Yona 2:1-10
2 Afei Yona bɔɔ Yehowa ne Nyankopɔn mpae wɔ apataa no yam,+
2 na ɔkae sɛ:
“M’ahoyeraw mu na misu frɛɛ Yehowa, na ogyee me so.+
Ɔdamoa* yafunu mu na misu hwehwɛɛ mmoa.+
Na wutiee me.
3 Bere a wotow me too bun mu, na mekɔɔ ɛpo ase tɔnn no,Nsu* dii kyinhyia faa me ho.+
W’asorɔkye a ano yɛ den bu faa me so.+
4 Ɛnna mekae sɛ, ‘Wɔapam me afi w’anim!
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ w’asɔrefi kronkron no bio?’
5 Nsu twaa me ho hyiae ma anka mereyɛ awu;*+Subun menee me.
Na nwura kyekyeree me ti.
6 Misian kɔɔ mmepɔw ase tɔnn.
Ɔdamoa* apon kaa me hyɛɛ mu daa.
Nanso wo, Yehowa me Nyankopɔn, wuyii me nkwa fii amoa mu.+
7 Bere a me nkwa* refi me nsa no, mekaee Yehowa.+
Ɛnna me mpaebɔ duu w’anim, w’asɔrefi kronkron hɔ.+
8 Wɔn a wɔde wɔn ho to abosonhunu so no, wɔpo onii a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn no.
9 Nanso me de, mede me nne bɛda wo ase na mabɔ afɔre ama wo.
Ɛbɔ a mahyɛ biara metua.+
Nkwagye fi Yehowa.”+
10 Bere bi akyi no, Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asaase kesee so.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “Ɔhweam.”
^ Anaa “Nsu twaa me ho hyiae beduu me kra ho.”
^ Nt., “Asaase.”
^ Anaa “me kra.”