“Nnipa a wɔpɛ bɔne no nte atɛntrenee ase, na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, wɔte biribiara ase.”—MMEB. 28:5.

NNWOM: 126, 150

1-3. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi Onyankopɔn nokware wɔ nna a edi akyiri yi mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

WIASE bɔne yi awiei abɛn paa. Yehu sɛ nnebɔneyɛfo redɔɔso, na ‘wofifi sɛ wura.’ (Dw. 92:7) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii mfa Onyankopɔn akwankyerɛ nyɛ adwuma. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ “bɔne mu nkokoaa,” na bere koro no ara yɛayɛ nnipa a “wɔanyin nsɛm ho ntease mu” wɔ saa wiase bɔne yi mu?—1 Kor. 14:20.

2 Yebenya mmuae no wɔ kyerɛwsɛm a yɛn adesua yi gyina so mu. Kyerɛwsɛm no fã bi ka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, wɔte biribiara ase.” Wei kyerɛ sɛ biribiara a ɛbɛma wɔasɔ Yehowa ani no, wɔte ase. (Mmeb. 28:5) Yehu biribi a ɛte saa wɔ Mmebusɛm 2:7, 9. Ɛka sɛ, Yehowa ‘bɛkora nyansa so ama treneefo.’ Ɛno nti, treneefo tumi ‘te trenee ne atemmu ne teeyɛ ase; ɛno ne papayɛ akwan nyinaa.’

3 Noa, Daniel, ne Hiob nyaa saa nyansa no bi. (Hes. 14:14) Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso wɔ saa nyansa no bi. Wo nso ɛ? “Biribiara” a ehia sɛ wuhu na ama woasɔ Yehowa ani no, ‘wote ase’? Ade a ɛbɛboa wo paa ne sɛ wubenya Yehowa ho nokware  nimdeɛ. Bere a wei wɔ yɛn adwenem no, momma yensusuw (1) sɛnea Noa, Daniel, ne Hiob huu Onyankopɔn, (2) sɛnea saa nimdeɛ no boaa wɔn, ne (3) sɛnea yebenya gyidi a na wɔwɔ no bi.

NOA NE ONYANKOPƆN NANTEWEE WƆ WIASE BƆNE BI MU

4. Ɛyɛɛ dɛn na Noa huu Yehowa, na sɛn na nokware nimdeɛ boaa no?

4 Nea ɛyɛe a Noa huu Yehowa. Efi bere a Adam ne Hawa fii ase woo mma no, mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi afa akwan mmiɛnsa so asua Onyankopɔn ho ade. Nea edi kan, wɔahwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ. Nea ɛto so mmienu, wɔasua afi afoforo a wosuro Onyankopɔn hɔ. Nea ɛto so mmiɛnsa, wɔahu sɛ, sɛ wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ ne ne nnyinasosɛm bɔ wɔn bra a, ohyira wɔn. (Yes. 48:18) Sɛ Noa hwɛɛ abɔde a, ɛnyɛ dɛn ara obehu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne ne su ahorow pii te sɛ “ne daa tumi ne ne Nyamesu.” (Rom. 1:20) Enti Noa annye Onyankopɔn anni kɛkɛ; mmom onyaa ne mu gyidi a ɛyɛ den.

5. Ɛyɛɛ dɛn na Noa huu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma?

5 Bible ka sɛ: “Gyidi nam nea wɔte so.” (Rom. 10:17) Ɛyɛɛ dɛn na Noa tee Yehowa ho asɛm? Ɛbɛyɛ sɛ n’abusuafo na wɔka kyerɛɛ no. Ne papa Lamek a na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi no ka ho; Lamek bɛtoo Adam. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) Yɛrentumi nka nnyaw ne nanabarima Metusala ne ne nanankansowa Yared; Noa dii mfe 366 ansa na Yared rewu. * (Luka 3:36, 37) Ɛbɛyɛ sɛ saa mmarima yi ne wɔn yerenom na wɔmaa Noa hui sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa, na na ɔpɛ sɛ wɔwo mma a wɔyɛ treneefo hyɛ asase so mã. Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ wɔmaa Noa hui sɛ Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden wɔ Eden, na Noa ankasa huu ɛso nsunsuanso no. (Gen. 1:28; 3:16-19, 24) Sɛnea ɛte biara, nea Noa suae no kaa ne koma ma ɔsom Onyankopɔn.—Gen. 6:9.

6, 7. Anidaso bɛn na ɛhyɛɛ Noa gyidi den?

6 Anidaso hyɛ yɛn gyidi den. Ɛbɛyɛ sɛ na Noa din no kyerɛ “Ɔhome” anaa “awerɛkyekye,” na ebetumi akyerɛ anidaso nso. Ɛnde, bere a Noa hui sɛ saa na ne din no kyerɛ no, wo deɛ hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei! (Gen. 5:29) Onyankopɔn honhom kaa Lamek ma ɔkaa sɛ: “Oyi [Noa] na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, . . . yaw a yɛte wɔ yɛn nsa ano mu esiane asase a Yehowa domee no nti.” Ná Noa wɔ anidaso sɛ Onyankopɔn bɛma nneɛma ayɛ yiye. Habel ne Enok tenaa ase ansa na Noa reba; na wogye di sɛ ‘aseni’ bi bɛba abɛbɔ ɔwɔ no ti. Ná Noa nso wɔ saa gyidi no bi.—Gen. 3:15.

7 Ɛwom sɛ ebia Noa ante nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ase anwie deɛ, nanso akyinnye biara nni ho sɛ saa nkɔmhyɛ no ma onyaa anidaso sɛ daakye ogye bɛba. Ná Enok nso aka asɛm bi a ɛte sɛ ɛbɔ a Yehowa hyɛe wɔ Eden no; ɔkaa sɛ Onyankopɔn de atemmu bɛba abɔnefo so. (Yuda 14, 15) Enok asɛm a ɔkae no bɛba mu koraa wɔ Harmagedon. Ɛnyɛ dɛn ara a na wei bɛhyɛ gyidi ne anidaso a Noa wɔ mu den!

8. Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ a Noa nyae no, sɛn na ɛbɔɔ ne ho ban?

8 Sɛnea Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ boaa Noa. Noa nyaa nokware nimdeɛ; ɛma onyaa gyidi ne Onyankopɔn nyansa. Wei bɔɔ ne ho ban fii asiane ho, ɛnkanka, biribi a ɔbɛyɛ ama Yehowa werɛ ahow. Ɛho nhwɛso ni. Esiane sɛ Noa ne “nokware Nyankopɔn nantewee” nti, ɔne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn annantew, anaa ɔne wɔn ammɔ. Abɔfo a wɔdanee wɔn ho nnipa a wɔfrɛ wɔn adaemone no, na wɔwɔ ahoɔden soronko. Wei maa nkurɔfo ani gyee wɔn ho, na wotumi daadaa nnipa a wonni gyidi. Ɛbɛyɛ  sɛ nkurɔfo som wɔn sɛ anyame mpo. Nanso Noa deɛ, wɔantumi annaadaa no. (Gen. 6:1-4, 9) Afei nso, na Noa nim sɛ Yehowa aka akyerɛ nnipa sɛ wɔnwo nhyɛ asase so mã. (Gen. 1:27, 28) Enti bere a abɔfo danee wɔn ho nnipa bɛwaree mmea no, na Noa nim sɛ ɛnyɛ ne kwan so na ɛyɛ mfomso. Bere a wɔwoo mma a wɔsõsõ woware sen mmofra a aka nyinaa no, ɛma ɛdaa adi pefee sɛ nea abɔfo no yɛe no, ɛnyɛ ne kwan so na ɛyɛ mfomso. Bere bi akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔde Nsuyiri rebɛsɛe asase. Noa gyee asɛm a Yehowa kae no dii, na ɛkaa no ma ɔyɛɛ adaka no. Wei gyee ɔne n’abusua nkwa.—Heb. 11:7.

9, 10. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Noa gyidi?

