Marko 15:1-47
15 Na ahemadakye no ara na asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no, ne Sanhedrin no nyinaa tuu agyina,+ na woguu Yesu mpokyerɛ de no kɔmaa Pilato.+
2 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafo hene+ no anaa?” Na obuaa no kae sɛ: “W’ankasa na woreka.”+
3 Na asɔfo mpanyin no fii ase kaa nsɛm bebree guu no so.+
4 Afei Pilato fii ase bisabisaa no nsɛm bio sɛ: “Wunni anoyi biara a wode bɛma?+ Hwɛ sɛnea wɔreka nsɛm bebree gu wo so.”+
5 Nanso Yesu amma no mmuae biara bio, na ɛyɛɛ Pilato nwonwa.+
6 Nea ɛte ne sɛ, edu afahyɛ biara a na ɔtaa gyaa ɔdeduani biako a wɔsrɛ sɛ onnyaa no no ma wɔn.+
7 Saa bere no na obi a wɔfrɛ no Baraba ne amammɔfo a wɔnam wɔn amammɔesɛm so adi awu gu mpokyerɛ mu.+
8 Enti nnipakuw no foro bae na wofii ase srɛe sɛ ɔnyɛ sɛnea ɔtaa yɛ ma wɔn no.
9 Pilato buaa wɔn kae sɛ: “Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo anaa?”+
10 Ná onim sɛ ahoɔyaw+ nti na asɔfo mpanyin no de no abrɛ no.+
11 Nanso asɔfo mpanyin no tutu guu nnipakuw no asom sɛ wɔmma onyi Baraba mmom mma wɔn.+
12 Na Pilato san bua see wɔn sɛ: “Ɛnde dɛn na menyɛ nea mofrɛ no Yudafo+ hene+ no?”
13 Na wɔsan teɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+
14 Na Pilato toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ?” Na wɔkɔɔ so ara teɛteɛɛm denneennen sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+
15 Afei esiane sɛ Pilato pɛe sɛ ɔsɔ nnipakuw no ani nti,+ oyii Baraba maa wɔn, na ɔma wɔhwee Yesu de no maa wɔn sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu.+
16 Afei asraafo no de no fii hɔ kɔɔ adiwo, a ɛyɛ amrado atenae hɔ; na wɔfrɛfrɛɛ asraafokuw no nyinaa hyiae,+
17 na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ de nsɔe nwenee abotiri de bɔɔ no.+
18 Na wofii ase kyiaa no sɛ: “Asomdwoe nka wo,+ Yudafo hene!”
19 Afei nso na wɔde demmire hwehwe ne tirim tete ntasu gu no so, na na wobu nkotodwe kotow n’anim.+
20 Na bere a wodii ne ho agoru wiei no, woyii atade kɔkɔɔ no fii ne ho de n’atade nguguso no hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛndua mu.+
21 Bio nso wɔhyɛɛ obi a ɔretwam, Kireneni Simon, Aleksandro ne Rufo papa, a ɔnam kwan so reba kurom hɔ ma ɔsoaa n’asɛndua no.+
22 Enti wɔde no baa baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, a sɛ wɔkyerɛ ase a, ɛkyerɛ Tikora.+
23 Ɛha na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no bobesa a wɔahyɛ no kurobow,+ nanso wannom.+
24 Na wɔbɔɔ no asɛndua mu na wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atade+ nguguso mu huu nea ɛsɛ sɛ obiara fa.+
25 Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa,*+ na wɔbɔɔ no asɛndua mu.
26 Na wɔkyerɛw sobo+ a wɔbɔɔ no no wɔ n’atifi sɛ, “Yudafo Hene no.”+
27 Bio nso, wɔbɔɔ adwowtwafo baanu bi asɛndua mu kaa ne ho, obiako wɔ ne nifa na obiako wɔ ne benkum.+
28 ——
29 Na wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kasa tiaa no,+ kae sɛ: “O! Wo a anka wubedwiriw asɔrefie agu na woasi no nnansa ntam,+
30 fi asɛndua no so si fam na gye wo ho.”+
31 Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no dii ne ho fɛw kae sɛ: “Ogyee afoforo, nanso ontumi nnye ɔno ara ne ho!+
32 Afei ma Kristo, Israel Hene no nsi mfi asɛndua no so na yenhu na yennye nni.”+ Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu kaa no ho no nso bɔɔ no ahohora.+
33 Bere a eduu dɔn a ɛto so asia* no, esum duruu asase no nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron.*+
34 Na eduu dɔn a ɛto so akron* no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” a asekyerɛ ne sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?”+
35 Na wɔn a wogyinagyina hɔ no bi tee no wofii ase kae sɛ: “Hwɛ! Ɔrefrɛ Elia.”+
36 Na obi tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa nyinyanyinya mu de tuaa demmire ano na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom,+ na ɔkae sɛ: “Munnyae no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam anaa.”+
37 Na Yesu teɛɛm denneennen na ogyaa mu.+
38 Na kronkronbea hɔ ntwamutam+ no mu suan abien fi soro besii fam.+
39 Afei bere a ɔsraani panyin a ogyina hɔ a n’ani tua no no hui sɛ wagyaa mu wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔkae sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”+
40 Ná mmea bi nso gyinagyina akyirikyiri rehwɛ;+ wɔn mu bi ne Maria Magdalene ne Yakobo Kumaa ne Yose maame Maria ne Salome,+
41 a na wɔtaa ne no nantew+ na wɔsom no bere a na ɔwɔ Galilea no, ne mmea foforo a wɔkaa ne ho kɔɔ Yerusalem no.+
42 Afei na adu anwummere, na esiane sɛ ɛyɛ Ahoboaboa bere, a ɛno ne da a edi homeda anim nti,
43 Yosef a ofi Arimatea, Bagua* no muni a wagye din, a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no bae.+ Ɔde akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.+
44 Nanso na Pilato adwenem nteɛ no sɛ wanya awu koraa, na ɔfrɛɛ ɔsraani panyin no bisaa no hwɛe sɛ wawu a.
45 Enti bere a ɔte fii ɔsraani panyin no hɔ sɛ ɛte saa no, ɔde amu no maa Yosef.+
46 Ɛnna ɔtɔɔ nwera pa, na oyii no too hɔ de nwera pa no kyekyeree no+ na ɔde no too ɔda+ a watwa wɔ ɔbotan mu no mu; na omunum ɔbo de twerii ɔda no kwan ano.+
47 Nanso Maria Magdalene ne Yose maame Maria kɔɔ so hwɛɛ faako a wɔde no ato no.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Bɛyɛ anɔpa nnɔn 9.
^ Bɛyɛ awia 12.
^ Bɛyɛ awia nnɔn 3.
^ Bɛyɛ awia nnɔn 3.
^ Anaasɛ “Sanhedrin.”