Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Yi kasa a wopɛ Twi

Di Yehowa Nokware

Di Yehowa Nokware

“Yehowa ntena me ne wo ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa.”1 SAMUEL 20:42.

NNWOM: 125, 62

1, 2. Adɛn nti na Yonatan ne Dawid adamfofa no yɛ nokwaredi ho nhwɛso pa?

AKOKODURU a na aberante Dawid wɔ no maa Yonatan ho dwiriw no paa. Ná Dawid akum “Filistini” ɔbran Goliat de ne “ti” akɔma Yonatan papa Ɔhene Saul. Ná Saul yɛ Israel hene. (1 Samuel 17:57) Ná Yonatan gye di paa sɛ Onyankopɔn ka Dawid ho, na efi saa bere no, Yonatan ne Dawid faa adamfo denneennen. Wɔhyɛɛ wɔn ho bɔ sɛ wobedi wɔn ho nokware daa. (1 Samuel 18:1-3) Yonatan dii Dawid nokware ne nkwa nna a aka nyinaa.

2 Ɛmfa ho mpo sɛ na Yehowa ayi Dawid sɛ ɔno na sɛ Saul nni hɔ a ɔbɛyɛ Israel hene no, Yonatan dii Dawid nokware kosii ase. Bere a Saul repɛ Dawid akum no no, na ɛhaw Yonatan. Ná Yonatan nim sɛ Dawid wɔ Hores sare so. Enti Yonatan kɔɔ hɔ kɔhyɛɛ Dawid den sɛ ɔnkɔ so mfa ne ho nto Yehowa so. Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nsuro, efisɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mɛyɛ w’abadiakyiri.”1 Samuel 23:16, 17.

3. Dɛn na na ɛho hia Yonatan paa sen sɛ obedi Dawid nokware, na yɛyɛ dɛn hu saa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

 3 Ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye nnipa a wodi nokware ho. Nanso, esiane sɛ Yonatan dii Dawid nokware nko ara nti na yɛn ani gye ne ho anaa? Dabi, ade a na ɛho hia Yonatan paa wɔ n’asetenam ne sɛ obedi Onyankopɔn nokware. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno nti na Yonatan ani ammere Dawid na odii no nokware no. Ɛwom sɛ na Yonatan nim sɛ Dawid na obedi hene de, nanso Yonatan boaa Dawid ma ɔde ne ho too Yehowa so. Yonatan ne Dawid nyinaa dii Yehowa ne wɔn ho wɔn ho nokware. Wodii ɛbɔ a wɔhyehyɛɛ wɔn ho no so: “Yehowa ntena me ne wo ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa.”1 Samuel 20:42.

4. (a) Dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye na yɛn koma atɔ yɛn yam paa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi yɛn abusuafo, yɛn nnamfo, ne anuanom a wɔwɔ asafo no mu nokware. (1 Tesalonikafo 2:10, 11) Nanso ade a ehia paa ne sɛ yebedi Yehowa nokware. Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa! (Adiyisɛm 4:11) Sɛ yedi Yehowa nokware a, yɛn ani gye, na yɛn koma tɔ yɛn yam paa. Nanso yenim sɛ mmere a emu yɛ den mpo mu no, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yonatan nhwɛso betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware wɔ tebea ahorow nnan mu: (1) bere a yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛmfata sɛ yenya obu ma obi a ɔwɔ tumi, (2) bere a ɛsɛ sɛ yehu onii a ɛfata sɛ yedi no nokware, (3) bere a onua bi a odi anim wɔ asafo no mu nte yɛn ase anaa ɔne yɛn anni no yiye, ne (4) bere a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi ɛbɔ bi a yɛahyɛ so.

BERE A YƐN ADWENE YƐ YƐN SƐ ƐMFATA SƐ YENYA OBU MA OBI A ƆWƆ TUMI

5. Bere a Saul yɛ ɔhene no, adɛn nti na na ɛyɛ den ma Israelfo sɛ wobedi Onyankopɔn nokware?

5 Ná Yonatan ne Israelfo ho akyere wɔn. Ná Yonatan papa, Ɔhene Saul ayɛ asoɔden ma Yehowa apo no. (1 Samuel 15:17-23) Nanso, Onyankopɔn maa Saul kɔɔ so dii hene mfe pii. Bere a ɔhene a wɔayi no sɛ ɔntena “Yehowa ahengua” so no reyɛ nneɛma bɔne no, na ɛyɛ den ma ɔman no sɛ wobedi Onyankopɔn nokware.1 Beresosɛm 29:23.

6. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yonatan kɔɔ so dii Yehowa nokware?

6 Yonatan kɔɔ so dii Yehowa nokware. Bere a Saul fii ase yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, wo deɛ hwɛ nea Yonatan yɛe. (1 Samuel 13:13, 14) Saa bere no, Filistifo asraafodɔm de nteaseɛnam 30,000 baa Israel so. Ná Saul asraafo yɛ 600 pɛ, na na ɔne Yonatan nko ara na wɔwɔ akode. Nanso Yonatan ammɔ hu. Ɔkaee odiyifo Samuel asɛm yi: “Yehowa din kɛse no nti, ɔrennyaw ne man.” (1 Samuel 12:22) Yonatan ka kyerɛɛ ɔsraani bi sɛ: “Ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.” Enti Yonatan ne ɔsraani no kɔtow hyɛɛ Filistifo bi so kum wɔn mu 20. Ná Yonatan wɔ Yehowa mu gyidi, na Yehowa hyiraa no.  Yehowa maa asase wosowee, na ɛmaa ehu kaa Filistifo no. Wofii ase kunkum wɔn ho, na Israelfo dii nkonim.1 Samuel 13:5, 15, 22; 14:1, 2, 6, 14, 15, 20.

7. Yonatan ne ne papa dii no sɛn?

7 Ɛwom sɛ Saul kɔɔ so yɛɛ Yehowa so asoɔden de, nanso bere biara a ɛbɛyɛ yiye no na Yonatan tie ne papa. Bere bi ɔne ne papa kɔko gyee Yehowa nkurɔfo.1 Samuel 31:1, 2.

8, 9. Sɛ yenya obu ma wɔn a wɔwɔ tumi no a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ na yɛredi Onyankopɔn nokware?

8 Sɛnea Yonatan yɛe no, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ yetie aban a ɛwɔ ɔman a yɛte mu no de di Yehowa nokware. Yehowa ama “atumfoɔ a wɔkorɔn” no tumi sɛ wonni yɛn so, na ɔhwɛ kwan sɛ yebebu wɔn. (Kenkan Romafo 13:1, 2.) Enti sɛ mpo aban mpanyimfo bi nni nokware na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛmfata sɛ yebu wɔn a, ɛsɛ sɛ yedi wɔn ni. Nokwasɛm ni, ɛsɛ sɛ yebu wɔn a Yehowa ama wɔn tumi no nyinaa.1 Korintofo 11:3; Hebrifo 13:17.

Sɛ yɛn kunu anaa yɛn yere nsom Yehowa mpo a, ade a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware ne sɛ yebebu no (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9 Olga yɛ onuawa a ɔwɔ South America. Ɛmfa ho sɛ na ne kunu ne no nni no yiye no, onyaa obu maa no de dii Yehowa nokware. [1] (Hwɛ awiei asɛm no.) Esiane sɛ Olga yɛ Yehowa Danseni  nti, ɛtɔ da a na ne kunu ne no nkasa anaa ɔka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ no. Ɔka kyerɛɛ no mpo sɛ obegyaa no na ɔde mmofra no akɔ. Nanso Olga amfa ‘bɔne antua bɔne’ so ka. Olga yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛyɛ ɔyere pa. Ná ɔnoa aduan ma ne kunu, ɔhoro ne nneɛma, na na ɔhwɛ ne kunu abusuafo nso. (Romafo 12:17) Sɛ na ne kunu rekɔsra n’abusuafo ne ne nnamfo a, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na ɔne no kɔ. Bere bi, na ne kunu pɛ sɛ ɔkɔ ne papa ayi wɔ kurow foforo so, enti Olga boaboaa biribiara a wɔde betu kwan no ano. Bere a wɔkɔɔ ayi no, ɔtwɛn ne kunu wɔ asɔredan no akyi. Esiane sɛ Olga nyaa ne kunu ho abotare na onyaa obu maa no nti, mfe pii akyi no, ne kunu fii ase ne no dii no yiye. Seesei Olga kunu hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ asafo nhyiam, na ɛyɛ a ɔde no kɔ. Ɛtɔ da mpo a, ɔne no nyinaa kɔ asafo nhyiam.1 Petro 3:1.

