Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Abufuw Ba Awiei

Onyankopɔn Abufuw Ba Awiei

Ti 32

Onyankopɔn Abufuw Ba Awiei

1. Bere a wɔahwie nkuruwa ason no agu awie koraa no, dɛn na ɛbɛba, na nsemmisa bɛn na afei ɛsɔre a ɛfa nkuruwa no ho?

YOHANE ada abɔfo a wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa sɛ wonhwie nkuruwa ason no ngu no adi dedaw. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ “eyinom na edi akyiri, efisɛ wɔnam wɔn so de Onyankopɔn abufuw ba awiei.” (Adiyisɛm 15:1; 16:1, New World Translation) Ɛsɛ sɛ wohwie ɔhaw ahorow a eyi Yehowa asotwe ma abɔnefosɛm wɔ asase so no adi no nyinaa gu wie. Wobewie no, na wɔadi Onyankopɔn atemmu ho dwuma. Na Satan wiase nni hɔ bio! Dɛn na ɔhaw ahorow yi kyerɛ ma adesamma ne mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi atumfoɔ no? Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi akwati ɔhaw a wɔbɛhaw wɔn aka wiase a wɔbɛsɛe no yi ho? Eyinom yɛ nsemmisa a ɛho hia, na afei wobebua. Wɔn a wɔn kɔn dɔ trenee nkonimdi no nyinaa ani begye nea Yohane hu bio no ho yiye.

Yehowa Abufuw a Etia “Asase”

2. Dɛn na efi ɔbɔfo a odi kan no kuruwa a ohwie gu asase so no mu ba, na dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde “asase no” yɛ?

2 Ɔbɔfo a odi kan no fi adwuma ase! “Na nea odi kan no kɔe, na okohwiee ne kuruwa no guu asase so. Na akisikuru bɔne a etutuw baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no so.” (Adiyisɛm 16:2) Sɛnea na ɛte wɔ torobɛnto hyɛn a edi kan no asɛm no mu no, “asase” a ɛwɔ ha no yɛ amammui nhyehyɛe a ɛte sɛ nea egyina hɔ pintinn a Satan fii ase de sii asase so fi Nimrod bere so bɛboro mfe 4,000 ni no.​—Adiyisɛm 8:7.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na nniso horow pii abisa ɔsom afi wɔn nkoa hɔ? (b) Dɛn na amanaman no de aba sɛ Onyankopɔn Ahenni no nsiananmu, na dwuma bɛn na edi wɔ wɔn a wɔsom no no so?

3 Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, nniso horow pii ahyɛ wɔn nkoa ma wɔsom wɔn na wɔhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde obu ma Ɔman no sen Onyankopɔn anaa biribi foforo biara a ɛsɛ sɛ wodi no nokware. (2 Timoteo 3:1; fa toto Luka 20:25; Yohane 19:15 ho.) Efi 1914 mu no, abɛyɛ amanaman no su sɛ wɔbɛboaboa wɔn mmerante ano ama wɔakɔko, anaasɛ wɔasiesie wɔn ho ama akodi pasaa a ahwie mogya pii agu wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu no. Awurade da no mu no, amanaman no ayɛ aboa no honi no nso sɛ nea wɔde si Onyankopɔn Ahenni ananmu—Amanaman Apam no ne nea ebesii n’ananmu, Amanaman Nkabom no. Abususɛm bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ wɔbɛka sɛnea nnansa yi paapanom ayɛ no sɛ kuw a nnipa ayɛ yi nkutoo ne amanaman no asomdwoe ho anidaso! Ɛsɔre tia Onyankopɔn Ahenni denneennen. Wɔn a wɔkotow no no ho ntew honhom fam, wɔatutu akuru te sɛ nea akisikuru bɔne tutuu Misrifo a wɔsɔre tiaa Yehowa wɔ Mose bere so na akuru ankasa tutuu wɔn no.​—Exodus 9:10, 11.

4. (a) Dɛn na nea ɛwɔ Onyankopɔn kuruwa a edi kan no mu no si so dua denneennen? (b) Yehowa bu wɔn a wɔwɔ aboa no agyirae no dɛn?

4 Nea ɛwɔ kuruwa yi mu no si nea ɛsɛ sɛ adesamma paw no so dua denneennen. Ɛsɛ sɛ wiase bo fuw wɔn anaasɛ Yehowa abufuw ba wɔn so. Wɔhyɛ adesamma sɛ wonnye aboa no agyirae a adwene no ne sɛ “obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko” no. (Adiyisɛm 13:16, 17) Nanso wobetua eyi ho ka! Yehowa bu wɔn a wogye agyirae no sɛ “akisikuru bɔne a etutuw” aka wɔn. Efi 1922 mu no, wɔahyɛ wɔn agyirae wɔ baguam sɛ wɔapow Onyankopɔn teasefo no. Wɔn amammui akwan horow no nsii yiye, na wɔahaw. Honhom fam no, wɔn ho ntew. Sɛ wɔansakra wɔn adwene a, ɔyare a “etutuw” yi bekunkum wɔn, efisɛ Yehowa atemmu da ni. Obi rentumi nka sɛ ɔnyɛ wiase nneɛma nhyehyɛe yi fã bere a onnyina Yehowa Kristo no afã nsom no no.​—Luka 11:23; fa toto Yakobo 4:4 ho.

Ɛpo Dan Mogya

5. (a) Dɛn na ɛba bere a wohwie kuruwa a ɛto so abien no gu no? (b) Yehowa bu wɔn a wɔte sɛnkyerɛnne kwan so po no mu no dɛn?

5 Afei, ɛsɛ sɛ wohwie Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so abien no gu. Dɛn na ɛbɛkyerɛ ama adesamma? Yohane ka kyerɛ yɛn: “Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na akra a ɛte ase po no mu nyinaa wuwui.” (Adiyisɛm 16:3) Te sɛ torobɛnto hyɛn a ɛto so abien no, wɔdan kuruwa yi kyerɛ “po so”—a ɛne adesamma atuatewfo bebree a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho na wɔyɛ basabasa no. (Yesaia 57:20, 21; Adiyisɛm 8:8, 9) Yehowa ani so no, “po” yi te sɛ mogya a enye sɛ abɔde bɛtra mu. Enti na ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ wiase no fã no. (Yohane 17:14) Yehowa abufuw kuruwa a ɛto so abien a wohwie gu no ma ɛda adi sɛ adesamma a wɔte po yi mu no nyinaa yɛ awufo wɔ Yehowa ani so. Kwasafo asodi nti, adesamma di mogya a edi bem a wohwie gu bebree no ho fɔ. Sɛ Yehowa abufuw da no ba a, wobewu ankasa wɔ n’abrafo dɔm no nsam.​—Adiyisɛm 19:17, 18; fa toto Efesofo 2:1; Kolosefo 2:13 ho.

Mogya a Wɔbɛma Wɔanom

6. Dɛn na ɛba bere a wohwie kuruwa a ɛto so abiɛsa no gu no, na nsɛm bɛn na wɔte fi ɔbɔfo bi ne afɔremuka no hɔ?

6 Te sɛ torobɛnto hyɛn a ɛto so abiɛsa no, Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so abiɛsa no ka nsu pa. “Nea ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten ne asuti mu, na ɛdan mogya. Na metee sɛ nsu so bɔfo no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron, woteɛ, efisɛ woabu atɛn sa, na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu, na woama wɔn mogya anom; wɔfata sa. Na metee sɛ ɛnne bi fi afɔremuka no mu a ese: Wiɛ, [Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, w’atemmu yɛ nokware ne trenee.”—Adiyisɛm 16:4-7.

