Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ
Anuanom Adɔfo:
Efi January 1, 2008 na wɔyɛɛ Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ ɔmanfo de no nea edi kan koraa. Wɔde nsɛm foforo a ɛyɛ anigye a na ɛbɛba atoatoa so a asɛmti ne, “Suasua Wɔn Gyidi” baa mu. Efi saa bere no, asram abiɛsa biara wotintim asɛm foforo bi a egyina saa asɛmti no so, na yɛn ani agye ho paa!
Dɛn na akenkanfo aka afa saa nsɛm no ho? Bere a ɔbea bi kenkan asɛm a ɛfa Marta ho wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a mekenkanee no, meserewee efisɛ mete sɛ Marta pɛpɛɛpɛ—bere nyinaa mepɛ sɛ mema m’ahɔho ani gye na minya biribi yɛ. Nanso, ɛtɔ mmere bi a na me werɛ afi me ho sɛ ɛsɛ sɛ mitwa nea mereyɛ so na me ne me nnamfonom nya fekubɔ.” Bere a ababaa bi kenkan Ester asɛm no wiei no, nea ɔka faa ho ne sɛ: “Ɛyɛ nokware paa. Yetumi ma ntade ne nneɛma a aba so foforo ho hia yɛn dodo. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho kama de; nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma ma ɛtra so.” Ɔtoaa so kae sɛ: “Ade a ɛho hia Yehowa ne nea ɛwɔ yɛn koma mu.” Na asɛm a ɛfa ɔsomafo Petro ho no maa Kristoni bea bi de anigye kae sɛ: “Bere a merekenkan no, ɛkaa me koma paa. Ɛyɛɛ me sɛ nea na mewɔ hɔ bi. Nanso, m’adwene nkutoo na mede buu nea na ɛrekɔ so no!”
Nsɛm a saa akenkanfo yi aka, ne nea nnipa foforo pii akyerɛw de abɛkyerɛ saa nsɛm no ho anisɔ no si nea ɔsomafo Paulo kyerɛw bere bi a atwam no so dua. Ɔkae sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ.” (Rom. 15:4) Nokwarem no, Yehowa ma wɔkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Bible mu na ama yɛasua nneɛma pa pii afi mu. Ɛmfa ho mfe dodow a yɛde atena nokware no mu no, yɛn nyinaa betumi asua biribi afi mu.
Yɛhyɛ wo nkuran paa sɛ kenkan saa nhoma yi ntɛm ara. Wubetumi de aka W’abusua Som nhyehyɛe ho—mmofra no ani begye ho paa! Sɛ asafo no resua nhoma yi wɔ Asafo Bible Adesua ase a, mma dapɛn biako mpo mpa wo ti so! Tɔ wo bo ase kenkan no yiye. Twa asɛm a worekenkan no ho mfonini wɔ w’adwenem; fa w’adwene nyinaa si so. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nka sɛnea wɔn a Bible ka wɔn ho asɛm no tee nka no, na hwɛ sɛ wubehu nea wohui no anaa. Fa sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ tebea bi mu no toto sɛnea sɛ ɛyɛ wo a anka wobɛyɛ no ho.
Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛn nyinaa nsa aka saa nhoma yi. Ɛmmra sɛ, wo ne w’abusua nyinaa benya so mfaso. Yɛde ɔdɔ kyia mo pii, ensi mo yiye,
Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw