1-3. (a) Dɛn na ɛkɔfaa asɛm baa Abigail fiefo so? (b) Dɛn na yebesua afa ɔbea nyansafo yi ho?

ABIGAIL hui wɔ aberante no anim sɛ ehu aka no. Ná ne koma atu—na na ntease wom. Ná asiane kɛse bi rebobɔ ba. Saa bere no ara mu no, na asraafo bɛyɛ 400 nam kwan so a na wɔawe ahinam so sɛ wobekum ɔbarima biara a ɔwɔ Abigail kunu Nabal fie. Dɛn ntia?

2 Nabal na ɔkɔfaa asɛm no nyinaa bae. Sɛnea na ɔtaa yɛ no, na wakasa animtiaabu so adi atirimɔdensɛm. Nanso, saa bere yi de, wamfa amfa yiye—ɔde n’asɛm kɔɔ ɔsahene a na ɔwɔ asraafo kuw a wonim akodi yiye na wodi no nokware no so. Afei, Nabal mmerante a wɔyɛ n’adwumayɛfo no mu biako a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ oguanhwɛfo no kɔkaa asɛm a na asi no kyerɛɛ Abigail, na na onim sɛ Abigail betumi ayɛ ho biribi de agye wɔn nkwa. Nanso, dɛn na na ɔbea biako betumi ayɛ de ako atia asraafodɔm?

Dɛn na na ɔbea biako betumi ayɛ de ako atia asraafodɔm?

3 Nea edi kan no, momma yensua biribi kakra mfa ɔbea nyansafo yi ho. Ná hena ne Abigail? Dɛn na ɛkɔfaa ɔhaw yi bae? Na dɛn na yebetumi asua afi gyidi a ɔdaa no adi no mu?

‘Onim Nyansa Yiye na Ne Ho Nso Yɛ Fɛ’

4. Ná Nabal yɛ onipa bɛn?

4 Ná Abigail ne Nabal yɛ nnipa baanu a wɔmfata wɔn ho sɛ awarefo. Ná Abigail yɛ ɔyere pa, nanso Nabal de, na ɔyɛ okunu bɔne. Nokwarem no, na ɔbarima no wɔ sika. Ɛno nti, na obu ne ho sɛ ɔyɛ onipa titiriw, nanso na afoforo bu no dɛn? Ɛyɛ den sɛ yebehu obi a Bible ka ne ho asɛmmɔne te sɛ Nabal. Nea ne din kyerɛ ankasa ne “Ogyimfo” anaa “Ɔkwasea.” So n’awofo na wɔde saa din no too no bere a wɔwoo no no, anaa ne suban nti na onyaa saa din no? Sɛnea ɛte biara no, na ne din ne ne honam sɛ. Ná Nabal ‘asɛm yɛ den, na na ne nneyɛe nye.’ Ná ɔyɛ osisifo ne ɔsabofo a nnipa pii suro no, na na wɔmpɛ n’asɛm nso.—1 Sam. 25:2, 3, 17, 21, 25.

5, 6. (a) Wususuw sɛ dɛn ne Abigail su a na ɛyɛ fɛ sen biara? (b) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Abigail waree ɔbarima huhuni a ɔte saa?

 5 Ná ɛsono Abigail suban, ɛnna ɛsono Nabal de koraa. Abigail din no ase ne “M’agya Ama N’ani Agye.” Agyanom pii ani gye ho sɛ wɔwɔ mmabea a wɔn ho yɛ fɛ, nanso agya pa ani gye paa bere a ohu sɛ ne ba da suban pa adi no. Mpɛn pii no, sɛ obi ho yɛ fɛ a, ɛyɛ a onhu hia a ehia sɛ onya suban pa te sɛ nyansa, akokoduru, anaa gyidi. Ná Abigail nte saa. Bible kamfo no wɔ ne nyansa ne n’ahoɔfɛ ho.—Monkenkan 1 Samuel 25:3.

6 Ɛnnɛ, ebia ɛbɛyɛ ebinom nwonwa sɛ ababaa a onim nyansa saa kɔwaree ɔbarima huhuni a ɔte saa. Kae sɛ, wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, awofo na na wɔyɛ aware ho nhyehyɛe ma wɔn mma. Sɛ awofo anyɛ saa mpo a, na ɛho hia paa sɛ wɔpene so ansa na wɔaware. So Abigail awofo penee saa aware no so, anaa mpo wɔn na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe ma wɔwaree esiane sɛ na Nabal yɛ ɔdefo a wagye din nti? So na ahia wɔn nti na wɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛte biara no, sika a na Nabal wɔ no amma wanyɛ okunu pa.

7. (a) Sɛ awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ pɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wonya adwene a ɛfata wɔ aware ho a, dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ? (b) Dɛn na na Abigail asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

7 Awofo pa kyerɛkyerɛ wɔn mma yiye ma wonya adwene a ɛfata wɔ aware ho. Wɔnnka nnkyerɛ wɔn mma sɛ wɔnware obi esiane ne sika nti, na saa ara nso na wɔnhyɛ wɔn sɛ wɔnhwehwɛ obi nware no bere a wonnyinii koraa sɛ wobetumi adi aware mu asɛyɛde ho dwuma sɛ okunu anaa ɔyere. (1 Kor. 7:36) Nanso, Abigail de, wannya kwan ansusuw nneɛma a ɛte saa ho. Sɛnea ɛte biara no, na waware Nabal, na osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama aware bɔne a wakɔ no ayɛ yiye.

‘Ɔteɛteɛɛ Wɔn Yeyaw Wɔn’

8. Hena na na Nabal ayeyaw no no, na dɛn nti na wobɛka sɛ na nyansa nnim koraa sɛ ɔyɛɛ saa?

8 Afei de, na Nabal ama nneɛma mu ayɛ den kɛse paa ama Abigail. Ɔbarima a na wayeyaw no no nyɛ obiara sɛ Dawid. Ná Dawid yɛ Yehowa somfo nokwafo a odiyifo Samuel asra no, kyerɛ sɛ, ɔno na na Onyankopɔn apaw no sɛ ommesi Saul ananmu sɛ ɔhene. (1 Sam. 16:1, 2, 11-13) Bere a na Dawid ne n’asraafo 600 a wɔka no ho no reguan afi Ɔhene Saul a na ɔyɛ ahoɔyaw ne owudifo no anim no, wɔkɔtenaa sare so.

9, 10. (a) Tebea bɛn mu na na Dawid ne ne mmarima no repere sɛ wobenya wɔn ti adidi mu? (b) Dɛn nti na na anka ɛsɛ sɛ Nabal kyerɛ anisɔ wɔ nea na Dawid ne ne mmarima no reyɛ no ho? (Hwɛ nkyekyɛm 10 no ase hɔ asɛm no nso.)

9 Ná Nabal te Maon, nanso na ɔyɛ adwuma wɔ Karmel a ɛbɛn  hɔ no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ asase wɔ hɔ. * Ná saa nkurow no da mmepɔw a sare frɔmfrɔm wɔ so so ma enti na ɛyɛ baabi pa a wɔyɛn nguan, na na Nabal wɔ nguan 3,000 wɔ hɔ. Ná ɛhɔ nyinaa yɛ nwura kusuu. Ná Paran sare kɛse no da anafo fam. Sɛ wode w’ani kyerɛ apuei fam a, na worekɔ Nkyene Po a ɛda asase pradadaa a mmonkyimmɔnka ne abodan wɔ so no so. Saa ɔmantam yi mu na na Dawid ne ne mmarima no akɔhyɛ repere sɛ wobenya wɔn ti adidi mu, na akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn ankasa hwehwɛɛ wɔn ano aduan, na wohyiaa tebea ahorow a emu yɛ den pii. Ná wɔtaa hyia mmerante a wɔhwɛ Nabal a ɔyɛ ɔdefo no nguan no.