7. Dɛn ho mfonini na wɔde “nsubɔnten ne nsuti” no yɛ?

7 Saa “nsubɔnten ne asuti” yi yɛ nea wose ɛyɛ akwankyerɛ ne nyansa fibea foforo a wiase yi gye tom, te sɛ amammui, sikasɛm, nyansahu, nhomasua, asetra ne nyamesom mu nyansapɛ ahorow a ɛkyerɛ adesamma nneyɛe ne gyinaesi ahorow kwan no ho mfonini. Sɛ anka wɔbɛhwɛ Yehowa a ɔyɛ nkwa Nsuti no kwan na wama wɔn nokware a ɛma nkwa no mmom no, nnipa ‘atutu mmura a apaapae afa’ ma wɔanom “wiase yi nyansa [a ɛyɛ] nkwaseasɛm Onyankopɔn anim” no fuu.​—Yeremia 2:13; 1 Korintofo 1:19; 2:6; 3:19; Dwom 36:9.

8. Ɔkwan bɛn so na adesamma adi mogya ho fɔ?

8 “Nsu” a asɛe a ɛtete saa no ama nnipa adi mogya ho fɔ, sɛ nhwɛso no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran ma wohwiee nnipa ɔpepehaha pii mogya gui wɔ ɔko ahorow mu wɔ afeha a etwaam no mu. Titiriw no wɔ Kristoman a wiase ko ahorow abien no fii ase mu no, nnipa yɛ ‘ntɛm hwie mogya a edi bem’ gu na Onyankopɔn ankasa adansefo mogya ka eyi ho. (Yesaia 59:7; Yeremia 2:34) Adesamma adi mogya ho fɔ nso denam ɔkwammɔne so a wɔde mogya di dwuma a ɛne ebinom de a wɔtwe ma afoforo de to Yehowa trenee mmara ahorow no so. (Genesis 9:3-5; Leviticus 17:14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Eyi nti wɔatwa awerɛhow dedaw denam AIDS, mmerɛbo yare ne nyarewa afoforo a wɔnam obi mogya a wɔde ma afoforo so a abu so pii no so. Mogya ho afodi nyinaa ho akatua kɛse no bɛba nnansa yi ara bere a mmaratofo tua ɛho ka kɛse, wotiatia wɔn so wɔ “Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse” no mu no.​—Adiyisɛm 14:19, 20.

9. Dɛn na ɛwɔ kuruwa a ɛto so abiɛsa a wohwie gu no mu?

9 Wɔ Mose bere so, bere a wɔdan Nil Asubɔnten no mu nsu mogya no, Misrifo no nam nsu a wɔhwehwɛ fii mmeae afoforo no so tumi kɔɔ so traa ase. (Exodus 7:24) Nanso, ɛnnɛ honhom mu ɔhaw bere no mu no, baabiara nni hɔ wɔ Satan wiase no mu a nnipa betumi anya nsu a ɛma nkwa. Nea ɛwɔ kuruwa a ɛto so abiɛsa yi a wohwie gu no mu ne dawuru a wɔbɔ sɛ wiase “nsubɔnten ne nsuti” no te sɛ mogya a ɛde honhom mu owu ba wɔn a wɔnom no nyinaa so. Sɛ nkurɔfo annan amma Yehowa nkyɛn a, n’afobu bɛba wɔn so.​—Fa toto Hesekiel 33:11 ho.

10. Dɛn na “nsu so bɔfo no” ma wohu, na adanse bɛn na “afɔremuka” no de ka ho?

10 “Nsu so bɔfo no,” kyerɛ sɛ, ɔbɔfo a ohwie kuruwa yi gu nsu no mu no, kamfo Yehowa sɛ ɔne Amansan Temmufo, nea ne trenee atemmu fata koraa. Enti, ɔka wɔ atemmu yi ho sɛ: “Wɔfata sɛ.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɔfo no ankasa huu mogyahwiegu ne atirimɔdensɛm bebree a wiase bɔne yi atoro nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ ahorow de bae mfe mpempem no mu no. Enti, onim sɛ Yehowa atemmu no teɛ. Onyankopɔn “afɔremuka” mpo kasa. Wɔ Adiyisɛm 6:9, 10 no, wɔka sɛ wɔn a wɔakunkum wɔn no akra wɔ saa afɔremuka no ase. Enti “afɔremuka no” di teɛ a Yehowa atemmu teɛ na ɛyɛ trenee no ho adanse a tumi wom. * Ampa, ɛfata sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔahwie mogya bebree agu na wɔadi ho dwuma ɔkwammɔne so no ma wɔn ankasa nso nom mogya sɛ kumfɔ a Yehowa abu wɔn no ho sɛnkyerɛnne.

Ogya a Wɔde Hyehye Nnipa

11. Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anan no botae ne dɛn, na dɛn na ɛba bere a wɔahwie agu no?

11 Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anan no botae ne owia. Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na nea ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ahoɔden sɛ ɔmfa ogya nhyehye nnipa. Na wɔde ahohuru kɛse hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakra wɔn adwene anhyɛ no anuonyam.”—Adiyisɛm 16:8, 9.

12. Dɛn ne wiase yi “owia” no, na hokwan bɛn na wɔma sɛnkyerɛnne kwan so owia yi?

12 Ɛnnɛ, wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei no, Yesu honhom mu nuanom no ‘hyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu.’ (Mateo 13:40, 43) Yesu ankasa ne “trenee wia.” (Malaki 4:2) Nanso, adesamma wɔ wɔn ankasa “owia,” wɔn ankasa atumfoɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyerɛn de asɔre atia Onyankopɔn Ahenni. Torobɛnto hyɛn a ɛto so anan no kae sɛ ‘owia, ɔsram ne nsoromma’ a wɔwɔ Kristoman ɔsoro no yɛ sum fibea ahorow ankasa, na ɛnyɛ hann fibea. (Adiyisɛm 8:12) Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anan no kyerɛ afei sɛ wiase “owia” no ano bɛyɛ hyew a wontumi nnyina ano. Wɔn a wobu wɔn sɛ akwankyerɛfo a wɔte sɛ owia no bɛma adesamma ho ‘ahyehye wɔn.’ Wɔde eyi bɛma sɛnkyerɛnne kwan so owia no. Ɔkwan foforo so no, Yehowa bɛma eyi ho kwan sɛ n’atemmu a ano yɛ den a ɛba adesamma so no fã. Ɔkwan bɛn so na ahohyehye yi aba?

13. Ɔkwan bɛn so na wiase yi atumfo a wɔte sɛ owia no ama adesamma ho ‘ahyehye’ wɔn?

