Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Ɔwɛn-Aban—Nea Adesua Nsɛm Wom  |  November 2012

“Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”

“Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”

“Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ nea wopɛ, na wone me Nyankopɔn.”—DW. 143:10.

1, 2. Sɛ yehu Onyankopɔn apɛde a, ɛboa yɛn dɛn? Dɛn na yesua fi Ɔhene Dawid nhwɛso no mu?

FA NO sɛ wonam mmepɔw mu baabi na wukoduu nkwanta bi so. Wunhu sɛ womfa nifa anaa benkum, efisɛ wunhu w’anim yiye. Ebia nea wobɛyɛ ne sɛ wobɛforo akogyina koko tenten bi so na woahu baabi a ɔkwan no biara kopue. Eyi bɛboa wo ma woahu baabi a ɛsɛ sɛ wofa. Saa ara na sɛ yɛresi gyinae titiriw bi a, ehia sɛ yenya Ɔbɔadeɛ no adwene a ɛkorɔn wɔ asɛm no ho. Ɛno bɛboa yɛn ma ‘yɛafa ɔkwan’ a Yehowa pɛ so.—Yes. 30:21.

2 Obi a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ wɔ n’asetenam ne tete Israel hene Dawid. Ɔyɛ obi a na ne koma di mu wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu nea Dawid yɛe bere a ohyiaa nsɛnnennen ne nea yebetumi asua afi mu.—1 Ahe. 11:4.

DAWID MAA YEHOWA DIN SO

3, 4. (a) Dɛn na ɛmaa Dawid kogyinaa Goliat anim? (b) Dawid buu Yehowa din dɛn?

3 Bere a Dawid yɛ aberantewa no, ɔne Filistini katakyi Goliat koe. Ná Goliat tenten yɛ mita 2.9 (anammɔn 9.5). Dɛn na ɛmaa aberantewa Dawid tumi kogyinaa onipa tenten gramo saa anim? (1 Sam. 17:4) Ɛyɛ Dawid akokoduru? Anaasɛ na ɛyɛ gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu? Ɛyɛ nokware sɛ na Dawid yɛ ɔkokodurufo na na ɔwɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu, nanso ade titiriw a ɛma okogyinaa Goliat anim ne sɛ na n’ani gye ho sɛ ɔbɛma Yehowa din kɛse no so na watew ho. Ɔde abufuw bisae sɛ: “Hena koraa ne Filistini momonotoni yi a ɔretwa Onyankopɔn teasefo no mpasua mpoa yi?”—1 Sam. 17:26.

4 Aberantewa Dawid ka kyerɛɛ Goliat sɛ: “Wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me de,  mede asafo Yehowa, Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa no no din na ɛreba wo so.” (1 Sam. 17:45) Dawid de ne ho too nokware Nyankopɔn so, na bere a ɔtoo aboba biako pɛ, na Goliat da fam birim. Ɛnyɛ saa bere yi nko na Dawid de ne ho too Yehowa so, na mmom ɔyɛɛ saa ne nkwa nna nyinaa na ɔmaa Yehowa din kɛse no so. Dawid tuu ne mfɛfo Israelfo fo sɛ ‘wɔmfa Yehowa din kronkron no nhoahoa wɔn ho.’—Monkenkan 1 Beresosɛm 16:8-10.

5. Dɛn na nkurɔfo yɛ nnɛ a ɛte sɛ Goliat mpoatwa no?

5 Ɛyɛ wo dɛ sɛ Yehowa yɛ wo Nyankopɔn? (Yer. 9:24) Sɛ nkurɔfo a wo ne wɔn te mpɔtam, w’adwumayɛfo, wo sukuufo, anaasɛ w’abusuafo ka Yehowa ho asɛmmɔne anaa wodi n’Adansefo ho fɛw a, dɛn na woyɛ? Sɛ obi sopa Yehowa a, wubenya akokoduru atew ne din no ho? Wowɔ gyidi sɛ ɔbɛboa wo ma woayɛ saa? Ɛyɛ nokware, “kommyɛ wɔ ne bere,” nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ Yehowa Adansefo ne Yesu akyidifo. (Ɔsɛnk. 3:1, 7; Mar. 8:38) Sɛ yɛne wɔn a wommu Yehowa mpo rekasa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere na yɛkasa wɔ nidi mu, nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Israelfo a “ehu kɛse kaa wɔn, na wosuroe” bere a wɔtee Goliat mpoatwa no. (1 Sam. 17:11) Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru kasa tew Yehowa Nyankopɔn din kronkron no ho. Yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa ma wohu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. Enti yɛde n’Asɛm Bible no boa nkurɔfo ma wohu nea enti a ehia sɛ wɔbɛn Onyankopɔn.—Yak. 4:8.