10 Saa asraafo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden no ne nguanhwɛfo no dii no dɛn? Ná anka ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ bere ne bere mu wobekum nguan no bi awe, nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa. Mmom no, wɔbɔɔ Nabal nkoa ne ne nguan no ho ban. (Monkenkan 1 Samuel 25:15, 16.) Ná nguan ne nguanhwɛfo hyia asiane pii, na na nkekaboa pii nso wɔ hɔ. Ná ɛhɔ bɛn Israel anafo hye so paa ma enti na afowfo ne akorɔmfo a wɔyɛ ananafo taa bɛtow hyɛ wɔn so. *

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid daa anifere ne obu adi wɔ asɛm a ɔma wɔkɔka kyerɛɛ Nabal no mu? (b) Mfomso bɛn na ɛwɔ nea Nabal yɛe wɔ asɛm a Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ no no ho?

11 Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den sɛ Dawid bɛma saa mmarima no nyinaa aduan wɔ sare no so. Enti da bi, ɔsomaa mmarima du kɔɔ Nabal nkyɛn kɔhwehwɛɛ mmoa. Dawid hwɛɛ bere a ɛfata na ɔsomaa wɔn. Ná ɛyɛ bere a wotwitwa nguan ho nhwi, na na wɔtaa da ayamye adi saa bere no. Dawid san hwɛɛ nsɛm a ɔkae no yiye; ɔde obu ne nidi maa no. Ɔkae mpo sɛ wɔnka ne ho asɛm nkyerɛ Nabal sɛ “wo ba Dawid” na asoma yɛn; ebia na Nabal anyin sen no nti na ɔkaa saa. Nabal yɛɛ n’ade dɛn?—1 Sam. 25:5-8.

12 Ne bo fuwii paa! Aberante a yɛkaa ne ho asɛm wɔ ti yi mfiase no ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Wateɛteɛ wɔn ayeyaw wɔn.” Otirimɔdenfo Nabal teɛteɛɛm guu wɔn so sɛ ɔremfa n’aduan, ne nsã, ne nsu, ne ne nam a wakum mma wɔn. Odii Dawid ho fɛw sɛ ɔyɛ onipa hunu, na ɔte sɛ akoa a waguan afi ne wura nkyɛn. Ɛbɛyɛ sɛ na Nabal wɔ adwene a na Saul a ɔtan Dawid wɔ no bi. Ná wɔn mu biara nni Yehowa adwene. Ná Onyankopɔn dɔ Dawid, na na onim no sɛ ɔhene a obedi Israel so daakye, na mmom na ɔnyɛ akoa a watew atua.—1 Sam. 25:10, 11, 14.

13. (a) Mfiase no, dɛn na Dawid yɛe bere a Nabal yeyaw no no? (b) Dɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 1:20 no ma yehu fa nea Dawid yɛe no ho?

 13 Bere a nkurɔfo a Dawid somaa wɔn no bɛkaa nea asi no kyerɛɛ no no, ne bo fuwii yiye. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara mfa ne nkrante mmɔ n’asen!” Dawid faa n’akode, na odii ne mmarima 400 anim sɛ wɔrekotow ahyɛ wɔn so. Ɔkaa ntam sɛ obekum ɔbarima biara a ɔwɔ Nabal fie. (1 Sam. 25:12, 13, 21, 22) Ntease wom sɛ Dawid bo fuwii, nanso na ɔkwan a ɔrefa so ada n’abufuw adi no nyɛ papa. Bible ka sɛ: “Onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” (Yak. 1:20) Nanso, na Abigail bɛyɛ dɛn atumi agye ne fiefo nkwa?

“Nhyira Nka Wo Nyansa”

14. (a) Anammɔn a edi kan bɛn na Abigail tui sɛ obesiesie mfomso a na Nabal adi no? (b) Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi anya afi nsonsonoe a na ɛwɔ Nabal ne Abigail suban mu no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

14 Yɛahu dedaw sɛ Abigail atu anammɔn a edi kan sɛ obesiesie mfomso kɛse a na ne kunu adi no. Wanyɛ n’ade te sɛ ne kunu Nabal; ɔyɛɛ aso tiei. Aberante no kyerɛɛ nea enti a wankɔka asɛm no ankyerɛ Nabal. Ɔkae sɛ: “Ɔyɛ ɔbarima huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.” * (1 Sam. 25:17) Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane sɛ na Nabal bu ne ho sɛ ɔyɛ onipa titiriw nti, na ontie obiara asɛm. Ɛde besi nnɛ mpo, nnipa a wɔyɛ ahantan saa pii wɔ wiase. Nanso, na aberante no nim sɛ Abigail nte saa, na ɛno nti na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no.