13 Wiase nyinaa ko a edi kan no akyi no, wi yi ase sodifo yɛɛ Amanaman Apam no de bɔɔ mmɔden sɛ wɔde behu wiase dwoodwoo asetra ho nsɛnnennen no ano, nanso eyi yɛɛ ɔkwa. Enti wɔsɔɔ tumidi ahorow te sɛ Fasist ne Nasi hwɛe. Komunisim kɔɔ so trɛwee. Sɛ anka atumfoɔ a wɔte sɛ owia no besiesie adesamma asetra ma ayɛ yiye mmom no, wɔde ahohuru kɛse ‘maa adesamma ho hyehyee wɔn.’ Amanko ahorow a wɔkokoe wɔ Spain, Ethiopia ne Manchuria no kowiee wiase ko a ɛto so abien no mu. Nnɛyi abakɔsɛm kyerɛ sɛ Mussolini, Hitler ne Stalin, sɛ katabaakofo no, bɛyɛɛ wɔn a nnipa ɔpedudu a wɔn ankasa manfo ka ho no wu fi wɔn tee anaasɛ ɛnam wɔn so na ɛbae. Nnansa yi ara no, amanaman ntam anaa aman mu ntawntawdi ahorow ama aman te sɛ Vietnam, Kampuchea, Iran, Lebanon ne Ireland ne afei Latin Amerika ne Afrika aman horow mufo ho ‘ahyehye wɔn.’ Nea ɛka eyi ho ne aman akɛse a wɔn nuklea akode betumi ahyew adesamma nyinaa no ntam apereperedi a ɛkɔ so ara no. Nna a edi akyiri yi mu no, wɔama adesamma ho ada hɔ ama “owia” ampa ara, wɔn atumfoɔ a wɔnteɛ no ama wɔn ho ahyehye wɔn. Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anan no a wohwie gu no asi abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow yi so dua, na Onyankopɔn nkurɔfo abɔ no dawuru wɔ asase so nyinaa.

14. Dɛn na Yehowa Adansefo akyerɛ mmere nyinaa sɛ ɛno nkutoo ne adesamma ɔhaw ahorow ano aduru, na dɛn na adesamma nyinaa ayɛ wɔ ho?

14 Yehowa Adansefo akɔ so akyerɛkyerɛ sɛ adesamma nsɛnnennen a ɛhaw adwene no ano aduru biako pɛ ne Onyankopɔn Ahenni a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔnam so bɛtew ne din ho no. (Dwom 83:4, 17, 18; Mateo 6:9, 10) Nanso, ɛkame ayɛ sɛ adesamma nyinaa asiw wɔn aso wɔ ano aduru yi ho. Nnipa bebree a wɔpow Ahenni no ka Onyankopɔn din ho abususɛm nso, sɛnea Farao yɛe bere a ɔpowee sɛ obegye Yehowa amansan tumidi no atom no. (Exodus 1:8-10; 5:2) Esiane sɛ asɔretiafo yi nni Mesia Ahenni no ho anigye biara nti, wɔpaw sɛ wobehu amane wɔ wɔn ankasa adesamma atumfoɔ a wɔhyɛ nnipa so no “owia” a ano yɛ hyew no ase.

Aboa no Ahengua

15. (a) Dɛn so na wohwie kuruwa a ɛto so anum no gu? (b) Dɛn ne “aboa no ahengua no,” na dɛn na ɛwɔ kuruwa a wohwie gu so no mu?

15 Dɛn so na ɔbɔfo a odi hɔ no hwie ne kuruwa no gu? “Na nea ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahengua so.” (Adiyisɛm 16:10a) “Aboa no” ne Satan nniso nhyehyɛe no. Enni ahengua ankasa bi, sɛnea aboa no nyɛ aboa bi ankasa no. Nanso, ahengua din a wɔbɔ no kyerɛ sɛ aboa no adi adesamma so tumi sɛ ɔhene; eyi ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ahemmotiri bɔ aboa no abɛn biara ho no hyia. Nokwarem no, “aboa no ahengua” no ne saa tumi no nnyinaso, anaa ne fibea. * Bible da aboa no tumidi fibea ankasa adi bere a ɛka sɛ “ɔtweaseɛ no de tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa [aboa] no.” (Adiyisɛm 13:1, 2; 1 Yohane 5:19) Enti, nea ɛwɔ kuruwa a wohwie gu aboa no ahengua so no mu ne dawurubɔ a ɛda dwuma ankasa a Satan adi na ɔda so ara di wɔ mmoa a ɔde ma aboa no ne nkɔso a ɔma enya no mu no adi.

16. (a) Hena na amanaman no som no, sɛ wonim anaasɛ dabi no? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Ɔkwan bɛn so na wiase da Satan su adi? (d) Bere bɛn na wobetu aboa no ahengua no agu?

16 Ɔkwan bɛn so na wɔfa kura abusuabɔ a ɛda Satan ne amanaman no ntam yi mu? Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, ɔde wiase ahenni horow no nyinaa kyerɛɛ no anisoadehu mu na ɔkae sɛ “ɔde tumi yi nyinaa ne emu anuonyam” bɛma no. Nanso na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho biribi—na ɛsɛ sɛ Yesu di kan som Satan. (Luka 4:5-7) So yebetumi asusuw ho sɛ wiase nniso horow no de ɛbo a ennu saa na egyee wɔn tumidi no anaa? Dabida. Sɛnea Bible kyerɛ no, Satan ne nneɛma nhyehyɛe yi nyame ma enti, sɛ aman no nim anaasɛ dabi no, wɔsom no. (2 Korintofo 4:3, 4) * Wɔda tebea yi adi wɔ mprempren wiase nhyehyɛe a wɔde si ɔmampɛ, nitan ne ahopɛ adwene hunu so no mu. Wɔhyehyɛ no sɛnea Satan pɛ—sɛ wɔbɛka adesamma ahyɛ ne tumi ase. Nniso mu ɔporɔw, tumipɛ, atoro adɛfɛdɛfɛsɛm, akodeyɛ akansi—eyinom da Satan su bɔne no adi. Wiase no gye Satan gyinapɛn a ɛnteɛ no tom, ma enti ɛde no ayɛ ne nyame. Wobetutu aboa no ahengua no agu bere a wɔtɔre saa aboa no ase na awiei no Onyankopɔn ɔbea no Aseni no de Satan ankasa hyɛ bun mu no.​—Genesis 3:15; Adiyisɛm 19:20, 21; 20:1-3.

Esum ne Ɔyaw a Emu yɛ Den

17. (a) Ɔkwan bɛn so na kuruwa a ɛto so anum no a wohwie gu no fa honhom mu sum a akata aboa no ahengua so mmere nyinaa no ho? (b) Dɛn na nkurɔfo yɛ wɔ Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anum a wohwie gu no ho?

17 Aboa yi ahenni no aka honhom mu sum mu fi ne mfiase pɛɛ. (Fa toto Mateo 8:12; Efesofo 6:11, 12 ho.) Kuruwa a ɛto so anum no de sum yi ho dawuru a wɔbɔ no baguam denneennen no ba. Ɛyɛ ho mfonini mpo, kyerɛ sɛ wohwie Onyankopɔn abufuw kuruwa yi gu sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ahengua no ankasa so. “Na n’ahenni dan sum, na ɛyaw no nti wɔkekaa wɔn tɛkrɛma, na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.”—Adiyisɛm 16:10b, 11.

18. Nsɛdi bɛn na ɛda torobɛnto a ɛto so anum no hyɛn ne Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anum no ntam?

18 Torobɛnto hyɛn a ɛto so anum no nte sɛ Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anum no pɛpɛɛpɛ, esiane sɛ torobɛnto hyɛn no kaa mmoadabi ɔhaw ho asɛm nti. Nanso hyɛ no nsow sɛ bere a wogyaw mmoadabi ɔhaw no mu gui no, owia ne ahunmu duruu sum. (Adiyisɛm 9:2-5) Na yɛkenkan fa mmoadabi a Yehowa de haw Misraim no ho wɔ Exodus 10:14, 15 sɛ: “Wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmae pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyi nso ebi remma saa bio. Na wɔkataa asase no nyinaa ani ma esum duruu asase no so.” Yiw, esum! Ɛnnɛ, wiase honhom mu sum no abɛda adi yiye koraa sɛ ade a efi torobɛnto a ɛto so anum no hyɛn ne Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so anum no a wohwie gu no mu aba. Nkrasɛm a ɛwowɔ a nnɛyi mmoadabi dɔm no ka no de ahoyeraw ne yaw ba abɔnefo a wɔdɔ “sum sen hann no” so.​—Yohane 3:19.

