Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ ɔsom a Onyankopɔn pene so mu. Yesu kae sɛ “nokware asomfo” bɛsom Onyankopɔn wɔ “nokware” mu. (Yohane 4:23, 24) Ɔkwan a ɛteɛ biako pɛ na ɛwɔ hɔ a wɔfa so som Onyankopɔn. (Efesofo 4:4-6) Nokware som kɔ daa nkwa mu, na atoro som kɔ ɔsɛe mu.—Mateo 7:13, 14.

Wubetumi ahu nokware som denam nnipa a wɔde wɔn ho hyem a wobɛhwɛ wɔn no so. Esiane sɛ Yehowa ye nti, ɛsɛ sɛ ne nokware asomfo yɛ nnipa pa. Sɛnea akutu dua pa sow akutu pa no, saa ara na nokware som nso ma yenya nnipa pa.—Mateo 7:15-20.

Yehowa nnamfo wɔ obu kɛse ma Bible no. Wonim sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ. Wɔma nea ɛka no kyerɛ wɔn kwan wɔ asetra mu, wɔde di wɔn haw ahorow ho dwuma, na wɔma ɛboa wɔn ma wosua Onyankopɔn ho ade. (2 Timoteo 3:16) Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nea wɔka no bɛbɔ wɔn bra.

 Yehowa nnamfo dodɔ wɔn ho. Yesu yii ɔdɔ adi kyerɛɛ nkurɔfo denam Onyankopɔn ho ade a ɔkyerɛɛ wɔn ne ayarefo a ɔsaa wɔn yare no so. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nokware som mu no nso yi ɔdɔ adi kyerɛ afoforo. Te sɛ Yesu no, wommu ahiafo anaa mmusua foforo animtiaa. Yesu kae sɛ nkurɔfo nam dɔ a n’asuafo dodɔ wɔn ho no so na ebehu wɔn.—Yohane 13:35.

Onyankopɔn nnamfo di ne din Yehowa no ni. So obi betumi ayɛ w’adamfo paa bere a ɔmfa wo din mfrɛ wo? Dabi! Sɛ yɛwɔ adamfo a, yɛde ne din frɛ no na yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ afoforo. Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo no de ne din frɛ no na wɔka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ saa.—Mateo 6:9; Romafo 10:13, 14.

Te sɛ Yesu no, Onyankopɔn nnamfo kyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn Ahenni no ho ade. Onyankopɔn Ahenni no yɛ ɔsoro nniso a ɛbɛyɛ asase paradise. Onyankopɔn nnamfo ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa yi kyerɛ afoforo.—Mateo 24:14.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. Wɔwɔ obu ma Bible no na wɔdodɔ wɔn ho. Wɔde Onyankopɔn din nso frɛ no na wodi no ni, na wɔkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni ho ade. Yehowa Adansefo de wɔn ho hyɛ nokware som mu wɔ asase so nnɛ.