9 Sɛnea yebenya Noa gyidi no bi. Ade a ɛbɛboa yɛn paa ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm yiye, yɛbɛma nea yesua no aka yɛn koma, yɛde nea yesua no bɛbɔ yɛn bra, na yɛama akyerɛ yɛn kwan. (1 Pet. 1:13-15) Yɛyɛ saa a, gyidi ne Onyankopɔn nyansa bɛbɔ yɛn ho ban, na Satan amfa ne nnaadaasɛm annya yɛn, na wiase honhom no nso anwiawia yɛn. (2 Kor. 2:11) Wiase honhom no ma nnipa ani gye basabasayɛ ne subammɔne ho. Epiapia nkurɔfo ma wodi akɔnnɔ bɔne akyi. (1 Yoh. 2:15, 16) Adanse wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn da kɛse no abɛn, nanso anhwɛ a wiase honhom no betumi ama wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no abu wɔn ani agu so. Kae sɛ bere a Yesu de yɛn bere yi totoo Noa nna ho no, wanka basabasayɛ anaa subammɔne ho asɛm; mmom na ɔrebɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na biribiara antwetwe yɛn amfi Onyankopɔn som ho.—Kenkan Mateo 24:36-39.

10 Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ minim Yehowa yiye? Gyidi a manya no, ɛka me sɛ memfa Onyankopɔn akwankyerɛ mmɔ me bra na menka ho asɛm nkyerɛ afoforo anaa?’ Mmuae a wobɛma no bɛma woahu sɛ wo nso wo ne ‘Onyankopɔn renantew’ anaa ɛnte saa.

DANIEL WƆ BABILON ABOSONSOMFO MU NO, ƆDAA ONYANKOPƆN NYANSA ADI

11. (a) Bere a Daniel yɛ aberante no, na ɔdɔ Onyankopɔn. Dɛn na wei ma yehu fa ntetee a onyae ho? (b) Daniel suban bɛn na wopɛ sɛ wusuasua?

11 Sɛnea Daniel huu Yehowa. Ɛbɛyɛ sɛ Daniel awofo kyerɛkyerɛɛ no yiye; wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnnɔ Yehowa na ɔmma n’ani nnye n’Asɛm no ho. Daniel de wei bɔɔ ne bra ne nkwa nna nyinaa. Daniel nkwakoraabere mu mpo, ɔkɔɔ so ara suaa Kyerɛwnsɛm no. (Dan. 9:1, 2) Ná Daniel nim Onyankopɔn yiye, na na onim nea Onyankopɔn ayɛ ama Israelfo nyinaa. Yehu wei wɔ mpae a Daniel brɛɛ ne ho ase fii ne komam bɔe a ɛwɔ Daniel 9:3-19 no. Adɛn na wunnye bere kakra nkenkan saa mpae no na wunnwinnwen ho? Sɛ worekenkan a, tɔ wo bo ase hwɛ nea wubetumi asua afa Daniel ho.

12-14. (a) Dɛn na Daniel yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn nyansa? (b) Daniel yɛɛ ade akokoduru so na odii Onyankopɔn nokware. Sɛn na Yehowa hyiraa no?

12 Sɛnea Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ boaa Daniel. Ná ɛyɛ den ma Yudani a odi nokware sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa wɔ Babilon abosonsomfo no mu. Ɛho nhwɛso ni. Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monhwehwɛ asomdwoe mma kurow a mama moakɔyɛ nkoa wɔ hɔ no.” (Yer. 29:7) Nanso bere koro no ara na Yehowa pɛ sɛ wɔde wɔn koma nyinaa som ɔno nkutoo. (Ex. 34:14) Dɛn na ɛboaa Daniel ma otumi dii ahyɛde mmienu yi nyinaa so? Ná ɔwɔ Onyankopɔn nyansa, enti ɛboaa no ma ohui sɛ ɛsɛ sɛ odi kan tie Yehowa ansa na watie wiase atumfoɔ no. Mfe pii akyi no, Yesu kyerɛkyerɛɛ saa nnyinasosɛm koro yi ara.—Luka 20:25.

13 Yɛnhwɛ nea Daniel yɛe bere a atumfoɔ no hyɛɛ mmara sɛ mma obiara mmisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade nnafua 30, gye ɔhene no. (Kenkan Daniel 6:7-10.) Anka Daniel betumi ayi ne ho ano aka sɛ: ‘Ɛyɛ nnafua 30 pɛ, ɛnyɛ afebɔɔ!’ Nanso Daniel amma  mmara a onipa ahyɛ ho anhia no ansen ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn. Ɛwom, anka obetumi akɔhyɛ baabi abɔ mpae a obiara nhu no. Nanso na onim sɛ obiara nim sɛ ɔbɔ mpae da biara da. Enti ɛwom sɛ na Daniel de ne nkwa reto asiane mu deɛ, nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrenyɛ biribiara a ɛbɛma nkurɔfo anya adwene sɛ wagyae Yehowa som.

