Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Dwumadi
Dwumadi ahorow yi, wo ne wo mma betumi de asua ade.
Boa Caleb Ma Ɔmfa Biribiara Nto Ne Daberɛ!
Twe dwumadi yi anaa prente. Wowie a, boa Caleb ma ɔnhwehwɛ nneɛma nnum a ɛsɛ sɛ ɔde to yie.
Nwoma Bɛn na Caleb Rekenkan No?
Hwɛ video a wɔato din “Ɛyɛ Bɔne sɛ Wubewia Ade.” Wowie a, prente dwumadie yi na kɔla emu mfonini no.
Yɛ Bag a Wode Bɛkɔ Asɛnka!
Nneɛma bɛn na wobɛhia de akɔ asɛnka? Dwumadi yi bɛboa wo ama woahu nea wode bɛhyɛ wo bag mu.
Bere Aso Sɛ Yɛkɔ Asɛnka!
Caleb ne Sophia pɛ sɛ wɔkɔ asɛnka. Wobɛtumi aboa wɔn ama wɔahu ntadeɛ a wɔbɛtumi ahyɛ akɔ?
Fa Toto Ho: Ɛnnɛ Asetena ne Daakye Asetena
Bɔhyɛ bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛbɛba mu wɔ Paradise?
Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Aso Tie Asɛm wɔ Adesua Ase?
Kyerɛ mfonini a ɛfa kyerɛwsɛm no ho. Wobɛyɛ dɛn asua Onyankopɔn ho ade te sɛ Yesu?
Yehowa Din
Onyankopɔn din pue wɔ Bible no mu mpɛn ahe?
Bɔ Mpae Ma Afoforo
Henanom na wubetumi abɔ mpae ama wɔn?
Hwɛ Yehowa Fie So Yiye
Yɛ wo fam de fa boa ma munsiesie Onyankopɔn fie!
Ma Yehowa Ani Nnye
Sɛ yɛyɛ osetie na yesisi gyinae pa a, ebetumi ama Onyankopɔn ani agye.
Yehowa Ne M’adamfo Pa Ara
Onyankopɔn yɛ yɛn Adamfo, enti wabɔ afifide ne mmoa na ama yɛn ani agye.
Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Akɔ Asɛnka
Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ woreyɛ nhwɛso pa wɔ asɛnka mu?
Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye
Sɛn na Efesofo 5:15, 16 betumi aboa ama wode wo bere adi dwuma yiye?
Nteɛso Kyerɛ Ɔdɔ
Sɛ wɔteɛ wo so a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade?
Dɔ Wo Yɔnko
Dɛn na Sophia yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔdɔ afoforo na ne yam ye?