6. Bere a Dawid kohyiaa Goliat no, na dɛn na esi n’ani so? Dɛn na yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so?

6 Dawid ne Goliat asɛm no boa yɛn ma yesua biribi foforo. Bere a Dawid de mmirika rekɔ akono no, obisae sɛ: “Dɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi na wayi ahohorabɔ afi Israel so no?” Nkurɔfo no buae sɛ: “Obiara a obetumi akum [Goliat] no, ɔhene bɛma no ahonyade pii na ɔde ne babea nso ama no.” (1 Sam. 17:25-27) Nanso na ɛnyɛ ahonyade na ehia Dawid. Nea na esi n’ani so sõ sen ahonyade koraa. Na Dawid pɛ sɛ ɔhyɛ nokware Nyankopɔn no anuonyam. (Monkenkan 1 Samuel 17:46, 47.) Yɛn nso ɛ? So nea esi yɛn ani so ne sɛ yebenya sika pii na yɛagye din wɔ wiase yi mu? Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Dawid. Ɔtoo dwom sɛ: “Mommra mma yɛnkamfo Yehowa, na momma yɛmmom mma ne din so.” (Dw. 34:3) Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛma ne din ho hia yɛn sen sɛ yɛn ankasa begye din.—Mat. 6:9.

7. Yɛbɛyɛ dɛn anya gyidi kɛse ayɛ asɛnka adwuma no bere mpo a nkurɔfo mpɛ sɛ wotie asɛm no?

7 Dawid de ne ho nyinaa too Yehowa so; ɛno na ɛma onyaa akokoduru kohyiaa Goliat. Ná Dawid yɛ aberantewa a ne gyidi sõ. Bere a ɔrehwɛ nguan no, ohyiaa tebea pii a na ɛhwehwɛ sɛ ɔde ne ho to Onyankopɔn so, na eyi na ɛhyɛɛ ne gyidi den. (1 Sam. 17:34-37) Yɛn nso yehia gyidi kɛse na yɛatumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no, titiriw bere a nkurɔfo mpɛ sɛ wotie asɛm no. Sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so wɔ biribiara mu. Nhwɛso bi ni: Sɛ yɛte kar mu retu kwan a, yebetumi ne wɔn a wɔte yɛn nkyɛn no abɔ Bible mu nkɔmmɔ. Saa ara na sɛ yɛreyɛ afie afie adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a yehyia wɔn mmɔnten so no kasa.—Aso. 20:20, 21.

DAWID TWƐN YEHOWA

Bere a Dawid nyaa hokwan a anka ɔde bekum Saul no, dɛn nti na wankum no?

8, 9. Bere a Ɔhene Saul reteetee Dawid mpo no, dɛn na Dawid yɛe de kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea Yehowa pɛ?

8 Ade foforo wɔ hɔ a ɛma yehu sɛ Dawid de ne ho too Yehowa so: Ɛno ne  adwene a na Dawid wɔ wɔ Israel hene a odi kan Saul ho. Ná Saul ani bere Dawid, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtow peaw awɔ no akum no; ɔyɛɛ saa mprɛnsa. Nanso emu biara mu no Dawid twee ne ho na wanyɛ biribiara antua ka. Akyiri yi oguan fii Saul anim. (1 Sam. 18:7-11; 19:10) Afei, Saul paw Israel mmarima 3,000 de wɔn tiw Dawid wɔ sare so. (1 Sam. 24:2) Dawid ne ne mmarima kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ ɔbodan bi mu, na bere a Saul ani nna ne ho so no, okowuraa hɔ. Dawid yɛ obi a anka ɔbɛka sɛ wanya hokwan a ɔde beyi ɔhene no afi hɔ. Nokwasɛm ne sɛ na Onyankopɔn aka dedaw sɛ Dawid na obesi Saul ananmu ayɛ Israel hene. (1 Sam. 16:1, 13) Sɛ Dawid tiee mmarima a wɔka ne ho no a, anka okum Saul ntɛm ara. Nanso Dawid kae sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim ayɛ ade a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no.” (Monkenkan 1 Samuel 24:4-7.) Onyankopɔn na ɔsraa Saul de no sii agua so. Na mpɛn dodow a Yehowa ntuu no ade so no, na Dawid mpɛ sɛ ɔno ara de ne pɛ tu no fi akongua no so. Mmom nea Dawid yɛe ara ne sɛ otwaa Saul atade nguguso ano. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ Dawid pɛ sɛ okum Saul a, anka obetumi akum no nanso na ɛnyɛ n’adwene ne no.—1 Sam. 24:11.

