Samuel Nhoma a Edi Kan 29:1-11
-
Filistifo no annye Dawid anni (1-11)
29 Filistifo+ no boaboaa wɔn asraafodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso bɛsoɛɛ nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel+ no ho.
2 Filistifo ahemfo no hyehyɛɛ wɔn asraafo no ɔhaha ne apem apem, na Dawid nso ne ne mmarima ne Akis+ dii akyi bae.
3 Ɛnna Filistifo akunini no bisae sɛ: “Na Hebrifo yi reyɛ dɛn wɔ ha?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo akunini no sɛ: “Israel hene Saul akoa Dawid ni; ɔne me atena ha afe ne kakra.+ Efi da a obedii m’afã de besi nnɛ, minhuu adebɔne biara wɔ ne ho.”
4 Nanso Filistifo akunini no bo fuw no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma ɔbarima no nsan nkɔ.+ Ma ɔnsan nkɔ faako a wode ama no no. Mma ɔne yɛn nnkɔ ɔko no na wantwa ne ho ne yɛn anko.+ Ɛnyɛ yɛn mmarima no ti na ɔde bɛpɛ ne wura anim anuonyam anaa?
5 Ɛnyɛ Dawid yi na wɔde nnwom ne asaw bɔ gyee no so sɛ,
‘Saul akum apem,Na Dawid akum mpem du’ no?”+
6 Ɛnna Akis+ frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, woyɛ onipa pa, na m’ani gye ho sɛ anka wo ne m’asraafo no bɛbom akɔ ɔko,+ efisɛ efi da a wobaa ha de besi nnɛ, minhuu adebɔne biara wɔ wo ho.+ Nanso ahemfo no nnye wo nni.+
7 Enti, san fa asomdwoe kɔ, na nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Filistifo ahemfo no.”
8 Ɛnna Dawid bisaa Akis sɛ: “Adɛn, mayɛ dɛn? Bɔne bɛn na woahu wɔ w’akoa ho fi da a mebaa wo nkyɛn besi nnɛ? Adɛn nti na woremma me ne wo nkɔ na me ne me wura ɔhene atamfo nkɔko?”
9 Akis buaa Dawid sɛ: “Mihu wo sɛ woyɛ onipa pa te sɛ Onyankopɔn bɔfo.+ Nanso nea Filistifo akunini no aka ne sɛ, ‘Mma ɔne yɛn nnkɔ ɔko no.’
10 Enti sɔre anɔpa paa, na wo ne wo wura nkoa a wo ne wɔn bae no nkɔ; monsɔre ntɛm, na sɛ anim tetew pɛ a, monkɔ.”
11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no sɔree ntɛm anɔpa san kɔɔ Filistifo asaase so, na Filistifo no de, wɔkɔɔ Yesreel.+