Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae

 ASƐMMISA 3

Mɛyɛ Dɛn ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?

Mɛyɛ Dɛn ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?

NEA ENTI A EHIA

Wo ne w’awofo te yiye a, ɛboa wo ara.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Geoffrey adi mfe 17. Wukuda anwummere bi a wayɛ n’adwuma awie no, ogyaa ne ho too n’akongua mu sɔɔ TV.

Ne to kaa akongua ara, ne papa anim ni! Wohwɛ a ne bo afuw kakra.

Obuee n’ano ara na ɔde guu Geoffrey so: “Wobɛkɔ akɔboa wo nua ketewa ama wayɛ ne homework no TV na wote ha rehwɛ. W’aso nte asɛm, woahu?”

Geoffrey bɔɔ ne hwene, “Ɛnnɛ nso bio.”

Nea ɔkae no twaa ne papa asom, enti ɔbɛn no bisaa no sɛ: “Krakye, wose sɛn?”

Geoffrey yii n’ani too nkyɛn, na obuaa ne papa sɛ, “Menkaa hwee.”

Papa no bo fuw yiye, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛne me nkasa saa bio, woate anaa?”

Wone Geoffrey a, anka dɛn na wobɛyɛ na abufuw amma?

SUSUW HO HWƐ!

Wo ne w’awofo rebɔ nkɔmmɔ a, ɛte sɛ woreka kar. Sɛ wudu baabi na kwan asi a, wubetumi akɔfa baabi foforo.

 NHWƐSO BI NI:

Abaayewa bi a yɛfrɛ no Leah kae sɛ: “Ɛyɛ me den sɛ me ne me papa bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛtɔ da a, m’ani abere ne me papa rekasa no na watwa ne ho abisa me sɛ, ‘Wo ne me rekasa anaa?’”

[Kratafa 10 mfoni]

Ɔkwan si a, woman fa baabi foforo; enti hwɛ kwan a wobɛfa so ne w’awofo akasa

NNEƐMA MMIƐNSA WƆ HƆ A LEAH BETUMI AYƐ.

  1. Ɔbɛteɛm agu ne papa so.

    Leah bɛteɛm, “Ei dada, merekasa yi wonte? Ɛyɛ m’asɛnhia wae.”

  2. Obegyae asɛm no ka koraa.

    Leah bɛyɛ n’adwene sɛ ɔrenka n’asɛm nkyerɛ ne papa bio.

  3. Ɔbɛtwɛn bere pa na waka n’asɛm.

    Leah bɛsan akɔ ne papa nkyɛn ne no akɔbɔ nkɔmmɔ, anaasɛ ɔbɛkyerɛw no krataa.

Nneɛma mmiɛnsa yi mu nea ɛwɔ he na wobɛka sɛ Leah nyɛ?

SUSUW HO HWƐ: Leah papa adwene da baabi koraa, enti onnim nea ne ba no refa mu. Sɛ Leah fa a, ne nteɛteɛm no nkosi hwee. Ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma papa no atie no. Mmom ɛbɛkyerɛ sɛ Leah mmu ne papa na onni no ni. (Efesofo 6:2) Enti nteɛteɛm no mfa mfaso biara mma.

Ɔkwan si a, woman fa baabi foforo; enti hwɛ kwan a wobɛfa so ne w’awofo akasa

Ebia Leah bɛfa 2, nanso ɛmmoa no. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ biribi haw no a ne papa na obetumi aboa no; ontumi nyi no nsi nkyɛn. Nanso sɛ papa no nnim nea ɛhaw no a, ɔbɛyɛ dɛn aboa no? Enti twa ara na etwa sɛ ɔne ne papa bɔ nkɔmmɔ.

Sɛ Leah fa a, ɔremma nea aba no nsiw no kwan. Mmom ɔbɛhwehwɛ bere foforo asan akɔ asɛm no so. Sɛ Leah kyerɛw ne papa krataa a, Leah koma bɛtɔ ne yam ntɛm ara.

Ade baako a ɛyɛ wɔ krataa ho ne sɛ obetumi ato ne bo ase akyerɛw nea ɔpɛ sɛ ɔka biara. Leah papa kan krataa no a, obehu nea Leah repɛ akyerɛ. Wei bɛma papa no ahu nea ɛhaw ne ba no. Nea ɛto so 3 no bɛboa Leah ne ne papa nyinaa. Sɛ Leah kɔ ne papa nkyɛn ne no kɔbɔ nkɔmmɔ oo, sɛ ɔkyerɛw no krataa oo, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔde Bible afotu yi reyɛ adwuma: ‘Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba akyi.’—Romafo 14:19.

Dɛn bio na Leah betumi ayɛ?

Sɛ biribi aba wo tirim a, wubetumi akyerɛw ahyɛ ase ha. Afei kyerɛw nea ebefi mu aba.

 MA ASƐM NO MU NNA HƆ

Kae sɛ ɛnyɛ nea wobɛka biara na w’awofo bɛte ase.

NHWƐSO BI NI:

Yɛmfa no sɛ w’awofo bisaa wo sɛ: “Adɛn nti na woayɛ dinn saa?” Ɛnna wo nso wokae sɛ: “Mempɛ sɛ meka ho asɛm.”

Nanso ebia w’awofo bɛte ase sɛ: “Minnye mo nni na maka m’asɛm akyerɛ mo. Mewɔ ɔhaw bi a, me nnamfo na mɛka ho asɛm akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mo.”

Fa no sɛ asɛm bi ato wo na w’awofo pɛ sɛ wɔboa wo. Nanso wubuee w’ano ara, “Eye! Minim nea mɛyɛ.”

  • Nanso w’awofo bɛte ase sɛn?

  • Ebia dɛn na anka ɛsɛ sɛ woka?