14 Daniel nyaa akokoduru na odii Yehowa nokware, enti Yehowa hyiraa no; ɔnam anwonwakwan so gyee no fii owu yayaw mu. Nokwasɛm ne sɛ, saa anwonwade yi maa Yehowa ho asɛm trɛw kɔɔ Media ne Persia Ahemman no mu baabiara!—Dan. 6:25-27.

15. Yɛbɛyɛ dɛn anya Daniel gyidi no bi?

15 Sɛnea yebenya Daniel gyidi no bi. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den a, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no, na mmom yɛbɛkenkan ‘ate ase.’ (Mat. 13:23) Yɛpɛ sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho, na yehu Bible nnyinasosɛm a ɛfa ho. Enti, ehia sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Ade foforo a ɛho hia nso ne mpae a yefi yɛn koma mu bɔ, titiriw bere a yɛrehyia sɔhwɛ anaa ɔhaw foforo no. Yebetumi anya gyidi sɛ, sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa ne akokoduru a, Yehowa beyi ne yam de ama yɛn.—Yak. 1:5.

MMERE PA MU OO, MMERE BƆNE MU OO, HIOB DE ONYANKOPƆN NNYINASOSƐM YƐƐ ADWUMA

16, 17. Ɛyɛɛ dɛn na Hiob nyaa Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ?

16 Nea ɛyɛe a Hiob huu Yehowa. Ná Hiob nyɛ Israelni. Nanso na ɔyɛ Abraham, Isak, ne Yakob busuani, na na Yehowa aka ne ho nsɛm ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma akyerɛ wɔn. Enti ɔkwan bi so no, Hiob nso suaa saa nokware no ho ade pii. (Hiob 23:12) Hiob kaa sɛ: “Wo ho asɛm kɛkɛ na metee.” (Hiob 42:5) Bio nso, Yehowa ankasa kaa sɛ Hiob kaa ɔno Yehowa ho nokwasɛm.—Hiob 42:7, 8.

Yɛhwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ a, yehu ne suban, na wei hyɛ yɛn gyidi den (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17 Afei nso, Hiob hwɛɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ, na ohuu Onyankopɔn suban pii. (Hiob 12:7-9, 13) Akyiri yi, Elihu ne Yehowa nyinaa kaa abɔde ho nsɛm de kaee Hiob sɛ, sɛ yɛde nnipa toto sɛnea Onyankopɔn korɔn ho a, nnipa nsɛ hwee. (Hiob 37:14; 38:1-4) Asɛm a Yehowa kae no kaa Hiob koma, efisɛ ɔde ahobrɛase ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na biribiara nsõ wo yɛ. . . . Na manu me ho dɔte ne nsõ mu.”—Hiob 42:2, 6.

18, 19. Dɛn na Hiob yɛe de kyerɛe sɛ na onim Yehowa yiye?

 18 Sɛnea Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ boaa Hiob. Ná Hiob te Onyankopɔn nnyinasosɛm ase paa. Ná onim Yehowa yiye, na wei kaa no ma ɔyɛɛ adepa. Susuw wei ho hwɛ: Ná Hiob nim sɛ, sɛ ɔbɔ ne yɔnko nipa atirimɔden a, ɔrentumi nka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn mma ɛnyɛ yiye. (Hiob 6:14) Wammu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo, na mmom wɔn a wɔwɔ bi oo, wɔn a wonni bi oo, ɔne wɔn tenae sɛ ne nuanom. Hiob kaa sɛ: “Ɛnyɛ Nea ɔyɛɛ me ɔyafunu mu no ara na ɔyɛɛ no?” (Hiob 31:13-22) Wei ma yehu sɛ anuonyam ne sika a na Hiob wɔ no, amma wamma ne ho so na wammu ne ho sɛ ɔsen afoforo. Sɛ yɛde Hiob toto nnipa a wɔwɔ tumi ne sika wɔ wiase yi mu pii ho a, yebehu sɛ wɔnte sɛ Hiob koraa!

