Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Ɔwɛn-Aban  |  November 2015

So Wonim?

So Wonim?

Adɛn nti na Yosef yii n’abɔdwesɛ ansa na ɔrekɔ Farao anim?

Obi a ɔreyi nkurɔfo ti wɔ tete Egypt

Genesis nwoma no ma yɛhu sɛ Farao soo dae bi a na ɛhaw no paa, enti ɔhyɛɛ sɛ ne nkoa nyɛ ntɛm nkɔfa Yosef, Hebrini a ɔda afiase no mmra na ɔmmɛkyerɛ ne dae no ase. Yɛreka yi, na Yosef ada afiase mfe pii ama n’abɔdwesɛ afu nanso ɔtoo ne bo ase yii n’abɔdwesɛ ansa na ɔrekɔ Farao anim. (Genesis 39:20-23; 41:1, 14) Obi a wafiri afiase a wayi n’abɔdwesɛ deɛ, anka ɛnyɛ asɛm biara, nanso ɔkyerɛwfo no kaa ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ na ɔkyerɛwfo no nim Egyptfo amammerɛ paa.

Ná Hebrifo ne aman foforo pii taa gya abɔdwesɛ. Nwoma bi ka sɛ, “Egyptfo nko ara ne nkurɔfo a wɔn deɛ na wɔnnya abɔdwesɛ.”—McClintock and Strong’s Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature.

Wɔn abɔdwesɛ nko ara na na wɔyi anaa? Nwoma bi kyerɛ sɛ na Egyptfo amammerɛ no bi ne sɛ ansa na ɔbarima bi bɛkɔ Farao anim no, ɛsɛ sɛ ɔsiesie ne ho te sɛ nea ɔrekɔ asɔrefie. (Biblical Archaeology Review). Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnneɛ na ɛsɛ sɛ Yosef yi ne ti ne ne ho nwi nyinaa. ▪

Bible nwoma a ɛne Asomafoɔ Nnwuma no ka sɛ na Timoteo papa yɛ Helani. Wei kyerɛ sɛ na ne papa firi Greece anaa?

Yɛntumi nsi no pi. Sɛ wokenkan Bible mu nwoma a ɔsomafo Paulo kyerɛwee no a, wobɛhu sɛ ɛtɔ da a ɔde Yudafo ne Helafo yɛ ntotoho. Sɛ ɔka Yudafo ne Helafo ho asɛm a, ɛte sɛ nea ɔde Helafo no gyina hɔ ma wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa. (Romafoɔ 1:16; 10:12) Ɛda adi sɛ nea enti a ɔyɛɛ saa no baako ne sɛ, na Hela kasa ne Hela amammerɛ agye ntini wɔ mmeae a Paulo kaa asɛm no.

Hwannom na na tetefo no bu wɔn sɛ Helafo? Bɛyɛ mfe 400 ansa na wɔrewo Yesu no, Isocrates, Ateneni bi a n’ano ate ka de hoahoaa ne ho sɛ, Hela amammerɛ retrɛw wɔ wiase. Enti ɔkaa sɛ, “sɛ yɛka Helafo mapa a, wɔne wɔn a wɔanya hokwan asua nwoma wɔ yɛn man mu na ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Greece.” Ɛno nti yɛbɛtumi aka sɛ na Timoteo papa ne afoforo bi a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ Helafo no, na wɔyɛ nkurɔfo a wɔasua Helafo amammerɛ na ɛnyɛ sɛ wɔwoo wɔn sɛ Helafo.—Asomafoɔ Nnwuma 16:1.