Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nni no a Wɔpere Hwehwɛ

Nni no a Wɔpere Hwehwɛ

Ti 6

Nni no a Wɔpere Hwehwɛ

1. (a) Ɛdefa nniso ho no, dɛn na Yehowa de ma a ɛne nea nnipa de ama no bɔ abira? (b) Dɛn nti na yebetumi de yɛn asetra agyina Onyankopɔn Asɛm so a yensuro?

SƐ WƆDE biribi a ɛyɛ akɔnnɔ ma wo a, dɛn na woyɛ? Wonteɛ wo nsa nnye anaa? Hwɛ, Yehowa Nyankopɔn de daa nkwa wɔ nniso bi a ɛyɛ pɛ ase mu hokwan rema wo. Ɛyɛ nokware sɛ nnɛ nniso mu no, amammuifo pii nni nokware na wɔn bɔhyɛ ahorow taa yɛ nsɛnhunu. Nnipa a wokura adwempa mpo ada wɔn ho adi sɛ wontumi nkwati Onyankopɔn tumidi mfa nniso pa mma. (Mmebusɛm 20:24) Nanso bere a abɛsen yi nyinaa Onyankopɔn kɔ so yɛ nneɛma a ɔnam so de n’Ahenni nniso a ɛyɛ pɛ no besi hɔ, na ɔto nsa frɛ wɔn a wɔdɔ trenee sɛ wommenya mu mfaso. N’atirimpɔw yɛ nea wobetumi de ho ato so na ɛyɛ nokware. Ɔrentumi nni atoro. Yebetumi de yɛn asetra agyina n’Asɛm so a yensuro.—Adiyisɛm 21:1-5; Tito 1:2.

2. (a) Bere bɛn na Onyankopɔn kaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde trenee ahenni bi besi hɔ no kyerɛe, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa? (b) Dɛn na Hebrifo 11:4-7 da no adi wɔ wɔn a wɔyeree wɔn ho hwehwɛɛ Ahenni anidaso no ho?

2 Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde trenee ahenni bi besi hɔ no nyɛ ade foforo. Wɔ Eden, bere a wogyee Onyankopɔn tumidi ho kyim nea edi kan no, Onyankopɔn kaa n’atirimpɔw kyerɛe sɛ ɔde ‘aseni’ bi a ‘ɔbɛpɛtɛw’ Satan ne n’asefo bɛba. (Genesis 3:15; Romafo 16:20) Habel, Henok ne Noa kyerɛɛ saa Yehowa bɔhyɛ no mu gyidi wɔ saa tete wiase no basabasayɛ no mu. Ahotoso a na wɔwɔ sɛ Onyankopɔn betua “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no” ka nti, wogyinaa ahohorabɔ ano, pawee sɛ ‘wɔne Nyankopɔn bɛnantew’ na wɔaka trenee ho asɛm akyerɛ. (Hebrifo 11:4-7) Nhwɛso pa bɛn ara na eyinom yɛ ma wɔn a wɔkyerɛ Onyankopɔn Ahenni no ‘ba’ mu gyidi nnɛ no nyinaa sɛɛ yi!

ABUSUA ANATO BI A ƐYƐ NWONWA

3. Sɛnea Genesis 12:1-7 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Abraham yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn?

3 Bɛboro Nsuyiri no akyi mfe 400 no, Onyankopɔn daa no adi pefee sɛ ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ a obedi hene no befi Abraham asefo mu na aba. Nanso dɛn nti na na ɛyɛ Abraham? Efisɛ Onyankopɔn huu gyidi soronko wɔ ne mu. Ɔfrɛɛ Abraham fii ne kurow a ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea mu, na ɔmaa ɔkɔɔ ananafo asase Kanaan so sɛ:

“Wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa, . . . w’asefo na mede asase yi mɛma wɔn.” (Genesis 12:3, 7; Asomafo no Nnwuma 7:4)

Sɛ́ anka Abraham bɛkɔ so atra ɔman a wɔwoo no wom mu no, ofii mu kɔe a wansan amma hɔ bio da. Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsakra n’asetra koraa sɛnea ɛbɛyɛ na wayɛ osetie koraa ama Amansan Hene Yehowa. Nhwɛso a ɛso nni ma wɔn a wobehyira wɔn ho so atra ase ama Yehowa nnɛ nyinaa ampa!

