Da biara, wo nipadua ne atamfo bi ko. Worentumi mfa w’ani nhu atamfo no, na anhwɛ a worenhu biribiara nso sɛ wɔwɔ wo nipadua mu, nanso wobetumi akum wo. Mmoawammoawa bi tumi ba yɛn nipadua mu ma yɛyare. * Ɛtɔ da a worenhu sɛ biribi mpo rekɔ so wɔ wo nipadua mu, efisɛ wo nipadua no tumi ko tia mmoawammoawa no, enti wonyare. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wo nipadua no tumi di atamfo yi so nkonim enti wobɛyare. Ɛba saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wopɛ aduru bi sa wo ho yare.

Tete no, na nnipa pii nnim sɛ mmoawammoawa bi wɔ hɔ a wobetumi ama yɛayare. Bɛyɛ mfe 215 a atwam yi ara na nyansahufo rehu. Efi saa bere no, nnipa apɛ kwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn ho ban. Adɔkotafo abɔ mmɔden atu nsanyare bi ase, ebi nso wɔ hɔ a, wɔama no abrɛ ase. Saa yare no bi ne ntoburo ne mmubui. Nanso nnansa yi, yare bi te sɛ atiridiinini (yellow fever ne dengue) asan ayi ne ti. Ɛbaa no sɛn? Yɛnhwɛ nea akɔfa aba:

  • Afe biara nnipa a etu kwan wɔ wiase nyɛ asɛm ketewa. Wɔrekɔ ba nyinaa, na yare nso retrɛw. Nhoma bi ka sɛ: “Akwantu nti, nsanyare tumi trɛw.”—Clinical Infectious Diseases.

  • Yare mmoawa no bi wɔ hɔ a, aduru mpo ntumi wɔn bio. Asoɛe a ɛhwɛ nnipa akwahosan so wɔ wiase (World Health Organization) kyerɛ sɛ ‘sɛnea nneɛma rekeka kɔ no, yare a seesei nnuru tumi sa no, ɛbɛyɛ kakra aduru ntumi no; ɛbɛsan akum nnipa.’

  • Aban nyae a, anka obesiw yare ano na antrɛw, nanso ɔman mu basabasayɛ ne ohia mma wɔn kwan.

  • Nnipa pii nso nyae a anka wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi yare ho, nanso wonhu nea wɔnyɛ.

Nea yɛabobɔ din yi nyinaa akyi, wubetumi ayɛ nneɛma bebree abɔ wo ne w’abusuafo ho ban. Asɛm a edi hɔ bɛma woahu sɛ, sɛ wote ɔman a ahia wɔn mu mpo a, wubetumi ayɛ nneɛma nketenkete bi abɔ wo ho ban afi yare ho.

^ nky. 3 Nanso mmoawammoawa bebree wɔ hɔ a, wɔmma yɛnyare. Nyan! yi bɛma yɛahu mmoawammoawa ne nneɛma bi a ebetumi ama yɛayare.