Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Nyan!  |  December 2014

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWAREƐ

Sɛdeɛ Mobɛgyaa Nsɛm Mu

Sɛdeɛ Mobɛgyaa Nsɛm Mu

ƆHAW NO

Yɛmfa no sɛ wo ne wo hokafoɔ adwene nhyia biribi ho. Deɛn na wobɛyɛ? Ɛba saa a, wowɔ nneɛma mmiɛnsa a wobɛtumi ayɛ:

  1. Wobɛtumi aka kyenkyene araa sɛ deɛ wopɛ no, ɛno ara na monyɛ.

  2. Wobɛtumi atwe wo deɛ no asan na moayɛ deɛ wo hokafoɔ no pɛ.

  3. Mo mmienu nyinaa, mobɛtumi agyaa nsɛm mu.

Nanso ebia wobɛka sɛ, ‘Gyaa paa deɛ, wontumi nnyaa mma ɛnka. Anyɛ saa a, ɛnneɛ ɛbɛbɔ yɛn nyinaa!’

Sɛ wohunu deɛ enti a ɛhia sɛ wogyaa mu a, ɛremma wonni yaw. Sɛ wobɛtumi agyaa nsɛm mu ama aka a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wohunu.

DEƐ ƐSƐ SƐ WOHUNU

Ɛsɛ sɛ moyɛ baako. Berɛ a wonwareeɛ no, na wo nko ara na wosisi wo gyinaeɛ. Seesei a woaware yi, nneɛma asesa. Ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafoɔ nyinaa, obiara de deɛ ɔpɛ to nkyɛn na ɔma awareɛ no ho hia no. Ɛmma wei nha wo; kae sɛ nyansa nni baakofoɔ tirim. Ɔbaa warefoɔ bi a ne din de Alexandra kaa sɛ: “Ti korɔ nkɔ agyina. Enti sɛ nnipa mmienu ka wɔn ti pam ho yɛ biribi a, ɛwie yie.”

Ɛsɛ sɛ obiara tie ne yɔnko: John M. Gottman yɛ obi a ɔtu awarefoɔ fo. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ biribiara a wo hokafoɔ bɛka na ɛsɛ sɛ wode wo tiri gyeɛ. Nanso deɛ ɔbɛka biara, ɛsɛ sɛ wode adwempa tie, na wosusu ho. Sɛ wo hokafoɔ ne wo resusu asɛm ho na wobobɔ wo nsa gu wo bo twii w’ani a, ɛnneɛ asɛm a moreka no, ɛnkɔsi baabiara.” *

Ɛnsɛ sɛ obiara ma n’asɛm yɛ den. Obi asɛm yɛ den a, n’asetena yɛ ya paa; obiara mpɛ ɔhokafoɔ a ɔte saa. Sɛ́ awarefoɔ no, obiara tumi gyaa asɛm mu a, ɛboa paa. Ɔbaa warefoɔ bi a ne din de June kaa sɛ: “Ɛtɔ da a meyɛ deɛ me kunu pɛ ma no ma n’ani gye. Ɛwom ara a ɔno nso gyaa nsɛm mu ma m’ani gye. Saa na ɛsɛ sɛ awarefoɔ tena. Benkum dware nifa na nifa nso adware benkum.”

 DEƐ WOBƐTUMI AYƐ

Momfiri aseɛ yie. Sɛdeɛ mobɛfiri nkɔmmɔ ase no, saa ara na ɛtaa wie. Sɛ mode ntɔkwa firi aseɛ a, ɛbɛyɛ den sɛ ɛbɛwie asomdwoeɛ mu. Enti monni Bible afotuo yi akyi: “Monhyɛ ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ.” (Kolosefoɔ 3:12) Sɛ wo ne wo hokafoɔ nya saa su yi a, ɛremma monnye akyinnye, mmom mobɛtoatoa adwene ama yie atɔ yie.—Bible afotusɛm: Kolosefoɔ 4:6.

Mompɛ biribi a mo adwene hyia wɔ ho. Sɛ moyɛ sɛ mobɛgyaa nsɛm mu na sɛ ɛdane akasakasa a, ɛbɛtumi aba sɛ wo ne wo hokafoɔ no nyinaa, ɛsono deɛ obiara adwene si so. Enti monhwɛ deɛ mo adwene hyia wɔ ho. Deɛ ɛbɛboa mo ma moayɛ saa no, monsɔ wei nhwɛ:

Momfa pɛn ne krataa na montwerɛ nneɛma mmienu yi. Obiara nni kan ntwerɛ deɛ ɔrentumi nnyaa mu, afei montwerɛ deɛ mobɛtumi agyaa mu. Mowie a, deɛ obiara twerɛeɛ no, mommɔ ho nkɔmmɔ. Mobɛhunu sɛ deɛ mo adwene nhyia wɔ ho no yɛ kakraa bi. Ɛba saa a, ɛnyɛ den sɛ mobɛgyaa nsɛm mu. Sɛ mo adwene nhyia ho mpo a, nsɛm a moatwerɛtwerɛ no krataa so no bɛboa mo mmienu nyinaa ma moahunu asɛm no ani so yie.

Montoatoa adwene. Nsɛm bi wɔ hɔ a, ne ka nyɛ den. Nanso nsɛm bi wɔ hɔ a, ne ka yɛ ka na. Sɛ asɛm a ɛte saa ba a, ɛnyɛ ɔbaakofoɔ asɛm, ɛfiri sɛ ɔbaakofoɔ werɛ aduro a, ɛgu. Enti deɛ ɔbaa ne okunu bɛtumi ayɛ ne sɛ wɔbɛtoatoa adwene ahunu deɛ ɛsɛ sɛ wɔde asɛm no to.—Bible afotusɛm: Ɔsɛnkafoɔ 4:9.

Momfa nyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛsesa mo adwene. Bible ka sɛ: “Mo ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere deɛ, ɔnnya obuo kɛseɛ mma ne kunu.” (Efesofoɔ 5:33) Sɛ okunu ne ɔyere dodɔ wɔn ho, na obiara bu ne yɔnko a, obiara dwene ne yɔnko ho na ɛnyɛ den mpo sɛ wɔbɛsesa wɔn adwene. Ɔbarima warefoɔ bi a ne din de Cameron kaa sɛ: “Nneɛma bi wɔ hɔ a, sɛ ɛnyɛ wo hokafoɔ adaworoma a, anka w’ani rennye ho da.”—Bible afotusɛm: Genesis 2:18.

^ nky. 12 Ɛfiri nwoma yi mu: The Seven Principles for Making Marriage Work.

SUA PII

NYAN!

Ɔkwan a Wobɛfa So Agyae Akasakasa

So wo ne wo hokafo taa nya akasakasa? Hu sɛnea Bible nnyinasosɛm betumi aboa w’aware.

Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?

Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetra Ayɛ Anigye