Abigail anyɛ n’ade te sɛ Nabal; ɔyɛɛ aso tiei

15, 16. (a) Dɛn na Abigail yɛe a ɛma yehu sɛ na ɔte sɛ ɔyere pa a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no? (b) Dɛn nti na nea Abigail yɛe no nkyerɛ sɛ na ɔretew atua atia hokwan a ne kunu wɔ sɛ abusua ti no?

15 Abigail susuw nneɛma ho yɛɛ n’ade ntɛm. Yɛkenkan sɛ: “Ɛhɔ ara na Abigail yɛɛ ntɛm.” Wɔ saa asɛm koro yi ara mu no, yehu sɛ wɔde adeyɛ asɛm koro no ara a ɛne ‘ɔyɛɛ ntɛm’ no dii dwuma mpɛn anan faa saa ɔbea yi ho. Ɔboaboaa akyɛde pii ano kɔmaa Dawid ne ne mmarima no. Akyɛde no bi ne paanoo, bobesa, nguan, nkyewe, bobe tetare, ne borɔdɔma aba a wɔabɔ no atɔwatɔw. Ɛda adi sɛ na Abigail nim nneɛma a ɔwɔ no yiye, na ɔno na na ɔhwɛ nea ɛkɔ so wɔ ne fie hɔ no so te sɛ ɔyere pa a wɔkaa ne ho asɛm akyiri yi wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no. (Mmeb. 31:10-31) Ɔde nneɛma no dii kan somaa ne nkoa no bi, na akyiri yi ɔno nkutoo kɔe. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Na ne kunu Nabal de, wanka hwee ankyerɛ no.”—1 Sam. 25:18, 19.

 16 So eyi kyerɛ sɛ na Abigail retew atua atia hokwan a ne kunu wɔ sɛ abusua ti no? Dabi; kae sɛ na Nabal ayɛ bɔne atia Yehowa somfo a na wɔasra no no, bɔne a na anka ebetumi ama wɔakunkum Nabal fiefo pii a wɔn ho nni asɛm no. Sɛ Abigail anyɛ asɛm no ho biribi a, so anka ɔno nso renni fɔ wɔ bɔne a na ne kunu ayɛ no ho? Ná ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma Onyankopɔn wɔ saa asɛm yi mu sen sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn na Abigail faa so kɔɔ Dawid anim, na asɛm bɛn na ɔkae? (b) Dɛn na ɛmaa n’asɛm no kaa Dawid koma?

17 Ankyɛ na Abigail hyiaa Dawid ne ne mmarima no. Saa bere yi nso, ɔyɛɛ ntɛm si fii n’afurum no so kotow Dawid anim, na ɔde n’anim butuw fam. (1 Sam. 25:20, 23) Afei, ɔkaa nea ɛwɔ ne komam nyinaa kyerɛɛ Dawid, na ɔsrɛɛ no denneennen sɛ onhu ne kunu ne ne fiefo nyinaa mmɔbɔ. Dɛn na ɛmaa n’asɛm no kaa Dawid koma?

“Mesrɛ wo, ma w’afenaa nkasa w’asom”

18 Ogyee asɛm a na asi no ho asodi too no ho so, na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Ɔkaa no pefee sɛ ne kunu no yɛ ogyimfo sɛnea ne din kyerɛ no, ebia nea na ɔrekyerɛ ankasa ne sɛ ɛmfata onuonyamfo a ɔte sɛ Dawid sɛ ɔne onipa huhuni a ɔte saa no bɛham. Abigail daa no adi sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ Dawid yɛ Yehowa nanmusifo, na ogye toom sɛ ɔko a na ɔreko no yɛ “Yehowa ko.” Ɔsan nso daa no adi sɛ, onim ɛbɔ a Yehowa ahyɛ afa Dawid ne n’ahenni no ho no, efisɛ ɔkae sɛ: “Yehowa bɛyɛ . . . wo Israel so panyin.” Afei nso, ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ mma ɔnyɛ biribiara a ebetumi ama wadi mogya ho fɔ, anaa biribi a akyiri yi ebetumi ‘ahaw n’ahonim.’ (Monkenkan 1 Samuel 25:24-31.) Asɛm a ɛka koma bɛn ara ni!

