Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Fa Nnwinnade a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu No Yɛ Adwuma

Fa Nnwinnade a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu No Yɛ Adwuma

Yehowa ama yɛn nnwinnade pii a ɛboa yɛn ma yetumi kyerɛkyerɛ yiye. Adwinnade titiriw a ɔde ama yɛn ne Bible no. Ɛno da nkyɛn a, yɛwɔ video ahorow, nkratawa, nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nhoma ahorow pii. (2Ti 3:16) Wasan ama yɛn nnwinnade a yɛde yɛ nhwehwɛmu. Sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛboa ma yetumi kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye. Saa nnwinnade no bi ne Watchtower Library, JW Library®, Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA, ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu.

Nnwinnade a Yehowa de ama yɛn no, sɛ yɛde yɛ nhwehwɛmu a, yebehu nneɛma pii a ɛbɛma yɛn ani agye. Ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo nso ma wohu sɛnea wɔde nnwinnade yi bɛyɛ nhwehwɛmu. Ɛba saa a, sɛ wɔwɔ nsɛmmisa bi a, wɔn ankasa betumi ahwehwɛ ho mmuae, na ɛbɛma wɔn ani agye.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMOA A YEHOWA DE MA YƐN WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU NO, SƐ YEGYE TOM A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE—FA NNWINNADE A YƐDE YƐ NHWEHWƐMU NO YƐ ADWUMA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na Jade ka faa adebɔ ho?

  • Ɛhe na Neeta yɛɛ asɛm no ho nhwehwɛmu?

  • Sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu na yɛne afoforo kyɛ nea yɛasua no a, ɛma yɛn ani gye

    Bere a Neeta reyɛ nhwehwɛmu no, dɛn na ɛma onyaa asɛm a ɛbɛboa Jade paa?

  • Bere a Neeta de nnwinnade no yɛɛ nhwehwɛmu na onyaa nea ɔrepɛ no, ɔtee nka sɛn?