔn ho yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛto nsa afrɛ afoforo ama wɔabetie ɔkasa yi bi. Wokogyee sinidan akɛse a ɛwɔ New York city no baako, na wɔkyekyɛɛ nkrataa 320,000 de too nsa frɛɛ nkurɔfo.

Wɔbɔɔ ɔkasa a wɔato din, “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ No Renwu Da” no ho dawuru wɔ atesɛm krataa mu

Nnipa bae araa ma na ɛyɛ nwonwa. Nnipa bɛboro 5,000 bɛhyɛɛ sinidan no mu hɔ ma, na nnipa 7,000 a wɔbae akyiri no, na ɛsɛ sɛ wɔsan ma wɔkɔ fie. Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ “nhyiam a Bible Asuafo no ayɛ a ɛkɔɔ yiye paa no, na wei ka ho.”

Esiane sɛ na Bible Asuafo no ka sɛ “ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ no renwu da” nti, ɛmaa nkurɔfo huu wɔn paa. Saa bere no, na wonnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm kɔ akyiri saa. Nanso nsi ne ahokeka a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no saa bere no, na ɛyɛ nwonwa paa. Ida Olmstead fii ase kɔɔ asafo nhyiam 1902. Ɔkaa sɛ, “Ná yenim sɛ adesamma benya nhyira pii daakye na yɛamfa asɛmpa no ankame obiara a yehyiaa no wɔ asɛnka mu.”

YƐN ANKASA FII ASE TINTIM YƐN NHOMA

Anuanom a wɔwɔ Betel no fii ase tintimii yɛn nhoma no bi sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom benya bi akenkan daa. Wɔtɔɔ mfiri na wɔhyehyɛɛ wɔ dan bi a na wɔahan mu. Ná dan no wɔ 35 Myrtle Avenue, Brooklyn, New York, na na ɛbɛn Betel.

Leo Pelle ne Walter Kessler kɔɔ Betel January 1920. Walter ka sɛ, “Yeduu hɔ no, onua a ɔhwɛ adwumayɛbea a wotintim nhoma so no hwɛɛ yɛn na ɔkaa sɛ, ‘Aka dɔnhwerew baako ne fa na yɛakodidi awia yi.’ Enti ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsesaw nnaka a nhoma gu mu mfi ɔdan no ase hɔ baabi mmra.”

Leo kaa nea ɛkɔɔ so da a edi hɔ no: “Ná yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛhohoro abansoro dan a ɛwɔ 35 Myrtle Avenue no ho. Menyɛɛ adwuma bi a na ɛyɛ fĩ saa da. Nanso na ɛyɛ Awurade adwuma, enti na mfaso wɔ so.”

Afiri a na wɔde tintim Ɔwɛn Aban

Nnawɔtwe kakraa bi mu no, anuanom a wɔbɔ wɔn ho mmɔden tuu wɔn ho mae bɛboa ma wotintim Ɔwɛn-Aban no. February 1, 1920 no, wotintim Ɔwɛn Aban no mmaako mmaako 60,000 wɔ afiri no so. Ɔdan a na afiri no si mu no na ɛyɛ abansoro. Abansoro no ase nso, anuanom hyehyɛɛ afiri foforo a wɔde tintim nhoma a na wɔfrɛ no Battleship. Wofii ase tintim The Golden Age nsɛmma nhoma no nso. Wɔde April 14, 1920 de no na ɛhyɛɛ ase. Wei ma yehu paa sɛ anuanom tuu wɔn ho mae yɛɛ adwuma no, na Yehowa hyiraa so.

“Ná ɛyɛ Awurade adwuma nti na mfaso wɔ so”

“MOMMA YƐNTENA ASOMDWOE MU”

Yehowa asomfo anokwafo san de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no na wɔne wɔn nuanom san bɔɔ fekuw. Nanso bere a nneɛma mu yɛɛ den afe 1917 kosi afe 1919 no, Bible Asuafo no bi fii ahyehyɛde no mu. Dɛn na na wobetumi ayɛ de aboa wɔn?