19 Hiob yii abosonsom biara fii n’akwan mu; wansusuw ho wɔ ne komam mpo. Ná onim sɛ obi de ne ho hyɛ atoro som mu, anaa odi ahonyade akyi a, ɛbɛkyerɛ sɛ wapo “nokware Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.” (Kenkan Hiob 31:24-28.) Ná obu aware sɛ ɛyɛ kronkron, na ɛyɛ ntam a ɔbarima ne ɔbea ka. Ɔne n’aniwa mpo yɛɛ apam sɛ ɔrenhwɛ ɔbea nnya ne ho akɔnnɔ bɔne. (Hiob 31:1) Kae sɛ, saa bere no, na Onyankopɔn ma kwan ma mmarima ware boro ɔbea baako. Enti sɛ Hiob pɛ a, anka obetumi aware ɔbea foforo aka ne yere ho. * Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na onim sɛ aware a Onyankopɔn hyehyɛe wɔ Eden no, na ɛyɛ ɔbarima baako ne ɔbea baako. Enti ɛbɛyɛ sɛ Hiob yɛɛ n’adwene sɛ ɛno na ɔde bɛyɛ adwuma. (Gen. 2:18, 24) Bɛyɛ mfe 1,600 akyi no, Yesu Kristo ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no no sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho akwankyerɛ pa a ɛwɔ hɔ no, ɛno ara na wɔmfa nyɛ adwuma.—Mat. 5:28; 19:4, 5.

20. Sɛ yehu Yehowa ne n’akwankyerɛ yiye a, sɛn na ɛboa yɛn ma yɛhwehwɛ nnamfo pa ne nneɛma a ɛfata a yɛde begye yɛn ani?

20 Sɛnea yebenya Hiob gyidi no bi. Ɛha nso, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa ho nokware nimdeɛ na yɛde bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu. Ɛho nhwɛso ni. Odwontofo Dawid kaa sɛ “obiara a n’ani gye awudisɛm ho no,” Yehowa “kra kyi no koraa.” Dawid bɔɔ kɔkɔ nso sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne “nkontompofo” bɔ. (Kenkan Dwom 11:5; 26:4.) Afei bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na saa Bible mu nsɛm no ma mihu fa Yehowa adwene ho? Sɛn na ɛsɛ sɛ wei ka nea ɛho hia me paa wɔ m’asetena mu, sɛnea mede Intanɛt di dwuma, wɔn a mepaw wɔn sɛ me nnamfo, ne nea mede gye m’ani?’ Mmuae a wobɛma no betumi aboa wo ama woahu sɛ wunim Yehowa yiye anaa. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn ho ba asɛm wɔ ɛnnɛ wiase bɔne a emu yɛ den yi mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn “adwene” sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe ne nea nyansa wom ne nea nyansa nnim.—Heb. 5:14; Efe. 5:15.

21. “Biribiara” a ehia sɛ yehu na ama yɛasɔ Yehowa ani no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama ‘yɛate ase’?

21 Esiane sɛ Noa, Daniel, ne Hiob de wɔn koma nyinaa hwehwɛɛ Yehowa nti, ɔma wohuu no. “Biribiara” a ehia sɛ wohu na ama wɔasɔ Yehowa ani no, ɔboaa wɔn ma ‘wɔtee ase.’ Adetrenee a wɔyɛe no yɛ nhwɛso ma yɛn, na sɛnea wɔbɔɔ wɔn bra no ma esii wɔn yiye ankasa. (Dw. 1:1-3) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Sɛnea na Noa, Daniel, ne Hiob nim Yehowa no, minim no saa?’ Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ Yehowa ama yɛahu ne ho nsɛm pii, enti yebetumi ahu no yiye asen saa mmarima anokwafo no! (Mmeb. 4:18) Enti tweetwee Onyankopɔn Asɛm mu yiye. Dwinnwen ho, na bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron. Woyɛ saa a, ɛbɛma woabɛn wo soro Agya no yiye paa. Afei nso, ɛbɛboa wo ama wode nhumu ne nyansa ayɛ adwuma wɔ nnɛ wiase bɔne yi mu.—Mmeb. 2:4-7.

^ nky. 5 Noa nanabarima Enok nso “kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee” sɛnea Noa yɛe no. Nanso, “Onyankopɔn faa no kɔe,” na bɛyɛ mfe 69 akyi na wɔwoo Noa.—Gen. 5:23, 24.

^ nky. 19 Yebetumi aka saa afa Noa nso ho. Ná ne yere yɛ baako. Ɛwom, bere a Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden wɔ Eden no, ankyɛ na mmarima fii ase waree mmea bebree.—Gen. 4:19.