4. Ɔkwan bɛn so na wohyiraa Sara esiane gyidi nti? (Hebrifo 11:11, 12)

4 Ɛwom sɛ Abraham yere Sara yɛɛ obonini koduu ne mmerewa bere mu de, nanso akyiri yi Yehowa maa Abraham awerɛhyem, ka kyerɛɛ no sɛ: “[Mehyira] no, na ɔbɛyɛ aman, aman ahene befi ne mu.” (Genesis 17:16) Bere a ɔnokwafo Sara dii mfe 90 no, wohyiraa no ma ɔnam anwonwakwan so woo ɔbabanin Isak, ahene pii agya, maa Abraham.—Mateo 1:2, 6-11, 16; Adiyisɛm 17:14.

5. Wotuaa Abraham ne Isak osetie no so ka dɛn?

5 Bere kɔɔ so no, Yehowa sɔɔ Abraham ne Isak nyinaa hwɛe de hwehwɛɛ wɔn mu. Ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba koro a ɔne Sara woe no ntwa nnansa kwan nkɔ Bepɔw Moria so na ɔmfa no nkɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ. Saa bere yi ɛbɛyɛ sɛ na Isak adi bɛyɛ mfe 25 ma na ne ho yɛ den a obetumi asoa nnyina a emu yɛ duru no de aforo bepɔw no; na ne ho yɛ den sɛnea ɛsɛ nso, a sɛ na ɔpɛ a, anka obetumi ne n’agya a wadi mfe 125 no apere so. Nanso, agya ne ɔba no nyinaa de osetie yɛɛ wɔn fam de wɔ adeyɛ a ɛka koma yi mu, kosii baabi a Yehowa bɔfo soo Abraham nsa mu bere a ɔmaa sekan a ɔde rebekum no no so no. Okum odwennini bi sii Isak ananmu.—Genesis 22:1-14.

6. (a) Nkɔmhyɛ mu nhwɛsode bɛn na wɔyɛe wɔ hɔ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Genesis 22:18 no yɛ nea w’ani gye ho kɛse?

6 Ɛha no na Onyankopɔn reyɛ nkɔmhyɛ mu nhwɛsode bi wɔ sɛnea ɔde n’ankasa Ba bɛbɔ afɔre de ayi adesamma wiase no bɔne afi hɔ ho. (Yohane 1:29; Galatifo 3:16) Efisɛ ɛno akyi no Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ:

“W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:15-18.

7. Ɔkwan bɛn na yɛfa so a, Yehowa betua yɛn ka?

7 Osetie ho nhwɛso a ɛda nsow bɛn ara na Abraham ne Isak yɛe sɛɛ yi! Ebia wɔrenka nkyerɛ yɛn da sɛ yɛmmɔ afɔre a wɔbɔe no bi, nanso ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa sɛnea wɔyɛe no esiane nokware dɔ a yɛwɔ ma no nti. (Yakobo 4:7; 2 Korintofo 9:13) Ɔpɛ a yebenya sɛ yɛde yɛn ho ne ahopɛ nneɛma bɛbɔ afɔre, na ama yɛapere ahwehwɛ ‘Ahenni a ɛbɛba no’ yɛ adeyɛ a Yehowa pene so na otua so ka.—Mateo 6:33.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsono ɔkwan a Yakob faa so wɔ Esau de no ho? (b) Nhyira bɛn na Isak de maa Yakob?