19. Nea ɛne Adiyisɛm 16:10, 11 hyia no, dɛn na Satan a wɔda no adi wɔ baguam sɛ nneɛma nhyehyɛe yi nyame no de ba?

19 Sɛ wiase* sodifo no, Satan de awerɛhow ne amanehunu pii aba. Ɔkɔm, ɔko ahorow, basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, nnubɔne a wɔnom, ɔbrasɛe, nsanyare, nokware a wonni, nyamesom mu nyaatwom—eyinom ne afoforo pii a ɛkeka ho ne nea wɔde hu Satan nneɛma nhyehyɛe no. (Fa toto Galatifo 5:19-21 ho.) Ɛno mpo, Satan ho ntama a wɔpa baguam sɛ ɔne nneɛma nhyehyɛe yi nyame no maa wɔn a wɔtra ase sɛ ne gyinapɛn ahorow te no tee yaw na wɔyɛɛ basaa. “Ɛyaw no nti wɔkekaa wɔn tɛkrɛma,” titiriw no wɔ Kristoman mu. Bebree bo fuw sɛ nokware no da wɔn asetra kwan no adi. Ebinom hu sɛ ɛhaw wɔn, na wɔtaa wɔn a wɔbɔ ho dawuru no. Wɔpow Onyankopɔn Ahenni na wɔka Yehowa din kronkron no ho nsɛmmɔne. Wɔda wɔn ɔsom fam ɔyare ne akisikuru tebea no adi pefee, ma enti wɔka ɔsoro Nyankopɔn no ho abususɛm. Dabi, “wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.” Enti yentumi nhwɛ kwan sɛ nnipa bebree bɛsakra ansa na nneɛma nhyehyɛe yi awiei aba.​—Yesaia 32:6.

Asubɔnten Eufrate Yowee

20. Ɔkwan bɛn so na torobɛnto a ɛto so asia no hyɛn ne kuruwa a ɛto so asia a wohwie gu no nyinaa fa asubɔnten Eufrate ho?

20 Torobɛnto a ɛto so asia no bɔɔ “abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no” a wɔbɛsan wɔn no ho dawuru. (Adiyisɛm 9:14) Abakɔsɛm mu no, na Babilon yɛ kurow kɛse a ɛte asubɔnten Eufrate so. Na 1919 mu no, sɛnkyerɛnne kwan so abɔfo baanan no a wɔsan wɔn kaa Babilon Kɛse no asehwe a ɛkyerɛ biribi no ho bae. (Adiyisɛm 14:8) Ɛnde ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ asubɔnten Eufrate ho asɛm wɔ Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so asia no nso mu: “Na nea ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛse Eufrate mu, na emu nsu yowee, na wɔasiesie ama ahene a wofi owia apuei nohɔ.” (Adiyisɛm 16:12) Eyi nso yɛ asɛmmɔne ma Babilon Kɛse!

21, 22. (a) Ɔkwan bɛn so na asubɔnten Eufrate mu nsu a na ɛbɔ Babilon ho ban no yowee wɔ 539 A.Y.B. mu? (b) Dɛn ne “nsu” a Babilon Kɛse te so no, na ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi reyow mprempren mpo?

21 Bere a tete Babilon wɔ n’ahoɔden kɛse mu no, na Eufrate mu nsu pii no yɛ n’ahobammɔ nhyehyɛe no fã kɛse. Afe 539 A.Y.B. mu no, saa nsu no yowee bere a Persia hene Kores ma wɔdanee ani kɔfaa baabi foforo no. Enti, ɔkwan bue maa Persiani Kores ne Mediani Dario, ahene a wofi “owia apuei nohɔ” no (kyerɛ sɛ, apuei), ma wɔbɛhyɛn Babilon dii so nkonim. Ahokyere bere no mu no, asubɔnten Eufrate antumi ammɔ saa kurow kɛse no ho ban. (Yesaia 44:27–45:7; Yeremia 51:36) Biribi a ɛte saa ara rebɛba nnɛyi Babilon, wiase nyinaa atoro som nhyehyɛe no so.

22 Babilon Kɛse “te nsu pii so.” Sɛnea Adiyisɛm 17:1, 15 kyerɛ no, eyinom yɛ “nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” ho sɛnkyerɛnne—nnipadɔm kɛse a wɔde wɔn ho abɔ ne ho a wabu wɔn sɛ ahobammɔ no. Nanso “nsu” no reyow! Wɔ Europa Atɔe fam no, baabi a kan na ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse no, nnipa ɔpepehaha pii abu wɔn ani agu nyamesom so ma obiara tumi hu. Wɔ nsase afoforo bi so no, mfe pii na wɔhyɛɛ mmara bi a wɔpɛe sɛ wɔde sɛe nkɛntɛnso a nyamesom wɔ no. Nnipa pii a wɔwɔ saa nsase no so no nsɔre nnyinae sɛ wobedi ama no. Saa ara nso na sɛ bere du sɛ wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no a, wɔn a wɔde wɔn ho bata ho a wɔn dodow so kɔ so huan no rentumi mmɔ ne ho ban koraa. (Adiyisɛm 17:16) Ɛwom sɛ Babilon Kɛse no kyerɛ sɛ ɛwɔ asɔre mma ɔpepem pii de, nanso ebehu sɛ enni ahobammɔ biara “ahene a wofi owia apuei” no anim.

23. (a) Na henanom ne ahene a wofi “owia puei” wɔ 539 A.Y.B. mu no? (b) Henanom ne “ahene a wofi owia puei” Awurade da no mu no, na ɔkwan bɛn so na wɔnam bɛsɛe Babilon Kɛse no?

23 Henanom ne ahene yi? Wɔ 539 A.Y.B. mu no, na wɔne Mediani Dario ne Persiani Kores a Yehowa de wɔn dii dwuma de dii tete Babilon kurow no so nkonim no. Awurade da yi mu no, atumfo a wɔyɛ adesamma na wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no atoro nyamesom nhyehyɛe no nso. Na bio, eyi bɛyɛ ɔsoro atemmu. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a wɔne “ahene a wofi owia apuei” no de “adwene” no bɛhyɛ atumfo a wɔyɛ adesamma no koma mu na wɔadan wɔn ho akɔ Babilon Kɛse no so asɛe no pasaa. (Adiyisɛm 17:16, 17) Kuruwa a ɛto so asia a wohwie gu no bɔ no dawuru wɔ baguam sɛ bere adu sɛ wobebu saa atɛn yi!

24. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔabɔ nea ɛwɔ Yehowa abufuw nkuruwa asia a edi kan no mu no ho dawuru, na dɛn na afi mu aba? (b) Ansa na Adiyisɛm reka yɛn Onyankopɔn abufuw kuruwa a aka no ho asɛm no, dɛn na ɛda no adi?

24 Yehowa abufuw nkuruwa asia a edi kan yi kura nkrasɛm bi a anibere wom. Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so a abɔfo boa wɔn abɔ emu nsɛm no ho dawuru wɔ wiase nyinaa. Ɔkwan yi so no, wɔabɔ Satan wiase nhyehyɛe no mu afã horow nyinaa kɔkɔ sɛnea ɛfata, na Yehowa de hokwan ama ankorankoro ma wɔadan akɔ trenee ho na wɔakɔ so atra ase. (Hesekiel 33:14-16) Onyankopɔn abufuw kuruwa no biako da so ara wɔ hɔ. Nanso ansa na Adiyisɛm reka ho asɛm akyerɛ yɛn no, ɛda sɛnea Satan ne n’asase so adwumayɛfo rebɔ mmɔden sɛ wobesiw Yehowa atemmu horow a wɔka kyerɛ no ano no adi.

