Wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa wiei no, bɛyɛ mfe ahanan na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem maa Mesia ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika nhoma mu no baa mu. Ɛno akyi bɛyɛ mfe 30 no, Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia ho no fã a edi kan no baa mu ma wɔbɔɔ Yesu asu afe 29 Y.B., na Onyankopɔn de honhom kronkron sraa no. Enti bere a na wɔahyɛ no dui no, saa bere no pɛpɛɛpɛ na Mesia no, Aseni a wɔatwɛn no akyɛ no, bae!

Yesu antwentwɛn ne nan ase koraa na ofii ne som adwuma ase, “na ɔpaee mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa.” (Luka 8:1) Ná wɔahyɛ nkɔm sɛ Yesu bɛyɛ ɔbarima a ne yam ye, odwo na odwen afoforo ho; ampa ara saa na Yesu yɛe. Sɛ wode ne nkyerɛkyerɛ bɔ bra a ɛyɛ yiye, na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ma wuhu sɛ na odwen nnipa ho. Afei nso ɔsaa “ahoɔmmerɛw ahorow” de kyerɛe sɛ Onyankopɔn ka ne ho. (Mateo 4:23) Mpanyin ne mmofra nyinaa tu dii Yesu akyi, na ebinom kae sɛ: “Yɛahu Mesia no”!Yohane 1:41.

Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ansa na n’Ahenni befi ase adi tumi no, akokoakoko, asasewosow ne amanehunu pii besisi wiase. Enti asɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn nyinaa ne sɛ “monkɔ so nwɛn.”Marko 13:37.

Ná bɔne nni Yesu ho, na wanyɛ Onyankopɔn so asoɔden da, nanso na nkurɔfo tan no, na ewiee ase no, wokum no. N’afɔrebɔ wu no ama yɛanya biribi a edi mu, na ɛbɛma yɛn nsa aka nea Adam ne Hawa ma efii yɛn nsa no bio; ɛno ne sɛ yɛbɛtena Paradise daa.

Yesu wui no, ne nnansa so na Onyankopɔn nyanee no sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi, na ne wu ne ne wusɔre no nyinaa maa nkɔmhyɛ baa mu. Yesu sɔree no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bɛboro 500. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔde adwuma bi hyɛɛ n’asuafo no nsa sɛ wɔnkɔka n’Ahenni no ne ɔno ankasa ho asɛmpa nkyerɛ “aman nyinaa.” (Mateo 28:19) Ɛhe na wɔyɛɛ saa adwuma no kodui?

Nsɛm yi fi Mateo, Marko, Luka, Yohane, 1 Korintofo.