8 Isak ba Yakob yɛ onipa foforo a ɔpere hwehwɛɛ Ahenni no. Nanso ne nua Esau a ɔne no yɛ nta no buu akronkronne animtiaa, na n’ani gyee Kanaanfo mmea ne honam fam ade dodowpɛ a efi pɛsɛmenkominya mu ho. Ɔtɔn n’abakan a ɛsom bo no maa Yakob de gyee asɛdua asanka ma ara kwa! (Hebrifo 12:16) Abakanyɛ no som bo kɛse maa Yakob a na odwen honhom fam nneɛma ho no na Yehowa kyerɛɛ nneɛma kwan sɛnea ɛbɛyɛ na ne nsa aka saa akyɛde no na ama wanya akwakora Isak nsam nhyira mpo. Ná Esau aware mmea a wɔsom adaemone, nanso nea ɛne ɛno bɔ abira no, Yakob twaa kwan tenten kɔɔ Mesopotamia kɔhwehwɛɛ ɔyere fii Yehowa asomfo mu. Saa bere no Isak de nsɛm yi maa Yakob awerɛhyem sɛ:

“Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wonnɔ, na ɔmma wonyɛ bebree, na woayɛ aman asafo.”—Genesis 25:27-34; 26:34, 35; 27:1-23; 28:1-4.

9. (a) Dɛn nti na wɔsakraa Yakob din yɛɛ no Israel? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ne nhwɛso no mu mfaso?

9 Akyiri yi, bere a aka kakra ma Yakob adi mfe 100 no, ɔkyerɛɛ sɛnea honhom mu nneɛma som bo ma no kɛse no bio. Ɔne ɔbɔfo bi tentamee anadwo mũ nyinaa sɛ onhyira no. Yehowa sakraa Yakob din wɔ hɔ yɛɛ no Israel a ase ne “Onyankopɔn Kofoni,” de yɛɛ Ne dom ho sɛnkyerɛnne. (Genesis 32:24-30) Yɛn nso, sɛ yemia yɛn ani pere hwehwɛ honhom fam ahode bere a yɛtwe yɛn ho fi wiase bɔne a atwa yɛn ho ahyia no honhom no ho a, wobetua yɛn ka nnɛ.—Mateo 6:19-21.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Genesis 28:3 nkɔmhyɛ no baa mu? (b) Ɛdefa ankorankoro nokwaredi ho no, nhwɛso horow a ɛka koma bɛn na ɛwɔ Hebrifo 11:1–12:1?

10 Ampa, Yehowa hyehyɛɛ Yakob asefo sɛ “aman asafo,” na Onyankopɔn nam Ne ntamgyinafo Mose a Ɔma ofii Bible no kyerɛw nso ase so ka kyerɛɛ Israel man sɛ:

‘Sɛ mubetie me nne a, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.’ (Exodus 19:5, 6)

Nea ɛyɛ awerɛhow no, esiane sɛ honam fam Israel antie Onyankopɔn nne nti, wɔantumi ammɛyɛ saa honhom mu ahemman no. Nanso ankorankoro pii nam saa ɔman no a wɔde wɔn ho bɔɔ ho no so kuraa wɔn mudi mu maa Onyankopɔn—te sɛ Israel atemmufo no, adiyifo no ne Rahab mpo a kan no na ɔyɛ ɔbea oguamanfo no. Yebetumi akenkan saa “adansefo” anokwafo no ho asɛm wɔ Hebrifo 11:1–12:1, na nkuranhyɛ a anigye wom bɛn ara na wɔde ma nnipa a ɛnnɛ wɔhwɛ ‘Onyankopɔn Ahenni no ba’ kwan!

11. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ sɛ saa adansefo anokwafo no?

11 Wopɛ sɛ wo gyidi yɛ den? Wopɛ sɛ mprempren woyɛ sɛ saa mmarima ne mmea gyidifo a na “wɔhwehwɛ kurow a eye kyɛn so a ɛne ɔsoro de” no, yiw, na wohwehwɛ “kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn,” no anaa? (Hebrifo 11:10, 16) Ebia wubebisa sɛ, ‘Na dɛn ne saa “kurow” no?’