BERE A ƐSƐ SƐ YEHU ONII A ƐFATA SƐ YEDI NO NOKWARE

10. Ɛyɛɛ dɛn na Yonatan huu onii a ɛsɛ sɛ odi no nokware?

10 Bere a Saul kaa sɛ obekum Dawid no, na ɛsɛ sɛ Yonatan si gyinae bi a ɛyɛ den. Ná Yonatan pɛ sɛ odi ne papa nokware, bere koro no ara nso na ɔpɛ sɛ odi Dawid nokware. Ná Yonatan nim sɛ Onyankopɔn ka Dawid ho na ɛnyɛ Saul, enti osii gyinae sɛ obedi Dawid nokware. Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnkɔpɛ baabi nhyɛ, na ɔmaa Saul huu nea enti a ɛnsɛ sɛ okum Dawid.Kenkan 1 Samuel 19:1-6.

11, 12. Sɛn na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no boa yɛn ma yedi no nokware?

11 Alice yɛ onuawa a ɔwɔ Australia. Ná ɛsɛ sɛ ohu onii a ɛfata sɛ odi no nokware. Bere a ɔresua Bible no, na ɔka nneɛma a ɔresua no ho asɛm kyerɛ n’abusuafo. Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne wɔn renni Buronya bio, na ɔkyerɛɛ wɔn nea enti a ɔrenni Buronya no. Mfiase no anyɛ n’abusuafo no dɛ, na akyiri yi, wɔn bo fuw no paa. Ná wosusuw sɛ Alice nnwen wɔn ho bio. Afei Alice maame ka kyerɛɛ no sɛ ɔmpɛ sɛ obehu n’anim bio. Alice kaa sɛ: “Me ho dwiriw me, na ɛyɛɛ me yaw ankasa, efisɛ na medɔ m’abusuafo paa. Nanso, misii gyinae sɛ mede me koma bɛma Yehowa ne ne Ba no, na mebɔɔ asu wɔ nhyiam a edi hɔ ase.”Mateo 10:37.

12 Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn koma fam biribi te sɛ agodie kuw bi, sukuu anaa ɔman bi ho sen Yehowa a yebedi no nokware. Nhwɛso bi ni. Ná Henry ani gye ho sɛ ɔne ne sukuu agodie kuw bi bedi agorɔ bi a ɛte sɛ dame (chess). Ná ɔpɛ sɛ ogye abasobɔde bi ma ne sukuu no. Esiane sɛ na Memeneda ne Kwasida biara odi saa agorɔ yi nti, na onnya bere nkɔ asɛnka ne asafo nhyiam papa. Henry kaa sɛ ohuu sɛ nea ɛda ne koma so paa ne nea ɔbɛyɛ ama ne sukuu no na ɛnyɛ nea ɔbɛyɛ ama Onyankopɔn. Enti osii gyinae sɛ ɔrenni saa agorɔ no mma ne sukuu bio.Mateo 6:33.

13. Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛn abusua mu a, ɔkwan bɛn so na nokware a yedi Onyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛadi ho dwuma?

13 Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu yɛn busuani a ɛfata sɛ yedi no  nokware. Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Ken ka sɛ: “Ná me maame mfe akɔ anim enti na mepɛ sɛ metaa kɔsra no, na ɛwom ara nso a na mepɛ sɛ ɔbɛtena yɛn nkyɛn kakra. Nanso na me maame ne me yere ntam nyɛ papa.” Ken toaa so sɛ: “Ná merentumi nsɔ ɔbaako ani na minnya ɔbaako.” Ken susuw nea Bible ka ho, na ohuu sɛ asɛm yi mu de, ne yere na ɛsɛ sɛ ɔsɔ n’ani na odi no nokware. Enti ɔyɛɛ biribi a ɛmaa ne yere ani gyei. Afei ɔmaa ne yere huu nea enti a ɛsɛ sɛ ne yere ne ne maame di no yiye. Ɔmaa ne maame nso huu nea enti a ɛsɛ sɛ ne maame di ne yere ni.Kenkan Genesis 2:24; 1 Korintofo 13:4, 5.

