Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom

Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom

Ti 16

Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom

1. (a) So yɛn mu bi wɔ hɔ a onhia afotu ne nteɛso? (b) Nanso nsemmisa bɛn na eye sɛ yebesusuw ho?

YƐN mu pii ne kyerɛwsɛm a ɛka sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu” no yɛ adwene ntɛm ara. (Yakobo 3:2) Ɛnyɛ den sɛ yebesusuw mmere horow a yɛantumi anyɛ yɛn ade sɛ nnipa a Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no ho. Enti yegye tom sɛ nea Bible ka no teɛ bere a ɛka eyi kyerɛ yɛn no: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa wo akyiri nna mu.” (Mmebusɛm 19:20) Yenim sɛ yehia mmoa a ɛte saa. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛayɛ nsakrae ahorow wɔ yɛn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nea yɛasua afi Bible no mu no behyia. Nanso sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi tu yɛn fo wɔ asɛm pɔtee bi a yɛyɛɛ yɛn ade wom ɔkwan a nyansa nnim so ho a, yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho?

2. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma afotu a wɔde ma yɛn ankasa no? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

2 Wɔ sɛnea yɛbɛte nka ntɛm ara wɔ yɛn mu wɔ eyi ho esiane pɛ a yɛnyɛ sɛ nnipa nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ yefi koma pa mu kyerɛ afotu no ho anisɔ na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bedi dwuma. Mfaso betumi afi saa a yɛbɛyɛ no mu aba. (Hebrifo 12:11) Nanso, ebia sɛ wotu yɛn fo a, yɛbɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn ho bem na yemmu aniberesɛm a tebea no yɛ no ahe biara anaasɛ yepia asodi no to obi foforo so. So woayɛ ade wɔ saa kwan no so pɛn? Bere a yɛsan susuw saa da no ho no, so yenya onii a ɔde afotu no mae no ho abufuw? So yenya adwene sɛ yɛbɛka onii a otuu yɛn fo no sintɔ ahorow anaasɛ ɔkwan a ɔfaa so de afotu no mae no ho nsɛmmɔne te sɛ nea eyi ma yenya anoyi wɔ yɛn ankasa mmerɛwyɛ ho ɔkwan bi so? So Bible no betumi aboa ma woadi adwene horow a ɛte saa no so?

Nhwɛso Horow A Wɔakyerɛw Ato Hɔ Ama Yɛn Afotu

3. (a) Dɛn na ɛwɔ Bible no mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwene a ɛteɛ wɔ afotu ne nteɛso ho? (b) Fa nsemmisa a wɔde ama wɔ atifi hɔ no pɛɛpɛe nea Saul ne Usia yɛe wɔ afotu ho no mu.

3 Nea ɛka afotu pii a Onyankopɔn Asɛm de ma wɔ asɛm yi ho tee ho no, ekura asetra mu osuahu ahorow ankasa a ɛfa nnipa ankorankoro a wotuu wɔn fo ho. Na afotu no taa yɛ nteɛso nso, kyerɛ sɛ, na ɛho hia sɛ onii a ɔregye afotu no sakra ne su anaasɛ n’abrabɔ. Bere a wode nsemmisa a ɛwɔ ase hɔ no hwehwɛ nhwɛso ahorow yi mu no, wubehu sɛ yen nyinaa betumi anya pii mu mfaso:

KIS BA SAUL: Wantumi anyɛ osetie amma Yehowa ankosi ase efisɛ bere a ɔne Amalekfo koe no, ɔkoraa ɔhene no ne wɔn mmoa a woye sen biara no so. (1 Samuel 15:1-11)

Wɔ mmuae a Saul de mae wɔ animka afotu a Samuel de mae no ho no mu no, dɛn na na ɛkyerɛ sɛ ɔrebɔ mmɔden abu mfomso no adewa? (Nky. 20) Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde asodi no bɛto henanom so? (Nky. 21) Bere a awiei koraa no ogyee mfomso no toom no, anoyi bɛn na ɔde mae? (Nky. 24) Wɔ ha mpo no, na dɛn na ɛte sɛ nea ɛho hia no sen biara? (Nky. 25, 30)