KUROW A ONYANKOPƆN KYEKYEE

12. “Kurow” bɛn na Onyankopɔn tete asomfo no pere hwehwɛe? (Hwɛ Hebrifo 11:22-32; Rut 1:8, 16, 17 nso.)

12 Saa “kurow” no ne Onyankopɔn Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no. Dɛn nti na yɛka saa? Wiɛ, tete no, na ɛtaa ba sɛ kurow yɛ ahenni bi a ɔhene bi di so. Ɔhene a odi kan a wɔbɔɔ no din pa wɔ Bible mu ne ‘Melkisedek, Salem kurow no hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn no sɔfo.’ Mfehaha pii akyi no, wɔkyekyee Yerusalem kurow no wɔ beae koro no ara, na te sɛ Salem no, ɛbɛyɛɛ ɔsoro Ahenni a ɛhyɛ Ɔhenkɛse ne Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo nsa no ho mfonini. (Genesis 14:1-20; Hebrifo 7:1, 2, 15-17; 12:22, 28) Ɛwom sɛ saa bere no na Abraham ne Sara, ne Isak ne Yakob nnim emu nsɛm nyinaa de, nanso wofi koma mu hwehwɛɛ “kurow” a na Mesia bedi so hene no. Abraham “ho san no sɛ obehu.” Wo nso, wubetumi anya anigye bere a wode gyidi pere hwehwɛ afã wɔ saa Ahenni nhyehyɛe no mu no.—Hebrifo 11:14-16; Yohane 8:56.

13, 14. Yakob wupa so nkɔmhyɛ no fii ase nyaa mmamu dɛn?

13 Yakob na ɔwoo mmabarima 12 a akyiri yi wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw 12 no ti no. Bere a Yakob da ne wupa so no, ɔkaa mmusuakuw 12 no mu nea ɔbɛwo Onyankopɔn sodifo a ɔwɔ Ahenni tumi no ho asɛm siei sɛ:

“Ogyata ba ne Yuda. . . . Ahempoma remfi Yuda nsa . . . kosi sɛ [Silo, a ɛkyerɛ Nea Ɛyɛ Ne De] a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.” (Genesis 49:9, 10)

Silo fii Yuda mu bae anaa? Yiw, ɛte saa!

14 Yakob nkɔmhyɛ no fii ase baam bɛboro mfe 600 akyi. Saa bere no na Yehowa paw “ne koma so barima” fii Yuda abusua no mu. Ná wɔfrɛ no Dawid. Onyankopɔn yɛɛ saa ‘Yuda gyata’ kokodurufo yi Ne man Israel so panyin ne ɔhene. (1 Samuel 13:14; 16:7, 12, 13; 1 Beresosɛm 14:17) Yehowa hyɛɛ Ɔhene Dawid bɔ sɛ ɔbɛma no ahenni a ɛbɛtra hɔ daa.—Dwom 89:20, 27-29.

15. Dɛn nti na Yehowa danee Yudafo ahenni no ani butui, na ɛkosii bere tenten bɛn?

15 Dawid a ofii n’ahenni ase wɔ afe 1077 A.Y.B. mu no ne Yudafo ahemfo a wɔtoatoaa so dii tumi wɔ Yerusalem kurow mu no mu nea odi kan. Bere biara a ɔhene no fii ne koma mu tiee Yehowa no, ɔman no dii yiye. Nanso bere a ɔhene bi bɛyɛ bɔne atew atua atia Yehowa trenee mmara no, ná nkurɔfo no hu amane. (Mmebusɛm 29:2) Ná Yuda hene a odi akyiri a ɔne Sedekia no yɛ ɔbɔnefo yiye. Ɔno na Onyankopɔn diyifo ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔapɔn ahemmotiri no; . . . nnanani, nnanani, nnanani na mɛdan no; . . . de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.” Amansan Hene Yehowa danee saa ahenni no butui, kosii sɛ ɔhene a “atemmu wɔ no” no puei.—Hesekiel 21:26, 27.

