DWOM 113
Yɛwɔ Asomdwoe
1. A-som-dwoe Nyan-ko-pɔn no,
Ye-yi n’a-yɛ daa.
O-be-yi a-ko-di hɔ,
Baa-ko-yɛ bɛ-ba.
Kris-to, a-som-dwoe He-ne,
O-dwen nni-pa ho.
Sɛ o-di nko-nim wie a,
A-som-dwoe bɛ-ba.
2. Yɛa-gyae a-bu-fu-sɛm ka,
Yɛa-gyae ntɔ-kwaw kõ.
Ye-tie Kris-to a-hyɛ-de;
Yɛ-dɔ yɛn yɔn-ko.
A-som-dwoe a yɛ-pɛ nti,
Yɛ-de bɔ-ne kyɛ.
Yɛ-yɛ Ye-su Kris-to nguan,
Yɛ-do-dɔ yɛn ho.
3. Yɛ-wɔ a-som-dwoe be-bree;
E-fi Nyan-ko-pɔn.
Ɔ-pɛ sɛ ye-tie n’A-sɛm,
Baa-bia-ra yɛ-wɔ.
Yɛ-re-sua a-som-dwoe nnɛ;
Yɛ-de bɔ yɛn bra.
Ye-nim sɛ w’A-he-nni mu,
A-som-dwoe bɛ-ba.
(Hwɛ Dw. 46:9; Yes. 2:4; Yak. 3:17, 18 nso.)