19. Dɛn na Dawid yɛe wɔ asɛm a Abigail kae no ho, na dɛn nti na ɔkamfoo Abigail?

19 Dɛn na Dawid yɛe? Ogyee akyɛde a Abigail de brɛɛ no no, na ɔkae sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi! Nhyira nka wo nyansa, na nhyira nka wo sɛ woayi me afi mogya ho afɔdi mu na m’ankasa mamfa me nsa antɔ were.” Dawid kamfoo Abigail wɔ akokoduru a onyae de behyiaa no ntɛm no ho, na ogye toom sɛ wayi no afi mogya ho afɔdi mu. Ɔka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Foro kɔ wo fie asomdwoe mu.” Afei, Dawid de ahobrɛase kae sɛ: “Matie wo nne.”—1 Sam. 25:32-35.

“W’afenaa Ni”

20, 21. (a) Dɛn na w’ani gye ho wɔ ɔpɛ a Abigail nyae sɛ ɔbɛsan akɔ ne kunu nkyɛn no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Abigail de akokoduru ne nyansa yɛɛ adwuma wɔ bere a ɔpawee sɛ ɔne Nabal bɛkasa no ho?

20 Bere a Abigail fii hɔ no, ɔkɔɔ so dwenee nea esii bere a wohyiae no ho, na ɛbɛyɛ sɛ ohuu nsonsonoe a ɛwɔ saa ɔbarima nokwafo ne ɔyamyefo no ne ne kunu a ɔyɛ osisifo no ntam. Nanso, wankɔ so annwinnwen nneɛma a ɛte saa ho. Yɛkenkan sɛ: “Akyiri yi  Abigail baa Nabal nkyɛn.” Ɔsan kɔɔ ne kunu no nkyɛn a na wasi ne bo paa sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de adi n’asɛyɛde ho dwuma sɛ ɔyere. Ná ɛsɛ sɛ ɔka akyɛde a ɔde kɔmaa Dawid ne ne mmarima no ho asɛm kyerɛ ne kunu no, efisɛ na ɛsɛ sɛ ɔte ho asɛm. Ná ɛsɛ sɛ ɔsan nso ka asiane a anka ɛrebɛto wɔn no ho asɛm kyerɛ no ansa na wakɔte wɔ baabi foforo; anka eyi bɛma n’anim agu ase pɔtɔɔ. Nanso, na ɔrentumi nka asɛm no nkyerɛ no saa bere no. Ná Nabal atow pon te sɛ ɔhene, na na wabow titaa.—1 Sam. 25:36.

Abigail de akokoduru kaa nea na wayɛ de agye Nabal nkwa no kyerɛɛ no

21 Abigail san de akokoduru ne nyansa yɛɛ adwuma, na ɔtwɛn kosii ɛda a edi hɔ anɔpa, bere a na nsã no atetew ne kunu no ani so no. Ná ebedu saa bere no na n’ani so ada hɔ a ɛbɛma wate asɛm a ɔbɛka akyerɛ no no ase, na na ne bo betumi afuw kɛse paa nso. Eyinom nyinaa akyi no, Abigail kɔɔ ne kunu no nkyɛn kɔkaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔhwɛ kwan sɛ ne bo befuw kɛse na ebia wayɛ basabasa. Nanso, ɔtenaa hɔ komm a wankeka no ho.—1 Sam. 25:37.

22. Dɛn na ɛtoo Nabal, na dɛn na yebetumi asua afi ateeteesɛm anaa ayayade biara a ɛkɔ so wɔ afie mu no mu?

22 Dɛn na na ayɛ ɔbarima no? “Ne koma wui ne mu, na ɔyɛe sɛ ɔbo.” Ɛbɛyɛ sɛ ne fã dwudwoe. Na bɛyɛ nnafua du akyi no, owui. Ɛnyɛ yare kɛkɛ na ekum no. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Yehowa bɔɔ Nabal ma owui.” (1 Sam. 25:37, 38) Bere a Yehowa bɔɔ no kum no no, afei na bere tenten a Abigail de ahu amane wɔ aware mu no aba awiei. Ɛwom sɛ ɛnnɛ, Yehowa mfa ne ho nnye nsɛm mu mmu atɛn anwonwakwan so saa de, nanso saa asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa hu ateeteesɛm ne ayayade biara a ɛkɔ so wɔ afie mu no. Sɛnea ɛte biara no, obebu atɛntrenee wɔ n’ankasa bere a wahyɛ mu.—Monkenkan Luka 8:17.

