Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Ɔwɛn-Aban—Nea Adesua Nsɛm Wom  |  September 2013

Akwampae Adwuma Ka Yɛn Bɛn Onyankopɔn

Akwampae Adwuma Ka Yɛn Bɛn Onyankopɔn

“Eye sɛ yɛto dwom ma yɛn Nyankopɔn.”DW. 147:1.

1, 2. (a) Sɛ wudwen wo dɔfo bi ho anaa woka ne ho asɛmpa a, dɛn na efi mu ba? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

SƐ WOWƆ adamfo bi na wotaa dwen ne ho anaa woka ne ho asɛmpa a, ɛma mo adamfofa no yɛ fɛ. Saa ara na yɛne Yehowa Nyankopɔn adamfofa te; bere a yɛreka ne ho asɛmpa nyinaa na yɛrebɛn no. Bere a Dawid rehwɛ nguan no, edu anadwo na ɔto n’ani hwɛ wim hu nsoromma fɛfɛ a egu hɔ a, odwinnwen Ɔbɔadeɛ Kunini no ho. Dawid kyerɛwee sɛ: “Sɛ mihu wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie no a, onipa ne hena a wokae no, na ɔdesani ne hena a wohwɛ no?” (Dw. 8:3, 4) Bere a ɔsomafo Paulo nso hwɛɛ sɛnea Onyankopɔn de honhom fam Israel dii dwuma no, ɛyɛɛ no nwonwa ma ɔkae sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa!”Rom. 11:17-26, 33.

2 Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, yenya hokwan dwinnwen Yehowa ho, na yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛno nko ara ma yɛtwe bɛn no. Akwampaefo pii ka sɛ esiane sɛ wɔde bere pii yɛ asɛnka adwuma no nti, wonya Onyankopɔn ho dɔ kɛse. Sɛ woyɛ ɔkwampaefo oo, sɛ nso afei na wopɛ sɛ woyɛ bi oo, gye bere susuw asɛm yi ho: Ɛbɛyɛ dɛn na bere nyinaa som adwuma no aka wo abɛn Yehowa? Sɛ woyɛ ɔkwampaefo a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ɛbɛboa me ma makɔ so ayɛ adwuma titiriw yi?’ Sɛ wonyɛ ɔkwampaefo a, bisa wo ho sɛ, ‘Ntotoe bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na matumi ayɛ akwampae adwuma no bi?’ Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ bere nyinaa som adwuma no ka yɛn bɛn Onyankopɔn.

 SƐNEA AKWAMPAE ADWUMA NO KA YƐN BƐN ONYANKOPƆN

3. Sɛ yɛka nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ yɛn daakye kyerɛ nkurɔfo a, ɛka yɛn sɛn?

3 Sɛ yɛka nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ yɛn daakye kyerɛ nkurɔfo a, ɛtwe yɛn bɛn Yehowa. Sɛ woredi adanse wɔ afie afie a, kyerɛwsɛm bɛn na wotaa kenkan kyerɛ nkurɔfo? Ebia nea wotaa kenkan ne Dwom 37:10, 11; Daniel 2:44; Yohane 5:28, 29; anaa Adiyisɛm 21:3, 4. Bere biara a yɛne nkurɔfo besusuw saa nsɛm yi ho no, ɛkae yɛn ankasa sɛ “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” fi yɛn Nyankopɔn yamyefo Yehowa hɔ. Eyi ka yɛn bɛn no paa.Yak. 1:17.

4. Adɛn nti na sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a, yehu paa sɛ Onyankopɔn yam ye?

4 Sɛ yɛkɔ asɛnka na yehu sɛnea nkurɔfo ahaw a wonni anidaso biara a, ɛkae yɛn sɛ Yehowa adom yɛn paa sɛ wama yɛahu nokware no. Akwankyerɛ pa abɔ wiase yi mu nnipa, enti ade a yɛfrɛ no anigye ne akomatɔyam paa deɛ, wonni bi. Nnipa pii abotow; wonnim nea ɛda hɔ retwɛn wɔn daakye. Wɔn anidaso asa. Wɔpɛ sɛ wohu nea enti koraa a yɛte ase. Wɔn a wɔkɔ asɔre mpo nnim Bible mu ahe biara. Wɔn asɛm ayɛ sɛ tete Niniwefo no. (Monkenkan Yona 4:11.) Sɛ yɛde bere pii yɛ asɛnka adwuma no na yehu tebea a nnipa wom a, ɛkae yɛn sɛ ampa-ne-ampa ara Yehowa hwɛ ne nkurɔfo yiye. (Yes. 65:13) Bio nso ɛkae yɛn sɛ Yehowa yam ye paa; ɛnyɛ ne nkoa nkutoo na ɔma wɔn nea wohia. Mmom ɔto nsa frɛ obi biara sɛ ɔmmra ne nkyɛn mmenya awerɛkyekyesɛm ne anidaso.Adi. 22:17.