USIA: Ɔkɔɔ Yehowa asɔrefi sɛ ɔrekɔhyew aduhuam ɛwom sɛ na asɔfo no nkutoo na wɔama wɔn kwan sɛ wɔnyɛ eyi de. (2 Beresosɛm 26:16-20)

Bere a ɔsɔfo panyin no bɔɔ mmɔden sɛ obesiw Ɔhene Usia kwan no, dɛn nti na ɔhene no de abufuw yɛɛ ade? (Fa toto nkyekyem 16 ho.) Dɛn na efii mu bae? (Nky. 19-21)

4. (a) Dɛn nti na na ɛyɛ den ma Saul ne Usia nyinaa sɛ wobegye afotu atom no? (b) Dɛn nti na ɛyɛ ɔhaw a anibere wom nnɛ nso?

4 Wɔ nsɛm yi mu biara mu no, dɛn nti na na ɛyɛ den ma onipa no sɛ obegye hia a ohia afotu no atom no? Na ɔhaw titiriw no ne ahantan, obi ho a osusuw ma ɛtra so. Nnipa pii de awerɛhow ba wɔn ankasa ho so nnɛ esiane su yi nti. Esiane sɛ wosusuw sɛ wɔanya dibea bi, ebia esiane mfe a wɔadi anaasɛ gyinabea bi a wɔwɔ nti, wonnye afotu a wɔde ma wɔn no ntom. Ɛte sɛ nea wɔte nka sɛ eyi kyerɛ sɛ sintɔ bi wɔ wɔn ho anaasɛ ɛsɛe wɔn din. Nanso nea ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ mmerɛwyɛ ankasa ne ahantan a wɔyɛ no. Eyi nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ obi de anoyi ma wɔ ho esiane sɛ mfomso yi abu so nti. Ɛyɛ afiri a Satan de di dwuma de biri obi nsusuwii ani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛpow mmoa a efi ɔdɔ mu a Yehowa de ma denam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde a aniwa hu no so no. Yehowa bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”—Mmebusɛm 16:18; hwɛ Romafo 12:3; Mmebusɛm 16:5 nso.

5. Fa nsemmisa a ɛyɛ nkyekyem yi fã no kyerɛkyerɛ nea yebetumi asua afi kyerɛwtohɔ a ɛfa Mose ne Dawid ho no mu.

5 Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kyerɛwnsɛm no ka wɔn a wogyee afotu toom ho nhwɛso pa ahorow ho asɛm. Yebetumi asua nneɛma horow a ɛho wɔ mfaso afi eyi mu nso. Susuw ho hwɛ:

MOSE: N’ase barima de afotu pa a ɛfa sɛnea ɔbɛyɛ n’adwuma a ɛso no a ɔrensɛe n’akwahosan ho maa no. Mose tiei na ɔde dii dwuma ntɛm ara. (Exodus 18:13-24)

Ɛwom sɛ na Mose wɔ tumi kɛse de, nanso dɛn nti na ogyee afotu pa no toom saa? (Fa toto Numeri 12:3 ho.) Saa su no ho hia yɛn dɛn? (Sefania 2:3)

DAWID: Dawid dii awaresɛe ho fɔ na afei ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛma wɔakum ɔbea no kunu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aware no na ɔnam saayɛ so akata awaresɛe no so. Asram pii twaam ansa na Yehowa somaa Natan ma ɔkɔkaa Dawid anim. (2 Samuel 11:2–12:12)

So Dawid bo fuwii wɔ animka no ho na wammu mfomso no ahe biara anaasɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛprɛ asodi no ato obi so? (2 Samuel 12:13; Dwom 51:atifi hɔ asɛm no ne nky. 1-3) So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn gyee Dawid ahonu no toom no kyerɛ sɛ Dawid ne ne fifo faa wɔn ho dii wɔ nneɛma bɔne a efii n’abrabɔ bɔne no mu bae no ho? (2 Samuel 12:10, 11, 14; Exodus 34:6, 7)

6. (a) Dawid tee nka dɛn wɔ wɔn a wɔmaa no afotu pa no ho? (b) Sɛ yegye afotu a ɛte saa ara tom ntɛm ara a, ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ mfaso ama yɛn? (d) Sɛ wɔma yɛn nteɛso a emu yɛ den a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi?

