Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?

 TI DUNAN

W’abusua Betumi Anya Anigye

W’abusua Betumi Anya Anigye

1, 2. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ abusua biara nya?

YEHOWA NYANKOPƆN na ɔhyehyɛɛ aware a edi kan. Bible ka sɛ, bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbea a odi kan no, “ɔde no brɛɛ onipa no.” Adam huu ɔbea no, n’ani gyei araa maa ɔkae sɛ: “Me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” (Genesis 2:22, 23) Wei ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ awarefo ani gye.

2 Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a anigye a wɔfrɛ no anigye, wonnyaa bi wɔ wɔn abusua mu da. Nanso nsɛm pii wɔ Bible mu a sɛ abusua no muni biara de yɛ adwuma a, ebetumi aboa ama anigye ne baakoyɛ aba abusua no mu.—Luka 11:28.

NEA ONYANKOPƆN PƐ SƐ OKUNUNOM YƐ

3, 4. (a) Sɛn na ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ne yere tena? (b) Adɛn nti na ehia sɛ ɔbarima de ne yere mfomso kyɛ no na ɔbea nso de ne kunu deɛ kyɛ no?

3 Bible se ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere na odi no ni. Yɛsrɛ wo kenkan Efesofo 5:25-29. Ɛsɛ sɛ ɔbarima dɔ ne yere bere nyinaa. Afei nso ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no bɔ ne ho ban, na ɛnsɛ sɛ ɔteetee no.

4 Sɛ ɔbea di mfomso a, dɛn na ɛsɛ sɛ ne kunu yɛ? Bible tu okununom fo sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom, na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” (Kolosefo 3:19) Okununom, monkae sɛ mo nso mudi mfomso. Sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn de wo mfomso kyɛ wo a, ɛnde ɛsɛ sɛ wode wo yere deɛ kyɛ  no. (Mateo 6:12, 14, 15) Ɔbea ne okunu wɔ hɔ na sɛ obiara yi ne yam de ne yɔnko mfomso kyɛ no a, ɛboa ma anigye tena aware no mu.

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbarima di ne yere ni?

5 Nea Yehowa pɛ ne sɛ ɔbarima bedi ne yere ni. Ɛsɛ sɛ ɔbarima ma ne yere asɛm hia no paa. Wei nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɔtoto no ase. Efisɛ, sɛ ɔbarima bi ne ne yere anni no yiye a, anhwɛ a Yehowa rentie ne mpaebɔ. (1 Petro 3:7) Sɛ obi dɔ Yehowa a, Yehowa nso ani gye ne ho. Ɔnhwɛ sɛ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima.

6. Sɛ Bible ka sɛ okunu ne ne yere yɛ “ɔhonam koro” a, ɛkyerɛ sɛn?

6 Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɔbarima ne ne yere nyɛ “baanu bio, na mmom ɔhonam koro.” (Mateo 19:6) Enti ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho nokware, na ɛnsɛ sɛ baako fi ne yɔnko akyi. (Mmebusɛm 5:15-21; Hebrifo 13:4) Ɛba nna a, ɛnsɛ sɛ awarefo bɔ wɔn ho atirimɔden. (1 Korintofo 7:3-5) Ɛsɛ sɛ okunu kae sɛ “onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.” Enti ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yere na n’ani kũ ne ho. Ade a ɔbea pɛ ara ne sɛ ne kunu bɛdɔ no na woahu sɛ odwen ne ho.—Efesofo 5:29.

NEA ONYANKOPƆN PƐ SƐ ƆYERENOM YƐ

7. Adɛn nti na ehia sɛ abusua biara nya obi a ɔbɛkyerɛ wɔn kwan?

7 Sɛ biribiara bɛkɔ yiye wɔ abusua no mu a, ehia sɛ wonya obi a ɔda abusua no ano ma ɔkyerɛ wɔn kwan. Asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 11:3 no ka sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.”

8. Dɛn na ɔbea bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔwɔ obu kɛse ma ne kunu?

8 Okunu biara betumi adi mfomso. Nanso sɛ ɔbarima  si gyinae na ne yere taa n’akyi a, ɛboa abusua no nyinaa. (1 Petro 3:1-6) Bible ka sɛ: “Ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:33) Na sɛ ɔbea ne ne kunu nni ɔsom baako mu nso ɛ? Sɛ saa mpo a, ɛsɛ sɛ onya obu kɛse ma no. Bible se: “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.” (1 Petro 3:1, 2) Sɛ ɔbea no bɔ bra pa a, ebetumi ama ne kunu ate no ase na wama no kwan ma wasom Yehowa.

9. (a) Sɛ ɔbea ne ne kunu nyɛ adwene wɔ biribi ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Afotu bɛn na Tito 2:4, 5 de ma ɔyerenom?

9 Sɛ ɔbea ne ne kunu nyɛ adwene wɔ biribi ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ɛsɛ sɛ ɔde obu kyerɛ n’adwene. Bere bi, Abraham yere Sara kaa biribi, na na ɛnyɛ Abraham dɛ, nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Tie no.” (Genesis 21:9-12) Kristoni barima paa deɛ, ɛyɛ den sɛ obesi  gyinae a ɛne Bible nhyia. Enti sɛ osi gyinae a, ɛsɛ sɛ ne yere gye tom. (Asomafo Nnwuma 5:29; Efesofo 5:24) Ɔyere pa hwɛ ma n’abusua nya nea wohia. (Kenkan Tito 2:4, 5.) Sɛ ne kunu ne ne mma hu sɛnea okum ne ho ma abusua no a, wɔdɔ no na wobu no kɛse.—Mmebusɛm 31:10, 28.