9 Bere a etwa to a Dawid huu Saul no ɔdaa no adi sɛ obu no, efisɛ na Onyankopɔn asra no. Saa bere no Dawid ne Abisai kopuee baabi a na Saul ne ne dɔm wɔ, na na Saul ada hatee. Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ Yehowa na ayi ne tamfo Saul ahyɛ ne nsa, na ɔsrɛɛ Dawid mpo sɛ ɔmma ɔmfa peaw nwɔ no nkum no, nanso Dawid amma kwan. (1 Sam. 26:8-11) Dawid twɛn maa Onyankopɔn kyerɛɛ no nea ɔnyɛ, na nea Abisai kae nyinaa akyi no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ.

10. Sɔhwɛ bɛn na yebetumi ahyia? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn?

10 Yɛn nso ɛtɔ da bi a yɛn mfɛfo bepiapia yɛn sɛ yɛnyɛ nea wɔn adwene kyerɛ wɔn, na ɛnyɛ nea Yehowa pɛ. Ebinom mpo yɛ wɔn ade te sɛ Abisai, na ebia wɔbɛhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi ansa na yɛahwɛ Onyankopɔn adwene wɔ ho. Ade a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina yɛn nan so pintinn ne sɛ yebehu Yehowa adwene wɔ asɛm no ho na yɛasi yɛn bo sɛ yɛremman mfi n’akwan ho.

11. Dɛn na Dawid yɛe de kyerɛe sɛ nea na esi n’ani so ne sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ? Dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Dawid bɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ nea wopɛ.” (Monkenkan Dwom 143:5, 8, 10.)  Dawid amfa ne ho anto n’ankasa nyansa so, na saa ara na wamma afoforo ampiapia no amma wanyɛ nea wɔpɛ. Mmom na wasi ne bo sɛ ɔbɛma Onyankopɔn akyerɛ no nea ɔnyɛ. Dawid ‘dwinnwen Yehowa nnwuma nyinaa ho na ɔtenaa ase susuw ne nsa ano adwuma ho.’ Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea Onyankopɔn pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Kyerɛwnsɛm no mu asukɔ na yedwinnwen sɛnea Yehowa ne nnipa a wɔtenaa ase tete no dii ho.

DAWID HUU ADWENE A ƐWƆ MMARA NO AKYI

12, 13. Dɛn nti na Dawid hwiee nsu a ne mmarima baasa de brɛɛ no no gui?

12 Ade foforo nso wɔ hɔ a yebetumi asua afi Dawid hɔ. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obehu adwene a ɛwɔ Mose Mmara no akyi na ɔde abɔ ne bra. Wo de, hwɛ nea esii bere a na Dawid repɛ ‘Betlehem abura mu nsu anom’ no. Saa bere no na Filistifo agye Betlehem abɔ so, nanso Dawid mmarima no mu baasa de wɔn nkwa too wɔn nsam kɔɔ kurow no mu kɔsaw nsu bae. “Dawid annom, na mmom ohwie guu fam maa Yehowa.” Dɛn nti na wannom? Ɔkae sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ me Nyankopɔn anim ayɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam yi mogya na mennom anaa? Wɔn kra na wɔde too wɔn nsam kɔsaw bae.”—1 Be. 11:15-19.

Dawid annom nsu a ne mmarima no de bae no. Dɛn na yesua fi mu?

13 Ná Dawid nim sɛ Mmara no aka sɛ ɛnsɛ sɛ wodi mogya na mmom ɛsɛ sɛ wohwie gu fam ma Yehowa. Na Dawid te mmara yi ase. Na onim sɛ “ɔhonam biara kra wɔ mogya mu.” Nanso asɛm no ne sɛ nsu na wɔkɔsaw bae, ɛnyɛ mogya. Enti adɛn na Dawid annom? Ne tiatwa mu no, na onim adwene a ɛwɔ saa mmara no akyi. Ná Dawid nim sɛ bere a mmarima baasa no rekɔsaw nsu no, anka wobetumi awu enti sɛ ɔnom nsu no a, na ɛte sɛ nea ɔrenom wɔn mogya ara pɛ. Ná nsu no som bo ma no te sɛ mmarima no mogya. Enti wannom, na mmom ohwiee guu fam.—Lev. 17:11; Deut. 12:23, 24.

14. Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔyɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani?