6 Na Ɔhene Dawid nim mfaso a ɛwɔ afotu pa a wotie so no yiye na ɔdaa Onyankopɔn ase wɔ nea wɔnam no so de mae no ho. (1 Samuel 25:32-35; hwɛ Mmebusɛm 9:8 nso.) So yɛte saa? Sɛ saa a, ɛnde ɛbɛbɔ yɛn ho ban wɔ nsɛm a yɛbɛka ne nneɛma a yɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛanu yɛn ho no ho. Nanso sɛ yɛkɔ tebea a ɛma wɔde nteɛso a emu yɛ den ma yɛn te sɛ nea ɛbae wɔ Dawid fam wɔ bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe ho no mu a, mommma yɛn werɛ mfi sɛ nteɛso yɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ no ho adanse a yɛn daa yiyedi ho asɛm nso wom.—Mmebusɛm 3:11, 12; 4:13.

Su Horow A Ɛsom Bo A Yebenya

7. Su bɛn na Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo nya sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ Ahenni no mu?

7 Sɛ yɛne Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo benya abusuabɔ pa a, ɛho hia sɛ yɛn ankasa nya su ahorow bi. Yesu sii eyi mu biako so dua bere a ɔde abofra kumaa bi gyinaa n’asuafo no mfinimfini na ɔkaa eyi no: “Moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18:3, 4) Na ɛho hia sɛ saa asuafo no yɛ nsakrae ahorow. Na ɛsɛ sɛ wogyae ahantan no na wonya ahobrɛase.

8. (a) Hena na ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ n’anim, na dɛn ntia? (b) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ afotu ho?

8 Akyiri yi ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Yenim sɛ ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Onyankopɔn anim, nanso kyerɛwsɛm yi reka sɛ ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase anaasɛ yenya ahobrɛase adwene wɔ abusuabɔ a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo wɔ no mu nso. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrempow nyansahyɛ ahorow a ebia wɔde bɛma yɛn no wɔ ɔkwan a nyansa nnim so. Yebenya ɔpɛ sɛ yebesua biribi afi yɛn ho yɛn ho hɔ. (Mmebusɛm 12:15) Na sɛ yɛn nuanom hu sɛ ɛho hia sɛ wɔde nsiesiei afotu ma yɛn a, hu a yebehu sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu nam kwan yi so siesie yɛn no remma yɛmpow.—Dwom 141:5.

9. (a) Su a ɛho hia bɛn na ɛne ahobrɛase sɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛn abrabɔ ka afoforo no ho?

9 Su foforo a ɛne ahobrɛase sɛ kɛse ne afoforo yiyedi ho a wosusuw ankasa no. Yɛrentumi nguan mfi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea yɛyɛ no ka afoforo no ho. Ɔsomafo Paulo tuu tete Kristofo a na wɔwɔ Korinto ne Roma no fo sɛ wonsusuw afoforo ahonim ho. Na ɛnyɛ sɛ ɔreka sɛ ɛsɛ sɛ wopia wɔn ankasa apɛde nyinaa to nkyɛn na mmom ɔhyɛɛ nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribi a ɛbɛhyɛ obi foforo ma wayɛ nea n’ahonim kyerɛ no sɛ enye no na ɔnam saayɛ so asɛe wɔ honhom mu. Bere a Paulo reka nnyinasosɛm a ɛsen ne nyinaa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de . . . enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam! Monnyɛ nea ɛto Yudafo anaa Helafo anaa Onyankopɔn asafo hintidua.”—1 Korintofo 10:24-33; 8:4-13; Romafo 14:13-23.