23. Nhyira foforo bɛn na Abigail nyae, na dɛn na ɔkae a ɛkyerɛ sɛ na Dawid a ɔrebɛware no no mma ɔnsesae?

23 Ahotɔ a Abigail nya fii aware bɔne mu akyi no, ɔsan nyaa nhyira foforo. Bere a Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Abigail sɛ ɔbɛware no. Abigail nso kae sɛ: “W’afenaa ni, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura nkoa nan ho.” Ɛda adi sɛ na hokwan a wanya rebɛware Dawid no mma ɔnsesaa suban pa a ɔwɔ no; ɔkae mpo sɛ ɔbɛyɛ afenaa ama Dawid nkoa! Yɛsan kenkan Abigail ho asɛm bio sɛ ɔyɛɛ ntɛm, na saa bere yi de, ɔboaboaa ne ho kɔɔ Dawid fie.—1 Sam. 25:39-42.

24. Nsɛnnennen bɛn na Abigail hyiae wɔ aware foforo a ɔkɔe no mu, nanso Abigail kunu ne ne Nyankopɔn buu no dɛn?

 24 Ná eyi nkyerɛ sɛ afei de Abigail bɛfa biribiara ahogono so; ná ɔne Dawid asetena renyɛ fofoofo bere nyinaa. Ná Dawid adi kan aware dedaw a wɔfrɛ no Ahinoam; ɛwom sɛ na Onyankopɔn ama awaredodow hokwan de, nanso ɛda adi sɛ ɛmaa mmea anokwafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no hyiaa nsɛnnennen. Saa bere no, na Dawid nnya mmɛyɛɛ ɔhene; ná obedi akwanside ne ɔhaw pii so ansa na wadi hene sɛ Yehowa nanmusifo. Nanso, bere a Abigail boaa Dawid na ɔtaa n’akyi wɔ ɔne n’asetena nyinaa mu na awiei koraa no ɔwoo ɔbabarima maa Dawid no, obehui sɛ wanya okunu a obu no na ɔbɔ ne ho ban. Bere bi mpo de, Dawid gyee no fii nnipa a wɔkyere nkurɔfo sie nsam! (1 Sam. 30:1-19) Enti, Dawid suasuaa Yehowa Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne anisɔ ma mmea a wɔte saa a wonim nyansa, wɔwɔ akokoduru, na wɔyɛ anokwafo no.

^ nky. 9 Karmel a yɛreka ho asɛm yi nyɛ Bepɔw Karmel a agye din a ɛwɔ atifi fam nohoa, baabi a akyiri yi odiyifo Elia ne Baal adiyifo no dii asi no. (Hwɛ Ti 10.) Saa Karmel yi yɛ kurow a na ɛda anafo fam sare no ano.

^ nky. 10 Ɛbɛyɛ sɛ Dawid tee nka sɛ sɛ ɔbɔ ɛhɔfo ne wɔn nguan ho ban a, na ɔreyɛ ama Yehowa Nyankopɔn. Saa bere no, na Yehowa pɛ sɛ Abraham, Isak, ne Yakob asefo na wɔtena saa asase no so. Enti sɛ na ɔbɔ asase no ho ban fi afowfo a wɔyɛ ananafo no ho a, na ɔreyɛ ama Onyankopɔn.

^ nky. 14 Nea asɛm a aberante no de dii dwuma kyerɛ ankasa ne “belial ba (ahuhude).” Bible nkyerɛase afoforo kyerɛ saa asɛm a ɛfa Nabal ho yi ase, na ɛde asɛm foforo ka ho sɛ ɔyɛ “ɔbarima a ontie nea obiara ka,” na ɛde ba awiei sɛ “mfaso nni so sɛ obi ne no bɛkasa.”