BERE A ONUA BI NTE YƐN ASE ANAA ƆNE YƐN ANNI NO YIYE

14. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Saul ne Yonatan anni no yiye?

14 Sɛ onua bi a odi anim wɔ asafo no mu ne yɛn anni no yiye a, ɛno mu nso yebetumi adi Yehowa nokware. Onyankopɔn na oyii Ɔhene Saul sɛ onni hene, nanso Saul ne ɔno ara ne ba anni no yiye. Ná ɔnte ase sɛ Yonatan dɔ Dawid. Enti bere a Yonatan yɛɛ sɛ ɔbɛboa Dawid no, Saul bo fuw no paa, na oguu ne ba no anim ase wɔ nnipa pii anim. Nanso Yonatan kɔɔ so ara nyaa obu maa ne papa. Bere koro no ara, odii Yehowa ne Dawid nokware. Efisɛ na Onyankopɔn ayi Dawid sɛ, sɛ Saul  nni hɔ a, ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene.1 Samuel 20:30-41.

15. Sɛ onua bi ne yɛn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn?

15 Ɛnnɛ, anuanom a wodi asafo no anim no bɔ mmɔden sɛ wɔne obiara bedi no yiye wɔ asafo ahorow mu. Saa anuanom yi tɔ sin. Ɛno nti, ebetumi aba sɛ wɔrente biribi a yɛayɛ ase. (1 Samuel 1:13-17) Enti sɛ obi ne yɛn anni no yiye anaa wante yɛn ase a, momma yɛnkɔ so nni Yehowa nokware.

BERE A ƐYƐ DEN PAA SƐ YEBEDI YƐN BƆHYƐ SO

16. Nsɛm bɛn mu na ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ara yɛpɛ?

16 Ná Saul pɛ sɛ sɛ n’akyi no, Yonatan mmom na ɔbɛyɛ ɔhene na ɛnyɛ Dawid. (1 Samuel 20:31) Nanso, na Yonatan dɔ Yehowa, na na odi no nokware. Enti Yonatan ani ammere Dawid, mmom ɔfaa Dawid adamfo, na odii ɛbɔ a wahyɛ no no so. Nokwasɛm ne sɛ, obiara a ɔdɔ Yehowa na odi no nokware no, “sɛ ɔka ntam na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.” (Dwom 15:4) Esiane sɛ yedi Onyankopɔn nokware nti, yebedi yɛn bɔhyɛ so. Sɛ yɛne obi yɛ adwuma bi ho nhyehyɛe na ɛyɛ den ma yɛn mpo a, yɛbɛyɛ nea yɛaka no. Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛn aware mu nso a, yɛbɛkɔ so ne yɛn kunu anaa yɛn yere atena de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa.Kenkan Malaki 2:13-16.

Sɛ yɛne obi yɛ adwuma bi ho nhyehyɛe a, yɛbɛyɛ nea yɛaka no efisɛ yedi Onyankopɔn nokware (Hwɛ nkyekyɛm 16)

17. Adesua yi aboa wo sɛn?

17 Sɛnea Yonatan dii Onyankopɔn nokware no, yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ tebea a emu yɛ den mpo mu. Sɛ yɛn nuanom ne yɛn anni no yiye mpo a, momma yɛnkɔ so nni wɔn nokware. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛma Yehowa koma atɔ ne yam, na ɛno na ɛma yɛn ani gye paa. (Mmebusɛm 27:11) Momma yennya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛyɛ ma yɛn na wahwɛ yɛn daa. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw anokwafo bi a wɔtenaa ase wɔ Dawid bere so ne ebinom a wɔanni nokware ho, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi mu.

^ [1] (nkyekyɛm 9) Wɔasesa edin ahorow no bi.