5. Sɛ yɛahaw mpo na yɛde nokware no kyerɛkyerɛ afoforo a, ɛboa yɛn sɛn?

5 Bere a yɛde nokware no rekyerɛkyerɛ afoforo nyinaa na ɛreyi yɛn adwene fi yɛn haw so. Daa kwampaefo bi a yɛfrɛ no Trisha kae sɛ bere a ne papa ne ne maame gyaee aware no, n’adwene nyinaa tu frae. Da koro bi deɛ na awerɛhow amene no, enti na biribiara mpusuw no sɛ ɔnkɔ asɛnka. Nanso omiaa n’ani ne mmofra baasa bi kɔyɛɛ Bible adesua. Ná mmofra no papa ato wɔn asaworam, na na wɔn nuabarima panyin nso di wɔn ani. Trisha kae sɛ: “Sɛ mehwɛ ateetee a mmofra no refa mu a, meto me deɛ fanyinam. Adesua no rekɔ so nyinaa na mmofra no anim ayɛ sresrew; wutumi hu sɛ anigye ahyɛ wɔn koma ma. Saa da no, mihui paa sɛ Yehowa na ayi mmofra no ama me.”

6, 7. (a) Sɛ yɛde Bible kyerɛkyerɛ afoforo a ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ yɛn gyidi den? (b) Sɛ yehu sɛ Bible mu nsɛm asesa wɔn a yɛne wɔn sua Bible no a, ɛka yɛn sɛn?

6 Sɛ yɛne nkurɔfo sua Bible a, ɛhyɛ yɛn ankasa gyidi den. Ɔsomafo Paulo bere so no, na Yudafo binom mfa nea wɔkyerɛkyerɛ afoforo no mmɔ wɔn bra. Enti ɔkyerɛwee sɛ: “Wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?” (Rom. 2:21) Akwampaefo de nokware no kyerɛkyerɛ afoforo, na wɔyɛ Bible adesua daa. Sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wodi kan kyerɛkyerɛ wɔn ho. Sɛ wɔne obi rekosua ade a, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho na wɔyɛ nhwehwɛmu de bua nsɛmmisa. Ɔkwampaefo bi a yɛfrɛ no Janeen kae sɛ: “Bere biara a menya hokwan de nokware no akyerɛkyerɛ afoforo no, esian kɔ m’adwene ne me koma mu tɔnn, na egye nhin akɛse wɔ hɔ. Eyi nti me gyidi nyin ara na ɛrenyin; ɛntɔ ape.”

7 Sɛ yehu sɛ Bible mu nsɛm aboa osuani bi ma wayɛ nsakrae fɛfɛɛfɛ a, yehu sɛ ampa Onyankopɔn nyansa nni ano. (Yes. 48:17, 18) Eyi kanyan yɛn ma yɛkɔ so de Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra. Adrianna nso yɛ daa kwampaefo. Ɔkae sɛ: “Sɛ nkurɔfo de wɔn ho to wɔn nyansa so a, wɔn abrabɔ yɛ basaa. Nanso sɛ wɔma Yehowa nyansa kyerɛ wɔn kwan a, esi wɔn yiye.” Ɔkwampaefo foforo a yɛfrɛ no Phil kae  sɛ: “Sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔsesa wɔn abrabɔ a, wɔbɛyɛ ayɛ ayɛ ara enkosi aga, nanso Yehowa baa wɔn akwan mu ara na nneɛma afi ase reyɛ yiye.”