14 Biribiara a Dawid yɛe no, ɔbɔɔ  mmɔden sɛ ɔbɛma Onyankopɔn mmara akyerɛ no kwan. Ɔtoo dwom sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.” (Dw. 40:8) Dawid suaa Onyankopɔn mmara dwinnwen ho kɔɔ akyiri. Ná ogye di paa sɛ, sɛ odi Yehowa ahyɛde so a, ebesi no yiye. Enti na ɛnyɛ Mose Mmara no kɛkɛ na Dawid pɛ sɛ odi so, mmom na ɔpɛ sɛ ohu adwene a ɛwɔ Mmara no akyi na ɔde bɔ ne bra. Yɛn nso sɛ yɛresua Bible a, ɛbɛyɛ papa sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho na yɛma esian kɔ yɛn koma mu tɔnn. Yɛyɛ saa a, tebea biara a yebehyia no, yebehu Yehowa adwene wɔ ho na yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani.

15. Dɛn na Solomon yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔpoo Onyankopɔn Mmara?

15 Yehowa Nyankopɔn hyiraa Dawid ba Solomon paa. Nanso eduu baabi no, Solomon poo Onyankopɔn Mmara. Na Yehowa ahyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Israel hene ‘ware mmea bebree.’ (Deut. 17:17) Nanso Solomon antie saa ahyɛde no; ɔwaree mmea ananafo pii. Ne nkwakoraabere mu no, “ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi.” Nea enti a ɔwaree mmea pii no de, ɛyɛ n’ankasa asɛm nanso nokware a ɛwom ne sɛ “Solomon fii ase yɛɛ Yehowa ani so bɔne, na wanni Yehowa akyi ankosi ase sɛ ne papa Dawid.” (1 Ahe. 11:1-6) Ɛsɛ ɛsɛ yehu Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Bible mu ne adwene a ɛwɔ mmara no akyi yiye na yɛde bɔ yɛn bra. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ woware, ɔkwan bɛn so na wode afotu yi bɛyɛ adwuma?

16. Sɛ obi pɛ sɛ ɔware a, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔte ahyɛde a ɛka sɛ yɛnware “Awurade mu nkutoo” no ase yiye?

16 Sɛ obi a ɔnyɛ gyidini kyerɛ yɛn ho anigye a, hena na yebesuasua no—Dawid anaa Solomon? Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ware “Awurade mu nkutoo.” (1 Kor. 7:39) Enti sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware ne yɔnko gyidini. Sɛ yehu adwene a ɛwɔ ahyɛde yi akyi a, ɛnyɛ ware kɛkɛ na yɛrenware obi a ɔnyɛ gyidini, na mmom sɛ ɔkyerɛ yɛn ho anigye mpo a yɛrensosɔ so koraa.

17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛanhwɛ aguamansɛm ho mfonini?

17 Dawid maa Onyankopɔn kyerɛɛ no kwan. Momma yɛnhwɛ sɛnea ne nhwɛso no bɛboa yɛn ma yɛapo aguamansɛm ho mfonini. Kenkan kyerɛw nsɛm a edidi so yi na hwɛ adwene a ɛwɔ akyi, na bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea Yehowa bu aguamansɛm. (Monkenkan Dwom 119:37; Mateo 5:28, 29; Kolosefo 3:5.) Ɛsɛ sɛ yesusuw Yehowa akwankyerɛ ho na yebu no sɛ ɛkorɔn. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn na yɛanhwɛ aguamansɛm ho mfonini biara.

HU ONYANKOPƆN ADWENE WƆ BIRIBIARA MU

18, 19. (a) Ná Dawid nyɛ pɛ, nanso dɛn na ɛboaa no ma onyaa Onyankopɔn anim dom? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Dawid yɛɛ nneɛma pa pii nanso odii mfomso a emu yɛ duru nso. (2 Sam. 11:2-4, 14, 15, 22-27; 1 Be. 21:1, 7) Nanso sɛnea Dawid bɔɔ ne bra no daa no adi sɛ onuu ne ho wɔ ne bɔne ho. Ɔde “koma a edi mũ” ne Onyankopɔn nantewee. (1 Ahe. 9:4) Adɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ Dawid bɔɔ mmɔden sɛ obehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho na ɔyɛɛ nea ɛsɔ n’ani.

19 Yɛn nso yɛnyɛ pɛ nanso yebetumi anya Yehowa anim dom. Enti momma yɛnyere yɛn ho nsua Onyankopɔn Asɛm na yennwinnwen ho ma ensian nkɔ yɛn koma mu tɔnn, na yɛmfa nyɛ adwuma ntɛm ara. Yɛyɛ saa a, na yɛresrɛ Yehowa sɛ ‘ɔnkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛnyɛ nea ɔpɛ’ sɛnea odwontofo no srɛɛ no no.