Romafo 11:1-36
11 Afei mibisa sɛ, Onyankopɔn poo ne man anaa?+ Ɛrentumi mma saa da! Efisɛ me nso meyɛ Israelni+ a mifi Abraham ase, Benyamin abusuakuw mu.+
2 Onyankopɔn ampo ne man a odii kan huu wɔn+ no. Adɛn, munnim nea Kyerɛwnsɛm no ka fa Elia ho, bere a ɔbɔɔ Israel sobo wɔ Onyankopɔn anim no?+
3 Ese: “Yehowa, wɔakunkum w’adiyifo, na w’afɔremuka nso, wɔadwiriw, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me kra.”+
4 Nanso dɛn na Onyankopɔn paee mu ka+ kyerɛɛ no? “Mama mmarima mpemnson aka ama me a wommuu nkotodwe nkotow Baal.”+
5 Enti saa ara na bere a yɛwom yi nso nkaefo+ bi a wɔnam adom so apaw wɔn+ aba.
6 Na sɛ ɛnam adom+ so a, ɛnde na emfi nnwuma+ mu bio; anyɛ saa a anka adom no nyɛ adom+ bio.
7 Ɛnde na dɛn? Nea Israel ani abere rehwehwɛ no wannya,+ na wɔn a wɔapaw wɔn no na wonyae.+ Wɔn a aka no nkate ano akum;+
8 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Onyankopɔn ama wɔn nnahɔɔ honhom,+ wama wɔn aniwa a wontumi mfa nhwɛ ade ne asõ a wontumi mfa nte asɛm de besi nnɛ da yi.”+
9 Afei nso Dawid ka sɛ: “Ma wɔn adidipon nyɛ afiri ne aguaa ne hintidua ne asotwe mma wɔn;+
10 ma wɔn aniwa so nyɛ tumm, na wɔanhu ade, na ma wonkuntun wɔn mu daa.”+
11 Enti mibisa sɛ, So wohintiw ma wɔhwee ase+ koraa? Ɛrentumi mma saa da! Na mmom watiriw a wɔwatiriwii+ no ama amanaman mufo anya nkwagye+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛka wɔn ama wɔatwe ninkunu.+
12 Na sɛ watiriw a wɔwatiriwii no kyerɛ ahonya ma wiase, na wɔn so a ehuan kyerɛ ahonya ma amanaman mufo+ a, ɛnde hwɛ nea ɛbɛkyerɛ bere a wɔn dodow bɔ ano!+
13 Afei mekasa kyerɛ mo amanaman mufo. Esiane sɛ meyɛ ɔsomafo+ ankasa ma amanaman+ no nti, mehyɛ me som+ anuonyam,+
14 sɛ ebia mɛfa kwan bi so ama wɔn a wɔyɛ me honam no atwe ninkunu na magye wɔn mu binom nkwa.+
15 Na sɛ tow a wɔtow wɔn kyenee+ no kyerɛ mpata+ ma wiase a, ɛnde sɛ wogye wɔn ba mu a, so ɛnyɛ nkwa a wonya fi awufo mu na ɛbɛkyerɛ?
16 Bio nso sɛ ɔfã a wɔfae sɛ aba a edi kan+ no yɛ kronkron a,+ ɛnde na tɔw no nyinaa nso te saa; na sɛ ntini no yɛ kronkron a, ɛnde na nnubaa no nso te saa.
17 Nanso sɛ wobubuu nnubaa no bi fii so, ma wɔde wo a woyɛ wuram ngodua no abɛtɛw mu+ ama woabenya ngodua+ no ntini mu nnepa+ no mu kyɛfa a,
18 nni nnubaa no ho ahurusi. Na sɛ wudi ho ahurusi a,+ ɛnyɛ wo na wukura ntini no,+ na mmom ntini no na ekura wo.+
19 Afei wobɛka sɛ: “Wobubuu nnubaa no fii so+ na wɔde me atɛw mu.”+
20 Ampa! Gye a wɔannye anni+ nti na wobubuu wɔn fii so, na wo de, gyidi nti na wugyina hɔ.+ Nnwen akɛsesɛm,+ na mmom suro ade.+
21 Na sɛ Onyankopɔn ankora nnubaa a efi dua no ankasa mu no so a, saa ara na ɔrenkora wo so.+
22 Enti hwɛ sɛnea Onyankopɔn yam ye+ na ɔsan yɛ den+ nso. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔhwee ase no so,+ nanso wo de, Onyankopɔn yi ayamye adi kyerɛ wo, bere dodow a wotena+ n’ayamye mu no; anyɛ saa a, wobetwa wo nso afi so.+
23 Wɔn nso, sɛ wɔankɔ so antena ase sɛ nnipa a wonni gyidi a, wɔde wɔn bɛtɛw mu;+ efisɛ Onyankopɔn betumi asan de wɔn abɛtɛw mu bio.
24 Efisɛ sɛ wotwaa wo fii wuram ngodua ho de wo bɛtɛw+ turo mu ngodua a ɛne ne su nhyia mu a, mpɛn ahe ara na wɔremfa eyinom a wokura ne su no bi mmɛtɛw wɔn ankasa ngodua no mu!+
25 Na, anuanom, mempɛ sɛ ahintasɛm kronkron+ yi sie mo, na moanyɛ anyansafo mo ankasa ani so: ɛne sɛ Israel fã bi koma apirim+ de kosi sɛ amanaman mufo no dodow+ bɛsõ,+
26 na saa kwan yi so na Israel+ nyinaa benya nkwa. Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ogyefo no befi Sion aba+ na wadan amumɔyɛsɛm afi Yakob.+
27 Na eyi ne apam a me ne wɔn bɛyɛ+ bere a miyi wɔn bɔne kɔ no.”+
28 Ampa, ɛdefa asɛmpa no ho no, mo nti wɔyɛ atamfo,+ nanso Onyankopɔn paw a wapaw wɔn no ho de, wɔn agyanom nti wɔyɛ adɔfo.+
29 Efisɛ Onyankopɔn rennu ne ho wɔ n’akyɛde ne ne frɛ ho.+
30 Na sɛnea bere bi na moyɛ Onyankopɔn so asoɔden,+ na afei de wɔahu mo mmɔbɔ+ esiane wɔn asoɔden nti+ no,
31 saa ara na afei eyinom ayɛ asoɔden ama wɔahu mo mmɔbɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wobehu wɔn mmɔbɔ seesei.
32 Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ asoɔden mu+ sɛnea ɛbɛyɛ a obehu wɔn nyinaa mmɔbɔ.+
33 O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya+ ne nyansa+ ne nimdeɛ mu dɔ fa!+ Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu,+ na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!
34 Na “hena na wabehu Yehowa adwene,+ anaasɛ hena na wabɛyɛ ne fotufo?”+
35 Anaasɛ, “Hena na wadi kan ama no biribi a enti ɛsɛ sɛ otua hyɛ mu?”+
36 Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, ɛnam ne so, na ɛwɔ no.+ Ɔno na anuonyam nka no daa daa.+ Amen.