So Wunim?
Yudafo nneyɛe bɛn na ɛmaa Yesu kasa tiaa ntanka?
MOSE Mmara no mu no, na ɛnyɛ asɛm biara na ɛsɛ sɛ wɔka ho ntam. Nanso Yesu bere so no, na nkurɔfo taa ka ntam daa. Afei na akɔyɛ sɛ asɛm biara a obi bɛka no, ɛsɛ sɛ ɔde ntanka taa akyiri. Ná wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo begye wɔn asɛm adi; nanso saa ntanhunu a na wɔka no, Yesu kasa tiaa mprenu. Mmom ɔkae sɛ: “Ɛno ara ne sɛ momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi; nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.”—Mat. 5:33-37; 23:16-22.
Nhoma bi ka sɛ, Talmud no ma yehu sɛ na Yudafo no taa keka ntam anaa wɔka ntam de kyerɛ sɛ nea wɔka no yɛ nokware. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Talmud no mu no, ɛkyerɛkyerɛɛ ntam ahorow mu kɔɔ akyiri; nea ɛsɛ sɛ wɔfa no aniberesɛm ne nea wobetumi abu wɔn ani agu so.—Theological Dictionary of the New Testament.
Ɛnyɛ Yesu nko ara na ɔkasa tiaa nneyɛe bɔne a ɛte saa. Ɛho nhwɛso ne nea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kae no. Ɔkaa Yudafo kuw bi ho asɛm sɛ na wokyi ntanka. Saa nkurɔfo no, na wogye di sɛ, sɛ obi ka ntam a, ɛyɛ bɔne koraa kyɛn sɛ obedi atoro. Ná wosusuw sɛ, sɛ obi ka asɛm na ɛsɛ sɛ ɔde ntanka taa akyiri ansa na nkurɔfo agye adi a, ɛnde na onii no yɛ ɔtorofo. Yudafo nhoma bi nso ka sɛ: “Ɔbarima a ɔpɛ ntanka no, ɔyɛ mmaratofo paa.” (Wisdom of Sirach) Enti Yesu kasa tiaa ntanhunu a obi bɛka. Sɛ yɛka nokware bere biara a, ɛho nhia sɛ yɛka ntam de kyerɛ sɛ nea yɛreka no yɛ nokware turodoo.