Hiob 12:1-25

  • Hiob anoyi (1-25)

    • “Monkyɛn me” (3)

    • “Me ho ayɛ serew” (4)

    • ‘Onyankopɔn na nyansa wɔ no’ (13)

    • Onyankopɔn korɔn kyɛn atemmufo ne ahemfo (17, 18)

12  Ɛnna Hiob kae sɛ:  2  “Ampa, mo na munim;*Muwu a na nyansa asa!  3  Me nso mewɔ ntease.* Monkyɛn me. Hena na onnim saa nneɛma yi?  4  Me ho ayɛ serew ama me nnamfo,+Me a misu frɛ Onyankopɔn sɛ onnye me so no.+ Ɔtreneeni a ne ho nni asɛm no ho ayɛ serew.  5  Nea n’asom adwo no no de, ɔserew wɔn a wohu amane;N’adwene nyinaa ne sɛ, wɔn a wohinhim* no na wohu amane.  6  Akorɔmfo-werɛmfo ntamadan wɔ hɔ dwoodwoo,+Na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn abufuw no wɔ ahobammɔ,+Wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.  7  Wo de, mepa wo kyɛw, bisa mmoa, na wɔbɛkyerɛ wo;Bisa wim nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.  8  Anaasɛ dan w’ani hwɛ* asaase, na ɛbɛkyerɛ wo;Na ɛpo mu mpataa bɛka akyerɛ wo.  9  Wɔn mu hena na onnim sɛYehowa nsa na ayɛ eyi? 10  Ne nsam na ɔteasefo biara nkwa* wɔ,Na ne nsam na onipa biara* honhom* wɔ.+ 11  Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛSɛnea tɛkrɛma* ka aduan hwɛ no?+ 12  Ɛnyɛ nkwakoraa mu na nyansa wɔ?+Na ɛnyɛ onyinkyɛ mu na ntease wɔ? 13  Ɔno na nyansa ne kɛseyɛ wɔ no;+Ɔno na afotu ne ntease yɛ ne dea.+ 14  Sɛ odwiriw biribi gu a, obiara rentumi nhyehyɛ;+Nea wato mu no, onipa biara rentumi mmue. 15  Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, biribiara hyew;*+Ogyaa osu mu a, ebu fa asaase so.+ 16  Ɔno na ahoɔden ne nyansa wɔ no;+Ɔno na nea ɔrefom kwan ne nea ɔma nkurɔfo fom kwan nyinaa yɛ ne dea; 17  Ɔma afotufo de wɔn nan sisi fam nantew,*Na ɔma atemmufo dan nkwaseafo.+ 18  Ɔsansan nea ahemfo de kyekyere nkurɔfo no,+Na ɔde abɔso* kyekyere ahemfo no asen. 19  Ɔma asɔfo de wɔn nan sisi fam nantew,+Na otu atumfo a wɔn ase atim gu;+ 20  Ɔma afotufo anokwafo nsɛm ka wɔn anom,Na ogye nkwakoraa* nyansa; 21  Ogu atitiriw anim ase,+Na ɔma atumfo tumi brɛ ase;* 22  Nneɛma a asie wɔ sum mu no, oyi pue,+Na ɔma hann tɔ esum kabii so; 23  Ɔma aman yɛ akɛse, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn;Ɔma aman trɛw, sɛnea ɛbɛyɛ a obetu wɔn afi wɔn asaase so akɔ. 24  Ogye aman mpanyimfo ntease* fi wɔn nsam,Na asaase a ɛda mpan a enni anammɔnkwan na ɔma wokyinkyin so.+ 25  Wɔde wɔn ti pempem sum mu,+ baabi a hann nni;Ɔma wokyinkyin te sɛ mmarima a wɔabow nsã.+

Ase Hɔ Nsɛm

^ Nt., “mo na moyɛ nnipa.”
^ Nt., “koma.”
^ Anaa “wɔn a wɔwatiriw.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “kasa kyerɛ.”
^ Anaa “ɔteasefo biara kra.”
^ Anaa “ahome.”
^ Nt., “nnipa honam nyinaa.”
^ Nt., “dodom.”
^ Anaa “kisa.”
^ Anaa “Ɔma nea afotufo wɔ fi wɔn nsa.”
^ Anaa “bɛlt.”
^ Anaa “mpanyimfo.”
^ Nt., “ohodwow atumfo abɔso mu.”
^ Nt., “koma.”