8. Sɛ yɛne yɛn nuanom bom yɛ asɛnka adwuma no a, ɛboa yɛn sɛn?

8 Sɛ yɛne yɛn nuanom bom yɛ asɛnka adwuma no a, ɛhyɛ yɛn den. (Mmeb. 13:20) Akwampaefo ne wɔn mfɛfo asɛmpakafo bom yɛ asɛnka adwuma no daa. Eyi ma ‘obiara nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ.’ (Rom. 1:12; monkenkan Mmebusɛm 27:17.) Onuawa kwampaefo bi a yɛfrɛ no Lisa kae sɛ: “Wowɔ adwumam a, nantin twitwa ne ahoɔyaw nko ara. Daa nea wote ara ne nseku ne kasaburo. Obiara pɛ sɛ ɔfa kwatikwan so di ne yɔnko anim. Ɛtɔ da a, w’abrabɔ pa nti nkurɔfo bɛserew adi wo ho fɛw. Nanso woba fie na wo ne wo yɔnko Kristoni reyɛ asɛnka adwuma no a, wo koma tɔ wo yam paa. Mifi asɛnka ba fie a, mete sɛ mabrɛ nanso mihu sɛ me ho abae me.”

9. Sɛ awarefo bom yɛ akwampae adwuma no a, ɛboa wɔn aware sɛn?

9 Yɛne yɛn hokafo bom yɛ akwampae adwuma no a, ɛma aware no sɔ. (Ɔsɛnk. 4:12) Onuawa bi a ɔde Madeline ne ne kunu nyinaa yɛ akwampaefo. Onuawa no kae sɛ: “Me ne me kunu kɔ asɛnka ba a, yenya biribi bɔ ho nkɔmmɔ, na sɛ yehu biribi wɔ yɛn Bible akenkan mu a ebetumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu nso a, yegye bere susuw ho. Bere a yegu so reyɛ akwampae adwuma no nyinaa na yɛn aware sɔ ara na ɛresɔ.” Trisha nso ka sɛ: “Yɛn baanu nyinaa asuae yɛn komam sɛ yɛremfirifiri nneɛma, enti yɛnkasakasa sika ho. Yɛn baanu bom yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua. Eyi nti mframa mfa yɛn ntam koraa, na yɛne Yehowa nso adamfofa mu ayɛ den.”

Yeyi yɛn yam yɛ akwampae adwuma no a, yenya akomatɔyam (Hwɛ nkyekyɛm 9)

10. Sɛ yɛde Ahenni no di kan na yehu sɛnea Yehowa boa yɛn a, ɛka yɛn sɛn?

 10 Sɛ yɛde Ahenni no di kan a, yehu sɛ Yehowa bɔ yɛn kyidɔm na obua yɛn mpaebɔ, na eyi ma yɛde yɛn werɛ nyinaa hyɛ ne mu. Ɛyɛ nokware, Kristofo anokwafo nyinaa de wɔn ho to Yehowa so. Nanso bere nyinaa asomfo nim paa sɛ, sɛ wɔamfa wɔn ho nyinaa anto Yehowa so a, wɔde akwampae adwuma no bɛso kwan mu baabi. (Monkenkan Mateo 6:30-34.) Yɛmfa onua bi a ɔne ne yere nyinaa yɛ akwampaefo nyɛ nhwɛso. Yɛfrɛ onua no Curt. Ɛyɛ a okosi amansin sohwɛfo ananmu som. Bere bi wɔsomaa no sɛ ɔnkɔsom asafo bi. Ná ebegye nnɔnhwerew abien ne fã na wɔadu hɔ. Na pɛtro a ɛwɔ wɔn kar mu betumi de wɔn akɔ, nanso na ɛrentumi mfa wɔn nsan mma. Yɛreka yi, na aka nnawɔtwe ansa wagye akatua wɔ adwumam. Curt kae sɛ na wonhu sɛ wɔnkɔ anaa wɔnsan. Afei wɔbɔɔ asɛm no ho mpae, na wogye toom sɛ wɔbɛkɔ. Na wɔwɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn. Bere a wɔyɛe sɛ wɔresi kwan so ara na onuawa bi frɛɛ wɔn sɛ ɔwɔ biribi ma wɔn. Wɔnkɔhwɛ a, sika a wohia atu kwan no pɛpɛɛpɛ! Curt kae sɛ, “Sɛ wotaa hu biribi a ɛte saa a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ Yehowa nsa wom.”

