Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa

 TI 41

Tumi A Ɔde Yɛɛ Anwonwade No Fi He?

Tumi A Ɔde Yɛɛ Anwonwade No Fi He?

MATEO 12:22-32 MARKO 3:19-30 LUKA 8:1-3

  • YESU FII N’ASƐNKA AKWANTU A ƐTƆ SO MMIENU NO ASE

  • ƆTUU AHONHOMMƆNE NA ƆKYERƐƐ BƆNE A WƆREMFA MFIRI

Bere a Yesu kaa bɔne fafiri ho asɛm wɔ Farisini Simon fie no, ɔfirii hɔ, na ɔsan fii ase tutuu akwan yɛɛ asɛnka adwuma wɔ Galilea. Ná wayɛ adwuma no bɛboro afe, na na asomafo 12 no ka ne ho. Afei nso na mmaa bi a “wasa wɔn yareɛ atu ahonhommɔne afiri wɔn” so ka ne ho. (Luka 8:2) Wɔn mu bi ne Maria Magdalene, Susana, ne Yoana. Ná Yoana kunu yɛ adwuma ma Ɔhene Herode Antipa.

Bere a Yesu ho asɛm retrɛw nyinaa, na ne ho akyinnye nso redɔɔso. Ɛho nhwɛso baako ne bere a wɔde ɔbarima bi brɛɛ no ma ɔsaa no yareɛ no. Onipa baakofo, na ahonhommɔne wɔ ne so, n’ani afura na ɔntumi nkasa. Ahonhommɔne no fii ɔbarima no so maa ne ho tɔɔ no; afei deɛ na ɔtumi hu ade tumi kasa. Asɛm no yɛɛ nkurɔfo nwonwa ma wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne Dawid Ba no anaa?”—Mateo 12:23.

Ankyɛ na nnipa bebree pu baa baabi a Yesu ne n’asuafo no te. Ná wɔdɔɔso araa ma Yesu ne n’asuafo no annya kwan mpo annidi. Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔbuu Yesu sɛ ɔno ne “Dawid Ba” a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Atwerɛfoɔ ne Farisifo bi twaa kwan fii Yerusalem baa hɔ. Wɔamma sɛ wɔrebɛsua biribi afiri Yesu hɔ anaasɛ wɔrebɛboa no. Mmom wɔkeka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ: “Ɔwɔ Beelsebub.” Ná wɔrepɛ akyerɛ sɛ Yesu ne “adaemone panin” no na ɛyɛ adwuma. (Marko 3:22) Yesu abusuafo tee gyegyeegye no, na wɔbaa hɔ sɛ wɔrebɛkyere Yesu akɔ. Adɛn ntia?

Saa bere no nyinaa na Yesu nuanom nnye nni sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. (Yohane 7:5) Sɛnea na wɔnim Yesu fi ne nkwadaaberem wɔ Nasaret no nti, na wɔnte ase sɛ ne nti ɛhɔ ayɛ gyegyeegye saa. Wɔn deɛ adwene a wɔnyae ara ne sɛ gyama  biribi nkɔ yie, enti wɔkaa sɛ: “N’adwene asɛe.”—Marko 3:21.

Enti na saa asɛm no yɛ nokware? Yɛrekasa yi, afei ara na na Yesu asa ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne so yareɛ ama watumi akasa ahu ade. Ná obiara ani tua, enti atwerɛfoɔ ne Farisifo no twaa nkontompo too Yesu so de sɛee ne din. Wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu adaemone sɛ Beelsebub, adaemone panin no.”—Mateo 12:24.

Ná Yesu nim nea ɛwɔ atwerɛfoɔ ne Farisifo no adwenem, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no dane amamfõ, na kuro anaa fie biara a ɛne ne ho di asie no rennyina. Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi asie, na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina?”—Mateo 12:25, 26.

Asɛm no mu da hɔ paa! Ná Farisifo no nim sɛ Yudafo bi tu ahonhommɔne. (Asomafoɔ Nnwuma 19:13) Enti Yesu bisaa sɛ: “Sɛ mede Beelsebub na ɛtu adaemone a, mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti mo akyidifoɔ bɛbu mo atɛn. Nanso sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu adaemone a, ɛnneɛ na Onyankopɔn ahennie anya ato mo.”—Mateo 12:27, 28.

Yesu maa mfatoho de kyerɛɛ sɛ ahonhommɔne a ɔtumi tu wɔn no kyerɛ sɛ ɔwɔ Satan so tumi. Ɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ awura ɔhoɔdenfoɔ bi fie akɔgye ne nneɛma? Gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no. Ɛno ansa na ɔbɛfom ne fie nneɛma. Deɛ ɔnni m’afa no sɔre tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.” (Mateo 12:29, 30) Biribiara kyerɛ sɛ na atwerɛfoɔ ne Farisifo no nni Yesu afa. Sɛ saa deɛ a, na wɔwɔ Satan afa. Ná Yehowa taa ne Ba Yesu akyi, nanso atwerɛfoɔ ne Farisifo no de sii wɔn ani so sɛ wɔbɛhwete nkurɔfo no na wɔanni Yesu akyi.

Yesu bɔɔ Satan akyitaafo no kɔkɔ sɛ: “Wɔde adeɛ nyinaa bɛfiri nnipa mma, a bɔne ko a wɔyɛ ne abususɛm a wɔka mfa ho. Nanso obiara a ɔka abususɛm tia honhom kronkron no rennya fafirie da, na mmom bɔne ho afobuo da ne so daa.” (Marko 3:28, 29) Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi de nea Onyankopɔn nam ne honhom so reyɛ ho anuonyam ma Satan a, ɛnde na ɔwɔ asɛm bɔ no pɔw paa!