Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm

Adesua 69: Abeawa Boa Otumfoɔ Bi

Adesua 69: Abeawa Boa Otumfoɔ Bi

WUNIM asɛm a abeawa ketewa yi reka? Ɔreka Yehowa diyifo Elisa ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa boa no ma ɔyɛ no ho asɛm akyerɛ awuraa no. Awuraa no nnim Yehowa ho hwee efisɛ ɔnyɛ Israelni. Ɛnde, ma yɛnhwɛ nea enti a abeawa no wɔ awuraa no fie.

Awuraa no yɛ Siriani. Ne kunu ne Naaman, Siria asraafo panyin. Siriafo kyeree Israelni abeawa yi, na wɔde no brɛɛ Naaman yere sɛ ɔnyɛ n’afenaa.

Naaman yere ne n’afenaa

Na ɔyare bɔne bi aka Naaman a wɔfrɛ no kwata. Saa yare yi tumi ma obi nsateaa twitwa. Enti asɛm a abeawa no reka akyerɛ Naaman yere ne sɛ: ‘Me yam a anka me wura betumi akɔ Yehowa diyifo a ɔwɔ Israel no nkyɛn. Anka ɔbɛma ne kwata no akɔ.’ Akyiri yi wɔkaa eyi kyerɛɛ awuraa no kunu.

Na Naaman pɛ sɛ ne yare no kɔ; enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Israel. Okoduu hɔ no, ɔkɔɔ Elisa fie. Elisa maa n’akoa pue kɔka kyerɛɛ Naaman sɛ onkoguare Yordan Asubɔnten no mu mpɛn ason. Eyi hyɛɛ Naaman abufuw kɛse, na ɔkae sɛ: ‘Nsubɔnten a ɛwɔ me kurom no ye sen asubɔnten biara a ɛwɔ Israel!’ Bere a ɔkaa eyi no, Naaman fii hɔ.

Nanso ne nkoa no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Me wura, sɛ Elisa ka kyerɛɛ wo sɛ yɛ biribi a ɛyɛ den a, anka wobɛyɛ. Na dɛn nti na wuntumi nkoguare, sɛnea ɔkae no?’ Naaman tiee n’akoa no na ɔde ne ho kɔbɔɔ Yordan Asubɔnten no mu mpɛn ason. Ɔyɛɛ saa no, ne yare no kɔe na ne honam ani yɛɛ fɛfɛɛfɛ!

Naaman ani gyei. Ɔsan kɔɔ Elisa nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Afei de mahu sɛ Israel Nyankopɔn no ne nokware Nyankopɔn koro pɛ asase nyinaa so. Enti, mesrɛ wo, gye akyɛde yi.’ Nanso Elisa buae sɛ: ‘Dabi, merennye.’ Na Elisa nim sɛ ɛrenyɛ papa sɛ obegye akyɛde no, efisɛ Yehowa na ɔsaa Naaman yare. Nanso na Elisa akoa Gehasi pɛ akyɛde no.

Enti nea Gehasi yɛe ni. Bere a Naaman sii kwan so a ɔrekɔ no, Gehasi dii n’akyi kɔtoo no. Gehasi kae sɛ: ‘Elisa asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ ma no w’akyɛde no bi na ɔmfa mma nnamfo bi a wɔaba ne nkyɛn.’ Nanso na ɔboa. Na Naaman nnim sɛ ɛyɛ atoro; enti ɔde nneɛma no bi maa Gehasi.

Bere a Gehasi san baa fie no, na Elisa nim nea wayɛ. Yehowa ka kyerɛɛ no. Enti ɔkae sɛ: ‘Esiane sɛ woayɛ ade bɔne yi nti, Naaman kwata no bɛba wo so.’ Na amonom hɔ ara ɛbaa no so!

Dɛn na yebetumi asua afi eyi nyinaa mu? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ abeawa no na yɛka Yehowa ho asɛm. Ebetumi aboa kɛse. Nea etia abien, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan sɛnea Naaman dii kan yɛe no, na mmom ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn asomfo. Na nea ɛto so abiɛsa, ɛnsɛ sɛ yedi atoro te sɛ Gehasi. Yetumi sua nneɛma pii fi Bible akenkan mu, ɛnte saa anaa?

2 Ahene 5:1-27.



Nsɛmmisa

  • Wɔ mfonini no mu no, dɛn na abeawa ketewa no reka akyerɛ awuraa no?
  • Hena ne awuraa a ɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn na abeawa ketewa yi reyɛ wɔ awuraa no fie?
  • Dɛn na Elisa maa n’akoa kɔka kyerɛɛ Naaman, na dɛn nti na Naaman bo fuwii?
  • Dɛn na esii bere a Naaman tiee ne nkoa no?
  • Dɛn nti na Elisa annye Naaman akyɛde no, na dɛn na Gehasi yɛe?
  • Dɛn na ɛbaa Gehasi so, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

Nsɛmmisa foforo

  • Kenkan 2 Ahene 5:1-27.

    Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Israelni abeawa ketewa no yɛe no betumi ahyɛ mmofra nkumaa nkuran nnɛ? (2 Ahe. 5:3; Dw. 8:2; 148:12, 13)

    Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Naaman nhwɛso no bere a wofi Kyerɛwnsɛm mu tu yɛn fo no? (2 Ahe. 5:15; Heb. 12:5, 6; Yak. 4:6)

    Dɛn na yebetumi asua afi Elisa nhwɛso no a yɛde bɛtoto Gehasi de ho no mu? (2 Ahe. 5:9, 10, 14-16, 20; Mat. 10:8; Aso. 5:1-5; 2 Kor. 2:17)

SUA PII

BRA BƐYƐ YEHOWA ADAMFO

Yehowa Bɛma Wo Akokoduru

Wopɛ sɛ woka Yehowa ho asɛm kyerɛ nkurɔfo anaa? Dɛn na ɛbɛma woanya akokoduru ayɛ saa?