Yakobo 2:1-26
2 Me nuanom, mukura Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn anuonyam+ no gyidi mu a animhwɛ+ ka ho anaa?
2 Ɛba sɛ obi a sika mpɛtea hyehyɛ ne nsa na ɔhyɛ atade fɛfɛ ba beae a moahyia,+ na ohiani bi nso a ɔhyɛ atade fĩ ba hɔ,+
3 na sɛ motew mo anim hwɛ+ nea ɔhyɛ atade fɛfɛ no ka kyerɛ no sɛ: “Bɛtena baabi pa yi,” na ohiani no de, moka kyerɛ no sɛ: “Gyina hɔ,” anaa: “Tena me nan ase agua ho ha” a,
4 so ɛnkyerɛ sɛ mpaapaemu wɔ mo mu+ na moabɛyɛ atemmufo+ a mubu atɛnkyea?+
5 Me nuanom adɔfo, muntie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo+ na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo+ wɔ gyidi mu ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifo?+
6 Nanso moabu ohiani no animtiaa. Ɛnyɛ adefo na wɔhyɛ mo so+ na wɔtwe mo kɔ asɛnnibea?+
7 Ɛnyɛ din pa a wɔde frɛɛ mo+ no ho asɛmmɔne+ na wɔka?
8 Sɛ afei mudi mmara titiriw*+ no so sɛnea kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no a, na morebɔ mmɔden paa.
9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara+ no yi mo ntɛn sɛ mmaratofo.
10 Obiara a obedi Mmara no nyinaa so na obebu emu asɛm biako so no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.+
11 Efisɛ nea ɔkae sɛ: “Nsɛe aware”+ no, ɔkae nso sɛ: “Nni awu.”+ Enti sɛ woansɛe aware nanso wudi awu a, woyɛ mmaratofo.
12 Monkɔ so nkasa na monyɛ ade sɛ wɔn a wɔde adehye mmara bebu wɔn atɛn.+
13 Na nea onhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmu mu. Mmɔborɔhunu di atemmu so nkonim.
14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidi+ nanso onni nnwuma+ a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa anaa?+
15 Sɛ onuabarima anaa onuabea bi da adagyaw na onni aduan a ɛbɛso no da no mpo,+
16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,” na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+
17 Saa ara na gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a,+ na awu.
18 Nanso obi bɛka sɛ: “Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nka ho no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidi.”+
19 Sɛ́ wugye di sɛ Onyankopɔn biako na ɔwɔ hɔ?+ Woayɛ ade. Wiɛ, adaemone nso gye di na wɔn ho popo.+
20 O onipahunu, wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a nnwuma nka ho yɛ gyidi hunu anaa?
21 Ɛnyɛ bere a yɛn agya Abraham+ de ne ba Isak mae wɔ afɔremuka so no akyi na wɔnam ne nnwuma so buu no bem anaa?+
22 Woahu sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidi no ho, na ɛnam ne nnwuma so na ne gyidi wiee pɛyɛ,+
23 na kyerɛwsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no trenee maa no,”+ na wɔbɛfrɛɛ no “Yehowa adamfo.”+
24 Moahu sɛ wɔnam nnwuma+ so na ebu obi bem,+ na ɛnyɛ gyidi nkutoo so.+
25 So ɛnyɛ saa ara na aguaman Rahab+ nso wɔnam nnwuma so buu no bem, bere a ogyee abɔfo no fɛw so na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?+
26 Nokwasɛm ne sɛ sɛnea nipadua a honhom nnim awu no,+ saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nea ɛkyerɛ ankasa ne, “ahemmara.”