Anoboaboa Kɔ Harmagedon

25. (a) Dɛn na Yohane ka kyerɛ yɛn wɔ ‘nsɛm a efi honhom mu’ a ɛte sɛ mpɔtorɔ a ɛho ntew ho? (b) Ɔkwan bɛn so na biribi a ɛyɛ abofono a ɛte sɛ mpɔtorɔ a ɛne ‘nsɛm a efi honhom mu a ɛho ntew’ a aba wɔ Awurade da no mu, na dɛn na afi mu aba?

25 Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihuu ahonhom fĩ abiɛsa a wɔte sɛ mpɔtorɔ sɛ wofi ɔtweaseɛ no anom ne aboa no anom ne atoro diyifo no anom. Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahene nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:13, 14) Mose bere so no, Yehowa de mpɔtorɔ a wɔn ho yɛ nwini haw Farao man Misraim, ma enti “asase no so bɔnee.” (Exodus 8:5-15) Awurade da no mu nso no, biribi a ɛyɛ abofono a ɛte sɛ mpɔtorɔ aba, nanso efi baabi foforo. Nea ɛwom ne Satan “ahonhom fi,” a ɛyɛ nnaadaasɛm a wɔde bɛdaadaa adesamma atumfoɔ, “ahene” nyinaa ma wɔasɔre atia Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne. Satan nam saayɛ so ma Onyankopɔn abufuw nkuruwa a wohwie gu no mma wɔnsakra wɔn adwene, na mmom wɔagyina Satan afa pintinn bere a “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko no” fi ase no.

26. (a) Mmeae abiɛsa bɛn na Satan nnaadaasɛm fi? (b) Dɛn ne “atoro diyifo” no, na yɛyɛ dɛn hu?

26 Nnaadaasɛm no fi “ɔtweaseɛ” (Satan) ne “aboa” (Satan asase so amammui nhyehyɛe) a ɛyɛ abɔde a yɛate wɔn ho asɛm dedaw wɔ Adiyisɛm mu no. Nanso, dɛn ne “atoro diyifo” no? Ne din no nkutoo na ɛyɛ foforo. Wɔadi kan akyerɛ yɛn aboa bi a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa a ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne akɛse aboa a ɔwɔ ti ason no anim no. Abɔde ɔdaadaafo yi yɛɛ ade te sɛ odiyifo maa saa aboa no. Ɛhyɛe sɛ wɔnsom aboa no, na ɛma wɔyɛɛ ne ho honi mpo. (Adiyisɛm 13:11-14) Aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa yi ara ne “atoro diyifo” a wɔbɔ ne din wɔ ha no. Nea esi eyi so dua no, akyiri yi yɛkenkan sɛ, te sɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa a ɔwɔ mmɛn abien no, atoro diyifo no “yɛɛ [aboa a ɔwɔ ti ason no anim] nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no.”—Adiyisɛm 19:20.

27. (a) Kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de bɛn na Yesu Kristo ankasa de ma? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae bere a na ɔwɔ asase so no? (d) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo tii Yesu kɔkɔbɔ no mu kae?

27 Esiane sɛ Satan nnaadaa adɔɔso bebree nti, nsɛm a edi hɔ a Yohane kyerɛw to hɔ no yɛ nea aba wɔ ne bere mu ampa: “Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.” (Adiyisɛm 16:15) Hena na ɔba “sɛ owifo” no? Yesu ankasa na ɔreba mpofirim sɛ Yehowa Ɔbrafo. (Adiyisɛm 3:3; 2 Petro 3:10) Bere a Yesu da so wɔ asase so no, ɔno nso de ne ba no totoo owifo ba ho, se: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba. Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa Ba no reba.” (Mateo 24:42, 44; Luka 12:37, 40) Ɔsomafo Paulo reti kɔkɔbɔ yi mu aka no, ɔkae sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Satan na ɔma amanaman no ka “asomdwoe ne ahotɔ” atosɛm a ɛte saa biara no!—1 Tesalonikafo 5:2, 3.

28. Wiase nhyɛso horow a wɔbɛko atia ho kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae, na dɛn ne “da no” a Kristofo mpɛ sɛ ɛba wɔn so “sɛ afiri” no?

28 Yesu bɔɔ nhyɛso a wiase yi a nnaadaasɛm wom pii no de bɛba Kristofo so no ho kɔkɔ nso. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri . . . . Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa Ba no anim.” (Luka 21:34-36) “Da no” ne “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no.” (Adiyisɛm 16:14) Bere a Yehowa amansan tumidi ho a wɔbɛsan “da no” rebɛn no, asetra mu dadwen ano a wobegyina no mu kɔ so yɛ den. Ɛho hia sɛ Kristofo ani da wɔn ho so na wɔwɛn, na wɔn ani da hɔ kosi sɛ saa da no bedu.

29, 30. (a) Dɛn na Yesu kɔkɔ a ɔbɔe sɛ wɔn a wobehu sɛ wɔda no “ntade” befi wɔn nsa ma wɔn anim agu ase no kyerɛ? (b) Ntade no da nea ɔhyɛ no adi sɛ ɔyɛ dɛn? (d) Ɔkwan bɛn so na obi nam betumi ama ne sɛnkyerɛnne kwan so ntade no afi ne nsa, na dɛn na ebefi mu aba?

29 Nanso, dɛn na wɔde kɔkɔbɔ a ɛne sɛ wɔn a wobehu wɔn sɛ wɔreda no “ntade” befi wɔn nsa ma wɔn ani awu no kyerɛ? Tete Israel no, na asɛyɛde a emu yɛ duru da ɔsɔfo anaasɛ Lewini a ɔwɛn wɔ asɔrefi hɔ no so. Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Yudafo ho nsɛm ka kyerɛ yɛn sɛ sɛ wɔkyere obi sɛ ɔreda bere a ɔyɛ adwuma a ɛte saa no a, wobetumi aworɔw ne ntade afi ne ho ahyew ma n’anim agu ase wɔ baguam.

30 Ɛha no, Yesu bɔ kɔkɔ sɛ biribi a ɛte saa betumi aba nnɛ. Asɔfo ne Lewifo no yɛɛ Yesu nuanom a wɔasra wɔn no ho mfonini. (1 Petro 2:9) Nanso Yesu kɔkɔbɔ no mu trɛw ka nnipakuw kɛse no nso. Atade a wɔkaa ho asɛm wɔ ha no da nea ɔhyɛ no adi sɛ Yehowa Dansefo Kristoni. (Fa toto Adiyisɛm 3:18; 7:14 ho.) Sɛ ebinom ma kwan ma Satan wiase no mu ɔhaw ahorow daadaa wɔn ma wɔda anaa wɔyɛ mmerɛw a, ebetumi aba sɛ wɔn ntade yi befi wɔn nsa—ɔkwan foforo so no, wɔn ahotew sɛ Kristofo no befi wɔn nsa. Tebea a ɛte saa bɛyɛ aniwu. Ɛde obi bɛto asiane a ɛne sɛ ɔbɛyera koraa mu.

31. (a) Adiyisɛm 16:16 si hia a ɛho hia sɛ Kristofo ani da wɔn ho so no so dua dɛn? (b) Dɛn na nyamesom akannifo binom aka wɔ Har-magedon ho?