ƆHENE A “ATEMMU WƆ NO” NO

16. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nea ɔyɛ Ahenni no difo a ɔbɛtra hɔ daa?

16 Hena na Dawid ahenni no mu ‘atemmu bɛyɛ ne de’ no? Nkyekyem 17 a edi kan wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mateo mu no ma ho mmuae. Wosuare bɔhyɛ ‘aseni’ no anato fi Abraham so de kosi Dawid so, na afei ebesi Yosef a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Maria kunu no so. Ne saa nti, na Maria abakan no benya Ahenni no mu ‘atemmu hokwan’ no. Enti wɔ afe 2 A.Y.B. mfiase hɔ no, ɔbɔfo Gabriel tumi ka faa ɔbabanin a na obenyinsɛn no n’awotwaa mu anwonwa kwan so no ho sɛ:

“Na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:26-33)

Wɔ mfehaha no mu no, na Yehowa redi n’atirimpɔw ho dwuma kɛse na ɔde Dawid ahenni no difo a ɔbɛtra hɔ daa yi aba. Bere a yɛhwehwɛ nneɛma yi mu no, ɛnhyɛ yɛn gyidi den wɔ Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔde ‘n’Ahenni no reba’ no mu?

17, 18. (a) Henanom nkutoo na wobenya ɔsoro Ahenni no adi? (b) Henanom ne anokwafo a wobenyan wɔn aba asase so no mu binom? (d) Dɛn na ɛsɛ sɛ eyi a yɛahu no hyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ?

17 Ɛnyɛ sɛ yɛn nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ yɛne Yesu bɛtra ɔsoro Ahenni no mu, efisɛ wɔde saa hokwan no asie ama n’asuafo “kuw ketewa” bi nko. (Luka 12:32) Ɔhene Dawid mpo annya anidaso a ɛte saa. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Dawid ankɔ ɔsoro.” (Asomafo no Nnwuma 2:34) Osuboni Yohane ne mmarima ne mmea anokwafo afoforo a wɔtraa ase tete hɔ no nso ankɔ “ɔsoro ahenni” no mu.—Mateo 11:11; Hebrifo 11:39, 40.

18 Nanso wobenyan saa mudi mu kurafo anokwafo yi aba asase yi so ha ara, na wɔn mu pii abɛyɛ “ahene” wɔ Onyankopɔn Ahenni nhyehyɛe no mu. (Dwom 45:16) Worempɛ sɛ woma wɔn akwaaba fi ɔda mu ne wɔn bɔ anigye so anaa? Ampa ara sɛ wobɛpɛ no saa! Ɛnde, si gyinae nso sɛ wobɛyere wo ho ahwehwɛ saa “kurow” no denam “yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam” a wo ne afoforo a ɛnnɛ wɔn ani sɔ saa hokwan kɛse no nyinaa bɛyɛ no so.—Kolosefo 4:11.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 52, 53]

WƆPERE HWEHWƐƐ ONYANKOPƆN AHENNI

HABEL Bɛyɛ afe 3900 A.Y.B.

NOA Afe 2970-2020 A.Y.B.

ABRAHAM, SARA, ISAK, YAKOB Afe 2018-1711 A.Y.B.

YOSEF Afe 1767-1657 A.Y.B.

MOSE Afe 1593-1473 A.Y.B.

OSUBONI YOHANE Afe 2 A.Y.B.-31 Y.B.

ADIYIFO Afe 1117-442 A.Y.B.

DAWID Afe 1107-1037 A.Y.B.

RUT, NAOMI Bɛyɛ afe 1300 A.Y.B.

ATEMMUFO Afe 1473-1117 A.Y.B.

RAHAB Afe 1473 A.Y.B.