Ɔwɛn-Aban a ɛbaa April 1, 1920 no, na asɛm bi wɔ mu a wɔato din “Momma Yɛntena Asomdwoe Mu.” Ɛkaa sɛ: “Yegye di sɛ . . . obiara a Awurade honhom wɔ ne so no . . . pɛ sɛ ne werɛ fi nneɛma a wagyaw wɔ akyi no . . . na ɔne Onyankopɔn nkurɔfo bom de baakoyɛ yɛ n’adwuma.”

Saa asɛm yi kaa nnipa pii koma ma wɔde yɛɛ adwuma. Awarefo bi kyerɛwee sɛ: “Yɛahu sɛ afe a etwaam no, yedii mfomso. Bere a yɛn nuanom reyɛ [asɛnka] adwuma no, na yɛte hɔ rehwɛ wɔn. . . . Yegye di sɛ yɛrenni saa mfomso no bio.” Saa anuanom a wɔhyɛɛ wɔn nkuran no hui sɛ adwuma pii da wɔn anim.

YƐKYEKYƐƐ “THE FINISHED MYSTERY” NHOMA NO

June 21, 1920 no, Bible Asuafo no yeree wɔn ho kyekyɛɛ The Finished Mystery a ne nnuraho yɛ mmerɛw no. Ɛno ne Studies in the Scriptures po a ɛto so nson. Bere a wɔbaraa saa nhoma yi afe 1918 no, na Bible Asuafo no wɔ bebree gu hɔ.

Wɔka kyerɛɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa sɛ wɔmmoa mma wɔnkyekyɛ nhoma no. “Obiara a wahyira ne ho so anaa wabɔ asu wɔ asafo biara mu a ɔpɛ sɛ ɔyɛ adwuma yi bi no, omfi ne koma mu nyɛ saa. Efi nnɛ rekɔ, yɛn mu biara mma saa asɛm yi ntena n’adwenem: ‘Ade baako a esi m’ani so ne sɛ’ mɛkyekyɛ The Finished Mystery nhoma no.” Edmund Hooper ka sɛ nhoma a wɔkyekyɛe yi ne bere a edi kan a anuanom pii yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no. Ɔsan kaa sɛ, “Wei ma yehuu adwuma no ani so yiye na yɛannwen ho da sɛ adwuma no mu bɛtrɛw adu sɛnea ɛte nnɛ yi.”

YƐSAN HYƐƐ ADWUMA NO MU DEN WƆ EUROPE

Esiane sɛ na ɛyɛ den sɛ Onua Rutherford ne Bible Asuafo a wɔwɔ aman foforo so bedi nkitaho bere a Wiase Ko I no rekɔ so nti, na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ anuanom nkuran na ɔsan hyɛ asɛnka adwuma no nso mu den. Enti August 12, 1920 no, ɔne anuanom nnan tuu kwan kɔɔ Britain ne aman afoforo so wɔ Europe ne Middle East.

Onua Rutherford wɔ Egypt

Bere a Onua Rutherford kɔɔ Britain no, Bible Asuafo no yɛɛ nhyiam akɛse mmiɛnsa ne nhyiam nketewa 12. Nnipa bɛyɛ 50,000 na wɔbaa nhyiam ahorow yi nyinaa. Ɔwɛn-Aban no kaa Onua Rutherford nsrahwɛ no ho asɛm sɛ: “Ɛhyɛɛ anuanom den paa. Wɔne wɔn ho bɔɔ fekuw, wɔboom yɛɛ adwuma na wei maa wɔn ani gyei paa.” Bere a Onua Rutherford kɔɔ Paris no, ɔsan maa ɔkasa a wɔato din, “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ No Renwu Da.” Bere a ofii ɔkasa no ase no, na ɔdan no mu ayɛ mã. Nnipa 300 kaa sɛ wɔpɛ nkyerɛkyerɛmu pii aka ho.

Krataa a wɔde rebɔ ɔkasa a wɔmae wɔ London Royal Albert Hall no ho dawuru

Nnawɔtwe a edi hɔ no, anuanom binom kɔɔ Athens, Cairo ne Jerusalem. Onua Rutherford buee baabi a wɔde nhoma gu wɔ Ramallah, kurow bi a ɛbɛn Jerusalem. Ɔsan kɔɔ Europe na ɔhyehyɛɛ Central Europe baa dwumadibea no, na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wotintim nhoma wɔ hɔ.