31 Bere a Adiyisɛm nkyekyem a edi so no mmamu no rebɛn no, hia a ehia sɛ Kristofo ani da hɔ no mu bɛyɛ den koraa bio: “Na [nsɛm a ahonhommɔne ka] boaboaa [asase so ahene, anaa atumfo no] ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.” (Adiyisɛm 16:16) Din yi a wɔtaa yɛ no Armagedon no pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu. Nanso akanyan adesamma adwene. Wiase mpanyimfo abɔ nuklea Harmagedon a ebetumi aba ho kɔkɔ. Afei nso, wɔde Harmagedon ka tete Megido kurow a na ɛyɛ baabi a wɔkɔɔ ɔsa a etwa to ahorow wɔ Bible mmere mu no ho asɛm, ma enti nyamesom akannifo binom aka sɛ saa beae ketewaa no na wɔbɛko asase so ko a edi akyiri. Eyi mu no, wɔatere nokware no ho koraa.

32, 33. (a) Sɛ anka ɛbɛyɛ beae ankasa bi mmom no, dɛn na edin Harmagedon, anaa Armagedon, no gyina hɔ ma? (b) Bible mu nsɛm afoforo bɛn na ɛte sɛ “Harmagedon” anaasɛ ɛne no bɔ abusua? (d) Bere bɛn na bere dui sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hwie Onyankopɔn abufuw kuruwa a edi akyiri no gu?

32 Edin Harmagedon no ase ne “Megido Bepɔw.” Sɛ anka ɛbɛyɛ beae ankasa bi mmom no, egyina hɔ ma wiase tebea bi a wɔboaboa amanaman nyinaa ano kɔ mu de sɔre tia Yehowa Nyankopɔn a awiei koraa no ɔbɛsɛe wɔn wɔ hɔ. Eyi fa asase mu yi nyinaa ho. (Yeremia 25:31-33; Daniel 2:44) Ɛte sɛ “Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse no” ne “atemmu bon” anaasɛ “Yehosafat bon,” baabi a wɔboaboa amanaman no ano ma Yehowa sɛe wɔn no. (Adiyisɛm 14:19; Yoel 3:12, 14) Ɛfa “Israel asase no” baabi a wɔsɛe Gog a ofi Magog no Satan dɔm no ne beae a ɛda “ɛpo ne bepɔw Fɛfɛ kronkron no ntam,” nea kusuu fam hene no ba “n’awiei” ɔbapɔmma kɛse, Mikael nsam no nso ho.​—Hesekiel 38:16-18, 22, 23; Daniel 11:45–12:1.

33 Bere a wɔde atosɛm a egyigye te sɛ mpɔtorɔ su a efi Satan ne n’asase so adwumayɛfo no hɔ no aka amanaman no akɔ tebea yi mu no, na bere adu sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hwie Onyankopɔn abufuw kuruwa a edi akyiri no gu.

“Wɔawie!”

34. Dɛn so na ɔbɔfo a ɔto so ason no hwie ne kuruwa no gu, na asɛm bɛn na wɔte fi “asɔredan no mu, fi ahengua no mu”?

34 “Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie.”—Adiyisɛm 16:17.

35. (a) Dɛn ne Adiyisɛm 16:17 mu “ahunum” no? (b) Bere a ɔbɔfo a ɔto so ason no hwie ne kuruwa no gu no, dɛn na ɔda no adi?

35 “Ahunum” no ne ade a ɛma wonya nkwa a edi akyiri a wɔhaw no. Nanso eyi nyɛ ahunum ankasa yi. Hwee nni ahunum ankasa yi ho a ɛma ɛfata sɛ Yehowa bu no fɔ, sɛnea nso hwee nni asase ankasa, ɛpo, nsu pa fibea ahorow anaa owia ho a ɛfata sɛ enya Yehowa nsam atemmu no. Mmom no, eyi ne “wim” a na Paulo reka ho asɛm bere a ɔfrɛɛ Satan sɛ “wim tumi no panyin” no. (Efesofo 2:2) Ɛno ne Satan ‘mframa’ a wiase home nnɛ, honhom, anaa adwene a nnipa nyinaa kura, a ɛyɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi su, Satan adwene a ɛka asetra mu nneɛma a ɛwɔ Yehowa ahyehyɛde akyi nyinaa no. Enti bere a ɔbɔfo a ɔto so ason no hwie ne kuruwa no gu ahunum no, na ɔreda Onyankopɔn abufuw a etia Satan, n’ahyehyɛde no ne biribiara a ɛka adesamma ma wɔboa Satan wɔ Yehowa amansan tumidi a obu no animtiaa no mu no adi.

36. (a) Dɛn na ɔhaw ahorow ason no yɛ? (b) Yehowa asɛm a ɔkae sɛ: “Wɔawie!” no kyerɛ dɛn?

36 Eyi ne ɔhaw ahorow asia a edii kan no ka bom yɛ Yehowa atemmu ahorow a etia Satan ne ne nhyehyɛe no nyinaa. Ɛyɛ Satan ne n’aseni no sɛe ho dawurubɔ. Bere a wohwie kuruwa a edi akyiri yi gu no, Yehowa ankasa ka sɛ: “Wɔawie!” Hwee nni hɔ a wɔbɛka bio. Bere a wɔaka Onyankopɔn abufuw nkuruwa no mu nsɛm no akyerɛ ma Yehowa bo atɔ ne yam no, ɔrentwentwɛn n’atemmu ahorow a nkrasɛm ahorow yi bɔ no dawuru no ho dwumadi ase.

37. Yohane ka nea ɛba bere a wohwie Onyankopɔn abufuw kuruwa a ɛto so ason no gu no akyi ho asɛm dɛn?

37 Yohane toa so sɛ: “Na anyinam ne nne ne aprannaa bae, na asasewosow kɛse a efi bere a nnipa baa asase so no wonhuu so asasewosow kɛse saa pɛn ɛ bae. Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babilon kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma n’abufuw a emu yɛ den no nsã kuruwa. Na nsupɔw nyinaa guanguanee, na wɔanhu mmepɔw bi bio. Na asukɔtweaa akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo fi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw no nti nnipa kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ ɔhaw no sõ kɛse.”—Adiyisɛm 16:18-21.

38. Dɛn na wɔde (a) “asasewosow kɛse,” (b) nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “kurow kɛse,” Babilon Kɛse no mu pae “afaafa abiɛsa,” (d) nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “nsupɔw nyinaa guanee, na wɔanhu mmepɔw,” (e) “asukɔtweaa no haw” no yɛ ho sɛnkyerɛnne?

38 Yehowa di adesamma ho dwuma a mfomso biara nni mu bio, wɔde “anyinam ne nne ne aprannaa” na ɛyɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. (Fa toto Adiyisɛm 4:5; 8:5 ho.) Wɔbɛwosow adesamma ɔkwan bi a ɛmmaa saa pɛn so, te sɛ nea asasewosow a ɛsɛe ade na ayɛ. (Fa toto Yesaia 13:13; Yoel 3:16 ho.) Ɔwosow a ɛpae abotan yi bɛbobɔ kurow kɛse, Babilon kɛse no, ma enti ɛpae “afaafa abiɛsa” a ɛyɛ sɛnea ɛbɛhwe ase asɛe koraa a wontumi mma so bio no ho sɛnkyerɛnne. Afei, “amanaman no nkurow no” bɛhwehwe ase. “Nsupɔw nyinaa” ne “mmepɔw”—nhyehyɛe ne ahyehyɛde ahorow a ɛte sɛ nea ɛbɛtra hɔ daa wɔ nhyehyɛe yi mu no—ase begu. “Asukɔtweaa akɛse,” a ɛkyɛn nea ɛbaa Misraim so ɔhaw a ɛto so ason no mu no koraa a ebiara mu duru bɛyɛ sɛ dwetikɛsebo no bɛbobɔ adesamma yayaaya. * (Exodus 9:22-26) Ɛda adi sɛ nsu a akyen a wohwie gu de twe nnipa aso yi yɛ Yehowa atemmu ahorow a wɔde ano ka kyerɛ a emu yɛ den mmoroso a ɛkyerɛ sɛ afei nneɛma nhyehyɛe yi awiei adu no ho mfonini! Yehowa betumi de asukɔtweaa ankasa nso adi dwuma wɔ ɔsɛe adwuma a ɔbɛyɛ no mu.​—Hiob 38:22, 23.