11. Nhyira a akwampaefo nya no bi ne sɛn?

11 Akwampaefo ahu sɛ bere a wɔrekum wɔn ho yɛ ɔsom adwuma no nyinaa na ɛreka wɔn bɛn Yehowa, na ɔno nso hwie ne nhyira gu wɔn so. (Deut. 28:2) Nanso obi yɛ ɔkwampaefo a ɛnkyerɛ sɛ ɔrenhyia nsɛnnennen biara. Onyankopɔn somfo biara nni hɔ a wade ne ho afi ɔhaw a Adam atuatew no kɔfa bae ho. Ɛtɔ da mpo a, nsɛnnennen nti ebinom bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔde akwampae adwuma no bɛto hɔ kakra. Nanso mpɛn pii no sɛ akwampaefo gye bere susuw asɛm no ho yiye a, wobehu sɛ wobetumi ayɛ ho biribi. Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa akwampaefo ma wɔakɔ so ayɛ adwuma titiriw yi?

NEA ƐBƐBOA MA WOAKƆ SO AYƐ AKWAMPAE ADWUMA NO

12, 13. (a) Sɛ ɛyɛ den ma ɔkwampaefo bi sɛ obenya ne nnɔnhwerew a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Adɛn nti na ehia sɛ yɛkenkan Bible daa na yesua ade dwinnwen ho?

12 Akwampaefo dodow no ara nni adagyew koraa. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nyinaa, enti ehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa. (1 Kor. 14:33, 40) Sɛ ɛyɛ den sɛ ɔkwampaefo bi benya ne nnɔnhwerew a, ɛsɛ sɛ ɔtena ase hwɛ nea ɔde ne bere yɛ. (Efe. 5:15, 16) Obetumi abisa ne ho sɛ, ‘Mesɛe bere pii wɔ anigyede ho? Ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae bi wɔ m’adwuma mu anaa? Mesɛe bere wɔ nneɛma a ɛho nhia ho?’ Yɛn mu biara begye atom sɛ ɛyɛ nnipa su sɛ yɛbɛkeka nneɛma abobɔ so; enti ehia sɛ ɛwɔ hɔ ara a akwampaefo tena ase susuw nneɛma ho na wɔhwɛ nsakrae a ehia sɛ wɔyɛ.

13 Ɛsɛ sɛ akwampaefo kan Bible na wodwinnwen ho na wogye bere sua ade. Eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ woyi bere si hɔ yɛ no daa. Saa nneɛma yi ho hia, enti ɛsɛ sɛ akwampaefo hwɛ sɛ wɔremma biribi foforo biara nnidi mma bere a wɔayi ase hɔ yi mu. (Filip. 1:10) Wo deɛ hwɛ sɛ ɔkwampaefo akɔ asɛnka da mu nyinaa na wapɔn aba fie! Ɔpɛ sɛ osua ade anwummere siesie ne ho ma asafo nhyiam. Nanso odi kan kenkan nkrataa a wanya. Afei ɔsɔ ne kɔmputa kenkan nsɛm a nkurɔfo akyerɛw abrɛ no, na ɔno nso kyerɛw bi kɔma wɔn. Nanso ɛnso hɔ ara; ɔpɛ biribi atɔ enti ɔhwehwɛ Intanɛt so hwɛ baabi a obehu ne bo. N’ani baa ne ho so no, na bɛyɛ nnɔnhwerew abien kɔ, nanso nea wabɔ ne tirim sɛ obesua anwummere no deɛ, ɔnkɔɔ ho koraa. Adɛn nti na eyi yɛ aniberesɛm? Sɛ mmirikatufo pɛ sɛ wotumi tu mmirika kyɛ a,  ɛsɛ sɛ wonya aduan pa di. Saa ara na ehia sɛ akwampaefo sua ade yiye hyɛ wɔn ho den na wɔatumi akɔ so ayɛ akwampae adwuma no.1 Tim. 4:16.