10. Dɛn na ebetumi akyerɛ sɛ ebia yɛde ayɛ yɛn su sɛ yɛde saa Kyerɛwnsɛm mu afotu no bedi dwuma?

10 So woyɛ obi a wode ayɛ wo su sɛ wode afoforo yiyedi bedi nea w’ankasa wopɛ kan? Akwan horow pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ eyi nanso susuw nhwɛso yi ho: Mpɛn pii no, atadehyɛ ne ahosiesie yɛ ade a obi ankasa na ɛsɛ sɛ ɔpaw, bere tenten a yɛde anidahɔ yɛ na yɛn ho tew no. Nanso sɛ wote sɛ esiane nkurɔfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nsɛm tebea nti, ɔkwan a wofa so hyɛ atade anaasɛ w’ahosiesie mma afoforo ntie Ahenni no ho asɛm no a, so anka wobɛyɛ nsakrae? So obi foforo nkwa ho hia wo kɛse sen w’ankasa anigye a wubenya?

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Kristofo ampa a ɛho hia sɛ yenya su horow yi?

11 Sɛ su a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ba bɛyɛ yɛn ankasa nipasu fã a, edi adanse sɛ yɛrefi ase anya Kristo adwene. Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ ahobrɛase a wɔbɛyɛ mu. (Yohane 13:12-15; Filipifo 2:5-8) Esiane sɛ osusuw afoforo ho sen sɛ ɔbɛyɛ nea ɛbɛma n’ankasa anya anigye nti, ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn sɛ yenni akyi.—Romafo 15:2, 3.

Mpow Yehowa Nteɛso

12. (a) Nsakrae bɛn na ɛho hia sɛ yɛn nyinaa yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nipasu a ɛsɔ Onyankopɔn ani? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn?

12 Esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo nti, ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛda yɛn Nyankopɔn no nipasu adi. Ɛho hia sɛ yɛhyɛ “nipasu foforo.” (Kolosefo 3:5-14; Tito 2:11-14) Afotu ne nteɛso boa yɛn ma yehu mmeae ahorow a ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow na afei yehu sɛnea yɛbɛyɛ eyi.

13. (a) Dɛn na Yehowa nam so de afotu ne nteɛso ma yɛn nyinaa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ?

13 Bible no ankasa ne saa afotu no fibea titiriw. (2 Timoteo 3:16, 17) Afei Yehowa nam Bible nhoma ne nhyiam ahorow a n’ahyehyɛde a aniwa hu no yɛ so boa yɛn ma yehu sɛnea yɛde bedi dwuma. So yɛde ahobrɛase behu hia a yɛn ankasa hia no—sɛ yɛate pɛn mpo a—na yɛahwehwɛ sɛ yebenya nkɔso bere nyinaa?

14. Dɛn mmoa bio na Yehowa de ma yɛn sɛ ankorankoro?

14 Yehowa nnyaw yɛn sɛ yɛn nkutoo mmɔ mmɔden sɛ yebedi nsɛm a ebia ɛyɛ ɔhaw titiriw bi ma yɛn no ho dwuma. Ɛdenam ɔdɔ mu a ofi susuw yɛn ho so no, ɔyɛ nsiesiei na ama yɛn ankasa anya mmoa. Nnipa ɔpepem pii anya mfaso afi mmoa a ɛte sɛɛ no mu denam ofie Bible adesua so. Ɛyɛ awofo asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi abrabɔ a ebetumi ama wɔadi yaw pii wɔ asetra mu akyiri yi no ho. (Mmebusɛm 6:20-35; 15:5) Wɔ asafo no mu nso no, wɔn a wɔfata wɔ honhom mu no na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no bedi dwuma de ateɛ afoforo so, sɛ wohu sɛ ɛho hia a, nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ odwo honhom mu. (Galatifo 6:1, 2) Yehowa nam akwan horow yi so tu yɛn fo na ɔteɛ yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asom no sɛ nnipa a wɔyɛ biako.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Ɔkwan bɛn so na Yehowa fi ɔdɔ mu boa yɛn ma yehu faako a ɛho hia sɛ yɛn ankasa yɛ nsakrae?

● Dɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye afotu atom? Eyi yɛ aniberesɛm dɛn?

● Su horow a ɛsom bo bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagye afotu atom? Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]