Ɔsɛnkafo 10:1-20

  • Nkwaseasɛm kakra sɛe nyansa (1)

  • Woyɛ w’adwuma biarabiara a, ɛyɛ hu (2-11)

  • Nkwaseafo awiei; ɛyɛ mmɔbɔ sɛ (12-15)

  • Ahemfo nkwaseasɛm (16-20)

    • Anomaa betĩ nea wokae no mu (20)

10  Nwansena a wawu* ma sradehuam a wɔafra no yiye bɔn, na ɛsɛe. Saa ara na nkwaseasɛm kakra nso sɛe onyansafo ne onuonyamfo din.+ 2  Onyansafo koma de no fa ɔkwampa so,* na ɔkwasea koma de, ɛde no fa ɔkwammɔne so.*+ 3  Ɔkwan biara a ɔkwasea fa so no, onhu nyansa,*+ na ɔma obiara hu sɛ ɔyɛ ɔkwasea.+ 4  Sɛ ɔhene bo fuw wo a,* mfi baabi a wugyina,+ efisɛ odwo ma bɔne akɛse to twa.*+ 5  Mahu ahometesɛm bi a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛyɛ mfomso a atumfo di.+ 6  Ɛne sɛ: Wɔama nkwaseafo anya dibea akɛse pii, na adefo* de, wɔama wɔn dibea a ɛwɔ fam. 7  Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so bere a adehye nam fam te sɛ nkoa.+ 8  Nea otu amoa no, obetumi atɔ mu,+ na nea odwiriw abo fasu gu no, ɔwɔ betumi aka no. 9  Nea ɔpae abo no, ebetumi apira no, na nea ɔpae nnua no, ebetumi adi no awu.* 10  Sɛ obi dade ano wu na wansew a, gye sɛ omia ne nsam. Na nyansa de, ɛde nkonimdi ba. 11  Sɛ ɔwɔ ka obi wie ansa na nkonyaayifo a waben* ama ɔwɔ no ayɛ dinn a, ɛnde na mfaso biara nni nkonyaayifo no so. 12  Onyansafo anom asɛm de adom ba,+ na ɔkwasea ano de, ɛsɛe ɔno ara.+ 13  N’anom asɛm a edi kan yɛ nkwaseasɛm,+ na n’asɛm a etwa to yɛ abɔdamsɛm pɔtɔɔ. 14  Ɔkwasea de, n’ano nna.+ Onipa nnim nea ɛbɛba; hena na obetumi akyerɛ no nea ɛbɛba wɔ n’akyi?+ 15  Ɔkwasea adwumaden ma ɔbrɛ, efisɛ ɔkwan a ɔbɛfa so akɔ kurow no mu mpo, onnim. 16  Asaase a wo hene yɛ abarimaa,*+ na w’adehye hyɛ apontow ase anɔpa no, due! 17  Asaase a wo hene yɛ ɔdehye ba, na wo mpanyimfo didi bere a ɛfata mu de pɛ ahoɔden, a wɔmfa nyɛ asabow no, anigye ne wo!+ 18  Akwadworɔ bebrebe nti, ɔdan so nnua* dwiriw gu, na nsa a ɛda hɔ kwa nti, ɔdan nwini.+ 19  Aduan* ma nnipa serew, na nsã* ma asetena yɛ dɛ;+ nanso sika ma yenya nea yehia biara.+ 20  W’adwenem* mpo, nnome ɔhene,*+ na nnome osikani wɔ ɔdan a woda mu no mu; efisɛ anomaa* de asɛm* no bɛkɔ, na ntakraboa betĩ nea wokae no mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Nwansena funu.”
Nt., “Onyansafo koma wɔ ne nifa.”
Nt., “ɔkwasea koma wɔ ne benkum.”
Nt., “ne koma tɔ sin.”
Nt., “ɔhene honhom sɔre tia wo a; ɔhene ahome sɔre tia wo a.”
Anaa “ano brɛ ase.”
Anaa “wɔn a wɔfata.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ehia sɛ ɔhwɛ ne ho yiye.”
Nt., “tɛkrɛma no wura.”
Anaa “abofra.”
Anaa “mpuran.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Paanoo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wo mpa so.”
Anaa “mfrɛ mmusu mma ɔhene so.”
Nt., “aboa a otu fa wim.”
Anaa “nnyigyei.”