YƐMAA AFOFORO HUI SƐ WƆABU YƐN ATƐNKYEA

September 1920 no, Bible Asuafo no yii The Golden Age a ɛto so 27 adi. Nà saa nsɛmma nhoma yi yɛ soronko efisɛ ɛmaa obiara huu sɛnea afe 1918 mu no, wɔtan Bible Asuafo no ani. Battleship afiri a wɔde tintim nhoma a yɛadi kan aka ho asɛm no, wɔde yɛɛ adwuma awia ne anadwo nyinaa de tintim nsɛmma nhoma yi bɛboro ɔpepem nnan.

Mfoni a Polisifo twaa Emma Martin

Wɔn a wɔkenkan saa nsɛmma nhoma no huu Emma Martin akosɛm. Ná onuawa Martin yɛ daa kwampaefo wɔ San Bernardino wɔ California. March 17, 1918 no, ɔne anuanom mmiɛnsa E. Hamm, E. J. Sonnenburg, ne E. A. Stevens kɔɔ nhyiam ketewa bi a Bible Asuafo no yɛe.

Ɔbarima bi a ɔbaa hɔ de, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔrebesua Bible. Akyiri yi, ɔbarima no kaa sɛ, “Aban adwumayɛbea a ɛhwɛ ma wɔbɔ nkurɔfo kwaadu no . . . na ɛsomaa me wɔ saa nhyiam yi ase. Mekɔe sɛ merekɔpɛ biribi agyina so abɔ wɔn kwaadu.” Onyaa nea na ɔrehwehwɛ no. Ogyee The Finished Mystery nhoma no baako. Nna bi akyi no, wɔkyeree Onuawa Martin ne anuanom mmarima mmiɛnsa no. Wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔabu mmara so sɛ wɔakyekyɛ nhoma a wɔabara.

Wobuu Emma ne anuanom mmiɛnsa no fɔ sɛ wɔnkɔda afiase mfe mmiɛnsa. Wɔde asɛm no kɔdan asɛnnibea foforo mpɛn pii nanso anyɛ yiye. Enti May 17, 1920 no, wɔde wɔn koguu afiase. Nanso ankyɛ na wɔn su dan serew.

June 20, 1920 no, Onua Rutherford kaa saa anuanom yi suahu wɔ nhyiam bi ase wɔ San Francisco. Bere a nnipa a wɔwɔ hɔ no tee nea wɔde yɛɛ saa Kristofo no, wɔn ho dwiriw wɔn paa. Enti wɔyɛɛ telegram kɔmaa United States mampanyin. Nea wɔkyerɛwee ni: “Owurayere Martin . . . a wobuu no fɔ sɛ wabu mmara so nti . . . wɔde no ato afiase no, yebu no sɛ ɛyɛ atɛnkyea . . . Aban mpanyimfo a wɔnam wɔn tumi so . . . sum . . . Owurayere Martin afiri . . . na wotwaa asɛm too no so de no kɔtoo afiase no, yebu no sɛ ɛyɛ . . . atirimɔdensɛm paa.”

Ade kyee ara pɛ sobo a wɔde bɔɔ Onuawa Martin, Onua Ham, Onua Sonnenburg ne Onua Stevens no, Ɔmampanyin Woodrow Wilson twe sanee. Atɛnkyea a wobuu wɔn de wɔn guu afiase no baa awiei.

Afe 1920 kɔɔ n’awiei no, Bible Asuafo no hui sɛ nneɛma pii asisi a na ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye. Adwuma a na wɔyɛ wɔ asafo ti no kɔɔ so yɛɛ kɛse, na Bible Asuafo no yeree wɔn ho kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo sen bere biara. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛno nko ara na ebetumi ayi adasamma haw nyinaa afi hɔ. (Mat. 24:14) Afe a edi hɔ, afe 1921 no yɛ afe a wɔbɔɔ Ahenni no ho dawuru paa.