Samuel Nhoma a Edi Kan 23:1-29
23 Akyiri yi, wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Filistifo ne Keilafo+ reko, na wɔrewiawia wɔn aduan wɔ awiporowbea.”
2 Enti Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ na minkokunkum Filistifo yi anaa?” Yehowa buaa Dawid sɛ: “Kɔ, kokunkum Filistifo no na gye Keilafo.”
3 Ɛnna Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Yuda fã ha+ a yɛwɔ yi mpo, yesuro, na sɛ yɛkɔ Keila sɛ yɛne Filistifo dɔm rekɔko a, ɛnde yennim nea ebesi!”+
4 Enti Dawid san bisaa Yehowa.+ Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, sian kɔ Keila, efisɛ mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+
5 Enti Dawid ne ne mmarima no kɔɔ Keila ne Filistifo kɔkoe, na ɔfaa wɔn nyɛmmoa kɔe, na okunkum wɔn mu bebree. Dawid twitwa gyee Keilafo.+
6 Bere a Ahimelek ba Abiatar+ reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔde efɔd* no kɔe.
7 Wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Dawid aba Keila.” Ɛnna Saul kae sɛ: “Onyankopɔn de no ahyɛ me nsa;*+ efisɛ kurow a apon ne mmeamu deda ano mu na wakɔhyɛ de asum ne ho afiri.”
8 Enti Saul frɛfrɛɛ n’asraafo no nyinaa sɛ wɔnkɔ Keila na wonkotwa Dawid ne ne mmarima no ho nhyia.
9 Bere a Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: “Fa efɔd no bra ha.”+
10 Ɛnna Dawid kae sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, w’akoa ate sɛ, me nti Saul pɛ sɛ ɔba Keila bɛsɛe kurow yi.+
11 Keila mpanyimfo* de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Enti Saul bɛba ha sɛnea w’akoa ate no? O Yehowa, Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa.” Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Ɔbɛba.”
12 Dawid bisae sɛ: “Keila mpanyimfo de me ne me mmarima no bɛhyɛ Saul nsa anaa?” Ɛnna Yehowa buae sɛ: “Wɔde mo bɛhyɛ ne nsa.”
13 Ntɛm ara na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ 600+ no sɔree, na wofii Keila nantew kɔɔ baabiara a wobenya. Bere a nkurɔfo kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ Dawid aguan afi Keila kɔ no, wannya ankɔ hɔ ankɔhwehwɛ no bio.
14 Dawid kɔtenaa sare so mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den; ɔtenaa Sif+ sare so mmepɔw mu. Saul hwehwɛɛ no saa ara,+ nanso Yehowa amma wannya no.
15 Bere a Dawid wɔ Sif sare so wɔ Hores no, na onim sɛ* Saul aba hɔ rebɛhwehwɛ no* akum no.
16 Ɛnna Saul ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no* den wɔ Yehowa din mu.+
17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, efisɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene,+ na mɛyɛ w’abadiakyiri; me papa Saul mpo nim saa.”+
18 Ɛnna wɔn baanu no yɛɛ apam+ wɔ Yehowa anim, na Dawid tenaa Hores, Yonatan de, ɔkɔɔ ne fi.
19 Akyiri yi, Sif mmarima kɔɔ Saul nkyɛn wɔ Gibea+ kɔkae sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nkyɛn ha yi ara na Dawid abehintaw?+ Ɛnyɛ Hores,+ Hakila bepɔw+ no so wɔ Yesimon*+ anaafo fam, beae a ɛhɔ kɔ yɛ den no na wabɛhyɛ?*
20 O ɔhene, bere biara a wopɛ* sɛ woba ha no, bra, na yɛn nso yɛde no bɛhyɛ ɔhene nsa.”+
21 Ɛnna Saul kae sɛ: “Yehowa nhyira mo, efisɛ moahu me mmɔbɔ.
22 Mesrɛ mo, monkɔhwehwɛ baabi pɔtee a ɔwɔ ne onii a ohuu no wɔ hɔ, efisɛ mate sɛ n’ani atew paa.
23 Monkɔhwehwɛ mmeae a okohintaw no nyinaa, na mommɛka ho asɛm nkyerɛ me. Afei me ne mo bɛkɔ hɔ, na sɛ ɔwɔ asaase no so a, mekyin Yuda mpempem nyinaa mu ahwehwɛ no.”
24 Enti wofii hɔ dii Saul kan kɔɔ Sif.+ Saa bere no, na Dawid ne ne mmarima no wɔ Maon+ sare so wɔ Araba+ a ɛwɔ Yesimon anaafo fam no.
25 Afei Saul ne ne mmarima no bɛhwehwɛɛ no.+ Bere a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na osian kɔhyɛɛ ɔbotan+ mu wɔ Maon sare so, na ɔtenaa hɔ. Saul tee no, otiw Dawid wɔ Maon sare no so.
26 Eduu baabi no, na Saul wɔ bepɔw no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔw no fã noho. Ná Dawid reguan+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akyere wɔn.+
27 Nanso obi baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm bra, na Filistifo abɛtow ahyɛ asaase no so!”
28 Ɛnna Saul gyaee Dawid akyi di,+ na ɔne Filistifo no kɔkoe. Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Ntetewmu Botan no.
29 Ɛnna Dawid guan fii hɔ, na ɔkɔtenaa mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den wɔ En-Gedi.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Nt., “atɔn no ahyɛ me nsa.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “osuro, efisɛ na.”
^ Anaa “ne kra.”
^ Nt., “ne nsam.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “sare no.”
^ Nt., “nifa so.”
^ Anaa “wo kra pɛ.”