39. Ɔhaw ason a wohwie gu no nyinaa akyi no, adesamma dodow no ara bɛfa ɔkwan bɛn so?

39 Saa kwan yi so na Yehowa trenee atemmu nam bɛba Satan wiase no so. Adesamma mu dodow no ara bɛkɔ so atwa Onyankopɔn mpoa aka ne ho abususɛm akodu awiei. Sɛnea ɛyɛe tete Farao ho no, ɔhaw a ɛba ntoatoaso anaa saa ɔhaw ahorow no mu nea edi akyiri a ɛde owu ba no rennwudwo wɔn koma. (Exodus 11:9, 10) Koma a awiei koraa nnipa pii bɛsakra biara remma. Wɔde ahome a edi akyiri a wobegu de awu no bɛkasa atia Onyankopɔn a ɔka sɛ: ‘Wobehu sɛ me ne Yehowa’ no. (Hesekiel 38:23) Nanso, na wɔasan Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no amansan tumidi no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Sɛ nneɛma a nkwa nni mu a edi dwuma sɛ adansefo anaasɛ adanse ho nhwɛso no, fa Genesis 4:10; 31:44-53; Hebrifo 12:24 toto ho.

^ nky. 15 “Ahengua” a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no pue wɔ nsɛm a wɔka kyerɛɛ Yesu nkɔmhyɛ kwan so no mu: “Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daa daa.” (Dwom 45:6) Yehowa ne Yesu ahenni tumidi no fibea anaa ne nnyinaso.

^ nky. 38 Sɛ na Helafo talente na ɛwɔ Yohane adwene mu a, na asukɔtweaa no biara mu duru bɛyɛ nkaribo 45. Ɛbɛyɛ asukɔtweaa a ɛtɔ sɛe ade.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 221 adaka]

“Guu Asase So”

Yohane kuw no de nsɛm te sɛ nea edidi so yi abɔ “asase” ho abufuw a Yehowa afa no dawuru:

“Mfehaha pii a amammui akuw de abɔ mmɔden akyi no, wɔada wɔn ho adi sɛ wontumi nyɛ mprempren tebea horow no ho hwee na wontumi nhu nsɛnnennen a ɛhaw adwene no ano. Sɛ sikasɛm mu abenfo ne aman mpanyimfo hwehwɛ asɛm no mu a, wohu sɛ wontumi nyɛ ho hwee.”—Millions Now Living Will Never Die, 1920, kratafa 61.

“Nniso biara nni asase so nnɛ a etumi yɛ nea ehia wiase no fã kɛse no ara. Katabaakofo na wodi aman pii so. Ɛkame ayɛ sɛ wiase nyinaa abɔ ka.”—A Desirable Government, 1924, kratafa 5.

“Nneɛma nhyehyɛe yi a wɔde bɛba awiei . . . ne ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so ayi nnebɔne afi wiase na wɔama kwan ma asomdwoe ne trenee ase afɛe.”—“Ahenni ho Asɛmpa Yi,” 1954, kratafa 25.

“Mprempren wiase nhyehyɛe yi de bɔne, amumɔyɛ ne Onyankopɔn ne n’apɛde anim atuatew a ɛdɔɔso na ada ne ho adi. . . . Wontumi nsakra no mma ɛnyɛ yiye. Enti ɛsɛ sɛ efi hɔ kɔ!”—The Watchtower, November 15, 1981, kratafa 6.

[Kratafa 223 adaka]

“Guu Po no Mu”

Nea edidi so yi yɛ nsɛm a Yohane kuw a wɔka Onyankopɔn abufuw tia adesamma amumɔyɛfo a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho atuatew “po” a ɛnnwo da no tintimii no kakraa bi:

“Ɔman biara ho abakɔsɛm kyerɛ sɛ ntawntawdi aba akuw horow ntam. Nnipa kakraa bi sɔre tia dodow no. . . . Ntawntawdi yi akowie ɔman anidan bebree, amanehunu akɛse ne mogyahwiegu bebree mu.”—Government, 1928, kratafa 244.

Wiase foforo no mu no, “amumɔyɛfo atuatewfo a wɔn ho nnwo no sɛnkyerɛnne kwan so ‘po’ a emu na sɛnkyerɛnne kwan so aboa no fi bae bere tenten ni a Ɔbonsam de adi dwuma no rentra hɔ bio.”—The Watchtower, September 15, 1967, kratafa 567.

“Mprempren adesamma abusua no yare honhom fam. Yɛn mu biara rentumi nnye no, efisɛ Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ ne yare no de no bɛkɔ owu mu.”—True Peace and Security—From What Source?, 1973, kratafa 131.

[Kratafa 224 adaka]

“Guu Nsubɔnten ne Asuti Mu”

Ɔhaw a ɛto so abiɛsa no apa nsubɔnten ne asuti no ho ntama denam nsɛm a ɛte sɛ nea edidi so yi so:

“Asɔfo a wɔka sɛ wɔne [Kristo] nkyerɛkyerɛ ahorow ho akyerɛkyerɛfo no atew ɔko ho na wɔayɛ ade kronkron. Ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔde wɔn mfonini ne ahoni ahorow bɛka akofo mogyapɛfo de ho asisi faako.”—The Watch Tower, September 15, 1924, kratafa 275.

“Nea ahonhonsɛm gyina so ne atoro kɛse a ɛne owu akyi asetra ne ɔdesani kra a enwu da no.”—Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ “Owu Akyi Asetra Ho?,” 1955, kratafa 51.

“Adesamma nyansapɛ ahorow, wɔn a wɔde amammui adwene horow ba, asetra mu nhyehyɛeyɛfo, sikasɛm ho afotufo ne nyamesom atetesɛm akyigyinafo ntumi mfaa ɔhome a ɛma nkwa ankasa biara mmae . . . nsu a ɛtete saa no ama wɔn a wɔnom no abu Ɔbɔadeɛ no mmara a ɛfa kronn a mogya yɛ ho no so mpo na wɔde wɔn ho hyɛ nyamesom ɔtaa ahorow mu.”—Tirimbɔ a wogye too mu wɔ “Daa Asɛmpa” Amanaman Ntam Nhyiam no ase, 1963.

“Ɛnyɛ nyansahu kwan so nkwagye na mmom adesamma abusua no sɛe ne ade a wɔbɛhwɛ kwan afi onipa ankasa hɔ. . . . Yentumi mfa yɛn ho nto wiase adwene ho adenimfo ne adwene ho ayaresafo no nyinaa so sɛ wɔbɛsakra adesamma kwan a wɔfa so dwen no . . . yentumi mfa yɛn ho nto amanaman ntam polisifo dɔm bi a wɔbɛhyehyɛ so . . . na ama asase ayɛ baabi a eye sɛ wɔtra.”—Saving The Human Race—In The Kingdom Way, 1970, kratafa 5.