14, 15. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ akwampaefo ma wɔn asetena yɛ wɛ? (b) Ɔkwampaefo hyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

14 Sɛ akwampaefo betumi ayɛ wɔn adwuma no yiye a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn asetena yɛ wɛ. Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ wɔmma wɔn ani nhwɛ tee. (Mat. 6:22) Ɔno ankasa maa n’asetena yɛɛ wɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de n’adwene nyinaa asi ɔsom adwuma no so. Ɔkae sɛ: “Sakraman wɔ abɔn na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” (Mat. 8:20) Enti ɛsɛ sɛ akwampaefo suasua Yesu, na wɔkae sɛ, sɛ wɔboaboa nneɛma pii ano a, ɛbere a wobegye asiesie anaa wɔapɛ bi ahyɛ ananmu koraa yɛ adwuma mua.

15 Akwampaefo nim sɛ wɔn adwuma no yɛ adwuma titiriw, nanso wɔnsen wɔn nuanom. Yegye tom sɛ hokwan biara a yɛwɔ no, ɛyɛ Onyankopɔn adom ara kwa nti na yɛn nsa aka. Enti sɛ ɔkwampaefo biara betumi akɔ so ayɛ adwuma no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa so. (Filip. 4:13) Ɛsɛ sɛ akwampaefo hwɛ kwan sɛ nsɛnnennen deɛ wobehyia bi. (Dw. 34:19) Nanso ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ wɔpere wɔn ho de akwampae adwuma no to hɔ. Mmom ɛsɛ sɛ wɔdan kɔ Yehowa hɔ kɔpɛ akwankyerɛ ne mmoa. (Monkenkan Dwom 37:5.) Sɛ wohu sɛnea yɛn soro Agya Yehowa reboa wɔn a, ɛka wɔn bɛn no paa.Yes. 41:10.

WUBETUMI AYƐ ƆKWAMPAEFO?

16. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ ɔkwampaefo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

16 Sɛ wopɛ sɛ woyɛ akwampae adwuma na wunya nhyira a akwampaefo nya no bi a, fa ho asɛm to Yehowa anim. (1 Yoh. 5:14, 15) Bio, wo ne akwampaefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Afei, yɛ nneɛma a ebetumi aboa wo na nkakrankakra ɛde wo awura akwampae adwuma no mu. Saa na Keith ne ne yere Erika yɛe. Na wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma, na wɔwaree no ankyɛ na wɔtɔɔ fie ne kar sɛnea wɔn atipɛnfo pii yɛ no. Wɔkae sɛ: “Na yɛn adwene nyinaa ne sɛ yenya saa nneɛma yi a, yɛn ho bedwo yɛn, nanso amma saa.” Ɛwom ara na Keith adwuma fii ne nsa, na ofii ase yɛɛ akwampaefo boafo. Ɔkae sɛ: “Akwampae adwuma ma mihui sɛ asɛnka adwuma no yɛ dɛ papaapa.” Keith ne ne yere ne awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo faa nnamfo na wɔboaa wɔn ma wohui sɛ, sɛ obi yɛ ne ho awiɛmfoɔ na ɔyɛ akwampae adwuma a, n’ani gye paa. Dɛn na Keith ne Erika yɛe? Wɔde nneɛma bi sisii wɔn ani so a wɔpɛ sɛ wotumi yɛ, na wɔkyerɛw taree wɔn frigye ho. Nea wɔbɛyɛ awie biara na wɔatwam, na edidi mu ara na wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo.

17. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wugye bere susuw ho hwɛ sɛ wubetumi ayɛ ɔkwampaefo anaa?

17 Wubetumi ayɛ akwampae adwuma no bi anaa? Sɛ worentumi nyɛ bi seesei a, bɔ mmɔden ara sɛ wode nsi ne ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no sɛnea w’ahoɔden bɛma wo kwan biara. Eyi bɛka wo abɛn Yehowa. Afei san susuw asɛm no ho bɔ ho mpae. Ebia wubehu sɛ, sɛ woyɛ nsakrae kakraa bi a, wubetumi ayɛ akwampae adwuma no. Sɛ wufi ase yɛ akwampae adwuma no a, anigye a wubenya nti worenkae mpo sɛ wode biribi abɔ afɔre. Wo koma bɛtɔ wo yam sɛ wode Ahenni nneɛma adi kan. (Mat. 6:33) Afei wubehu sɛ ɔma mu wɔ anigye ampa. Bio akwampae adwuma no ma yenya bere pii dwinnwen Yehowa ho na yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi nyinaa bɛma Yehowa ho dɔ ahyɛ yɛn koma ma na ne bo atɔ ne yam.