Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsa Ɔbarima Bi a N’ani Afura Fi N’awo mu Yare

Ɔsa Ɔbarima Bi a N’ani Afura Fi N’awo mu Yare

 Ti 70

Ɔsa Ɔbarima Bi a N’ani Afura Fi N’awo mu Yare

BERE a Yudafo no bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Yesu abo no, wamfi Yerusalem. Akyiri yi, wɔ homeda no bere a ɔne n’asuafo no nenam kurow no mu no, wohuu ɔbarima bi a n’ani afura fi n’awo mu. Asuafo no bisa Yesu sɛ: “Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi?”

Te sɛ rabifo binom no, na asuafo no gye di sɛ obi a ɔwɔ ne na awotwaa mu betumi ayɛ bɔne. Nanso Yesu bua sɛ: “Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu.” Na ɔbarima no anifurae no nnyɛ bɔne pɔtee bi a ɔno anaasɛ n’awofo ayɛ ho amanehunu. Nea efii bɔne a onipa a odi kan Adam yɛe mu bae ne sɛ nnipa nyinaa nyɛ pɛ, enti wobetumi adi dɛm te sɛ onifuraefo a obi bɛyɛ fi awo mu. Afei ɔbarima yi dɛm a wadi no ama Yesu anya hokwan a ɔde bɛma Onyankopɔn nnwuma ada adi.

Yesu si hia a ehia sɛ wɔyɛ saa nnwuma yi so dua: “Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wɔ hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma.” Ɔka sɛ: “Anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma. Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.” Ɛrenkyɛ biara, Yesu wu no de no bɛkɔ ɔdamoa mu sum mu beae a ɔrentumi nyɛ hwee. Nanso ansa na eyi bɛba no, ɔyɛ anibuei fibea ma wiase no.

Bere a waka eyinom akyi no, Yesu fe ntasu to fam na ɔde fɔtɔw dɔte. Ɔde eyi yɛ ɔbarima no aniwa na ɔka sɛ: “Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu.” Ɔbarima no tie. Na bere a ɔyɛ saa no, otumi hu ade! Hwɛ sɛnea n’ani agye bere a ɔsan ba a ohu ade nea edi kan wɔ n’asetra mu no!

Afipamfo ne wɔn a wonim no no ho dwiriw wɔn. Wobisa sɛ: “Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no?” Ebinom bua sɛ: “Ɔno ni! Nanso ebinom nnye nni: “Ɔte sɛ ɔno. Na n’ankasa se: Mene no.”

Nkurɔfo no bisa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na w’ani buei?”

“Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade.”

Wobisae sɛ: “Ɔwɔ he?”

Obuae sɛ: “Minnim.”

Afei nkurɔfo no de nea anka n’ani afura no kɔ wɔn nyamesom mu akannifo Farisifo no nkyɛn. Wɔn nso wobisa no nea ɛyɛe a otumi hu ade afei. Ɔbarima no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Dɔte na ɔde sraa m’ani so, na mekɔhohoroo so, na mihu ade yi.”

Nokwarem no, na anka ɛsɛ sɛ Farisifo no ne ɔdesrɛfo a wɔasa no yare no ani gye! Nanso wɔkasa tia Yesu mmom. Wɔka sɛ: “Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn.” Dɛn nti na wɔka eyi? “Efisɛ onni homeda.” Nanso Farisifo afoforo ka sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi?” Enti mpaapaemu ba wɔn mu.

Enti, wobisa ɔbarima no sɛ: “Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho?” Obua sɛ: “Ɔyɛ odiyifo.”

Farisifo no pow sɛ wobegye eyi adi. Wogyedi sɛ kokoam nhyehyɛe bi wɔ Yesu ne ɔbarima yi ntam a wɔde redaadaa nkurɔfo no. Enti nea ɛbɛyɛ na wɔahu asɛm no mu no, wɔfrɛ ɔbarima no awofo na wɔabisabisa wɔn nsɛm. Yohane 8:59; 9:1–18.

▪ Dɛn na ɛmaa ɔbarima no ani furae, na ɛnyɛ dɛn na ɛma efurae?

▪ Adesae bɛn na obiara rentumi nyɛ adwuma wom no?

▪ Bere a wɔsaa ɔbarima no yare no, wɔn a wonim no no yɛɛ wɔn ade dɛn?

▪ Ɔkwan bɛn so na mpaapaemu baa Farisifo no mu wɔ ɔbarima no a wɔsaa no yare no ho?