[Kratafa 225 adaka]

“Guu Owia So”

Bere a adesamma tumidi “owia” ‘ahyehye’ adesamma wɔ Awurade da no mu no, Yohane kuw no de nsɛm a ɛte sɛ nea edidi so yi atwe adwene asi nea ɛrekɔ so no so:

“Ɛnnɛ, Hitler ne Mussolini, katabaakofo a wɔde wɔn ho asi hɔ no, haw wiase nyinaa asomdwoe, na Roman Katolek Mpanyimfo kuw no gyina wɔn akyi koraa wɔ ahofadi a wɔsɛe no no mu.”—Fascism or Freedom, 1939, kratafa 12.

“Abakɔsɛm mu nyinaa no, ɔkwan a adesamma katabaakofo afa so ne sɛ di so tumi anaa sɛe no! Nanso ahyɛde a Onyankopɔn Hene a ɔde no asi agua so, Yesu Kristo, de bedi dwuma wɔ asase so nyinaa ne, ma wonni wo so anaa ma wɔnsɛe wo.”—When All Nations Unite Under God’s Kingdom, 1961, kratafa 23.

“Efi 1945 mu no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 25 wɔ ɔko ahorow bɛyɛ 150 a wɔako wɔ asase so nyinaa no mu.”—The Watchtower January 15, 1980, kratafa 6.

“Amanaman a wɔwɔ wiase nyinaa . . . amanaman ntam asɛyɛde anaa abrabɔ mmara ahorow ho asɛm mfa wɔn ho koraa. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nea wɔpɛ no, aman binom te nka sɛ wodi bem koraa sɛ wɔbɛfa ɔkwan biara a wosusuw sɛ ehia so—okunkɛse, awudi, wimhyɛn a wogye no tumi so wɔ wim, ɔtopae a wɔtoto ne ade . . . amanaman no benya wɔn ho wɔn ho koma wɔ nkwaseasɛm ne nnebɔne a ɛtete saa mu akosi bere bɛn?”—The Watchtower, February 15, 1985 kratafa 4.

[Kratafa 227 adaka]

“Aboa no Ahengua So”

Yehowa Adansefo apa aboa no ahengua no ho ntama na wɔde saa nsɛm yi abɔ fɔ a Yehowa abu no no ho dawuru:

“Ahonhommɔne akɛntɛn amanaman no atumfoɔ ne amammui akwankyerɛfo so na wɔde wɔn retu aprenten a wontumi nsiw ano de wɔn akɔ owu mu wɔ ɔko a etwa to no mu wɔ Harmagedon.”—After Armageddon—God’s New World, 1953, kratafa 8.

“Adesamma nniso a ɛnyɛ teokrase kwan so de ‘aboa’ no nyaa n’ahoɔden, tumi ne ahengua fii Ɔtweaseɛ no hɔ. Enti ɛsɛ sɛ edi n’akwankyerɛ, Ɔtweaseɛ no akwankyerɛ akyi.”—After Armageddon—God’s New World, 1953, kratafa 15.

“Amanaman no betumi ahu wɔn ankasa ho wɔ . . . Onyankopɔn Tamfo Kɛse, Satan Ɔbonsam, afa nkutoo.”—Tirimbɔ a wogye too mu wɔ “Ɔsoro Nkonimdi” Amanaman Ntam Nhyiam, 1973, no ase.

[Kratafa 229 adaka]

“Emu Nsu Yowee”

Mprempren mpo, mmoa a Babilon nyamesom nya no resa wɔ mmeae pii, a ɛkyerɛ nea ɛbɛba bere a “ahene a wofi owia apuei” no bɛtoa no no.

“Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ ɔman no mu nyinaa ma wohui sɛ nnipa a wɔte [Thailand] nkurow akɛse mu no mu ɔha biara mu nkyem 75 nkɔ Budhafo asɔredan ahorow mu nkotie asɔre a wɔyɛ no koraa, bere a wɔn a wɔwɔ nkuraase a wɔkɔ asɔredan ahorow no mu no so kɔ so huan ara kodu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 50.”—Bangkok Post, September 7, 1987, kratafa 4.

“Nkonyaa no afi Taosom mu wɔ [China] asase no so baabi a wofii ase bɛyɛ mfe mpem abien ni no. . . . Nneɛma a wɔde yi nkonyaa a wɔne wɔn nananom nam so nyaa nnipa pii bedii wɔn akyi a afi wɔn nsa no nti, asɔfodi kuw no mufo hu sɛ wonnya nnipa a wobesi wɔn ananmu, eyi ma wohu sɛ Taosom, sɛ gyidi a wɔahyehyɛ no, begu koraa wɔ asase no so.”—The Atlanta Journal and Constitution, September 12, 1982, kratafa 36-A.

“Japan . . . yɛ wiase no mu mmeae a asɛmpatrɛwfo a wofi aman horow so kɔ hɔ kɛse no mu biako, bɛyɛ 5,200, nanso . . . nea ennu ɔman no mufo ɔha biara mu nkyem biako na wɔyɛ Kristofo. . . . Fransiska kuw no mu sɔfo bi a wayɛ adwuma wɔ ha fi 1950 mfe no mu no . . . gye di sɛ asɛmpatrɛwfo a wofi aman horow so no bere asa wɔ Japan.”—The Wall Street Journal, July 9, 1986, kratafa 1.

Wɔ England wɔ mfe aduasa a atwam no mu no, “wɔatoto Anglikan asɔredan 16,000 no mu bɛyɛ 2,000 mu esiane sɛ wɔmmfa nni dwuma nti. Asɔrekɔ aba fam koraa sen biara wɔ aman a wose wɔyɛ Kristofo no mu. . . . [Durham Ɔsɔfo Panyin] kae sɛ mprempren England nyɛ Kristofo man sɛnea na ɛte no bio.”—The New York Times, May 11, 1987, kratafa A4.

“Wɔ nnɔnhwerew pii a wɔde gyee akyinnye anibere so akyi no, [Greece] Mmarahyɛ bagua no apene mmara no so nnɛ, ma atumi ayɛ yiye ama Sohyialism Nniso no sɛ egye Hela Ortodoks Asɔre nsase akɛse no. . . . Afei mmara ma wɔn a wɔnyɛ asɔfo tumi sɛ wɔyɛ asɔre no bagua ahorow ne boayikuw a asɛyɛde da wɔn so sɛ wɔhwɛ asɔre no nnwuma a wɔde sika pii ahyem te sɛ ahɔhodan ahorow, mmeae a wɔpae abo ne nnwumayɛbea no mufo.”—The New York Times, April 4, 1987, kratafa 3.

[Kratafa 222 mfonini]

Onyankopɔn abufuw nkuruwa anan a edi kan no de ɔhaw ahorow a ɛte sɛ nea torobɛnto anan a edi kan no hyɛn de bae no ba

[Kratafa 226 mfonini]

Kuruwa a ɛto so anum no daa aboa no ahengua no adi sɛ ɛne tumi a Satan de ama aboa no?

[Kratafa 231 mfonini ahorow]

Adaemone nnaadaasɛm reboaboa asase so atumfoɔ ano akɔ tebea pɔtee bi mu, Harmagedon, baabi a wobehwie Yehowa atemmu agu wɔn so

[Kratafa 233 mfonini]

Ɛsɛ sɛ Yehowa trenee atemmu ho dwumadi ba wɔn a “Satan ahunum” a asɛe no aka wɔn no so