Dɛn na Sara yɛe a mmea awarefo betumi asuasua?

10. Dɛn na Bible ka wɔ ntetewmu ne awaregyae ho?

10 Ɛtɔ da a, asɛm a ɛnyɛ asɛm koraa, na awarefo agyina so atetew mu anaa wɔagyae aware. Nanso Bible ka sɛ “ɔyere ne ne kunu nntetew mu” na “okunu nso mmfi ne yere ho.” (1 Korintofo 7:10, 11) Sɛ tebea no mu yɛ den paa a, awarefo tumi tete mu, nanso ansa na obi bɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ odwen ho kɔ akyiri. Awaregyae nso ɛ? Bible ma yehu sɛ ade baako pɛ a obi betumi agyina so agyae aware ne sɛ ne kunu anaa ne yere befi n’akyi anaa ɔne onipa foforo bɛda.—Mateo 19:9.

NEA ONYANKOPƆN PƐ SƐ AWOFO YƐ

Yesu atwa sa pa ato hɔ ama obiara wɔ abusua no mu

11. Dɛn paa na mmofra hia fi wɔn awofo hɔ?

11 Awofo, munnya mo mma ho adagyew. Ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo mma. Ade a ehia sɛ woyɛ ma wɔn paa ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu Yehowa.—Deuteronomium 6:4-9.

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ de bɔ wɔn mma ho ban?

12 Yɛ ara na Satan wiase yi mu tena reyɛ hu, na ebinom nya yɛn mma a wobedi wɔn bɔne; wobetumi mpo afeefee wɔn. Ɛyɛ den ma awofo bi sɛ wɔne wɔn mma bɛbɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkɔmmɔ. Nanso ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma na wɔatumi ada wɔn ho so wɔ nnipa a wɔte saa ho. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ mmofra  no nea wobetumi ayɛ na nnipabɔnefo yi annya wɔn. Awofo, ɛsɛ sɛ mobɔ mo mma ho ban. *1 Petro 5:8.

13. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fa so kyerɛkyerɛ wɔn mma?

13 Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔkyerɛ wɔn mma akyerɛ pa. Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wo mma? Wo mma hia kasakyerɛ ne ateɛteɛ, nanso sɛ wɔyɛ bɔne a, ɛnsɛ sɛ wɔteɛ wɔn boro so. (Yeremia 30:11) Enti mfa abufuw nteɛ wo mma. Nka nsɛm a ɛbɛwowɔ wɔn te sɛ “nkrante.” Woyɛ saa a, ɛremmoa mmofra no.  (Mmebusɛm 12:18) Boa wo mma ma wonhu sɛ osetie so wɔ mfaso.—Efesofo 6:4; Hebrifo 12:9-11; hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 30.

NEA ONYANKOPƆN PƐ SƐ MMOFRA YƐ

14, 15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm?

14 Yesu tiee n’Agya bere nyinaa; sɛ nneɛma mu yɛ den sɛ dɛn mpo a, na otie no. (Luka 22:42; Yohane 8:28, 29) Yehowa pɛ sɛ mmofra nso tie wɔn awofo.—Efesofo 6:1-3.

15 Mmofra, yenim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ mubetie mo awofo asɛm, nanso monkae sɛ mutie wɔn a, ɛma Yehowa ani gye na ɛma mo awofo nso ani gye. *Mmebusɛm 1:8; 6:20; 23:22-25.

Dɛn na ɛbɛboa mmabun ama wɔatwe wɔn ho afi bɔne ho ayɛ nea Onyankopɔn pɛ?

16. (a) Ɔkwan bɛn na Satan fa so daadaa mmofra ma wɔyɛ bɔne? (b) Adɛn nti na ehia sɛ wofa nnamfo a wɔdɔ Yehowa?

16 Ɔbonsam bɛfa kwan biara so ama wo nnamfo anaa mmofra foforo adaadaa wo ama woayɛ bɔne. Onim sɛ ɔde wo fa saa kwan no so a, ebetumi ayi wo. Ɛho nhwɛso ne nea ɛtoo Yakob babea Dina no. Ɔkɔfaa nnipa a wɔnnɔ Yehowa nnamfo, na ewiee ase no, ɛde ɔhaw bebree bɛtoo ɔne n’abusuafo so. (Genesis 34:1, 2) Sɛ wo nnamfo nnɔ Yehowa a, wobetumi adaadaa wo ma woayɛ biribi a Yehowa mpɛ, na ɛde ɔhaw pii bɛba wo ne wo fiefo so, na ahyɛ Onyankopɔn awerɛhow. (Mmebusɛm 17:21, 25) Ɛno nti, sɛ worefa nnamfo a, ɛsɛ sɛ wopɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa.—1 Korintofo 15:33.

 W’ABUSUA BETUMI ANYA ANIGYE

17. Asɛyɛde bɛn na abusua muni biara wɔ?

17 Sɛ obiara de Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma wɔ abusua no mu a, ɛma wɔkwati ɔhaw ne abɛbrɛsɛ. Enti sɛ woyɛ okunu a, dɔ wo yere na ma n’ani nnye. Sɛ woyɛ ɔbea warefo a, nya obu ma wo kunu na brɛ wo ho ase ma no. Afei suasua ɔbea pa a Bible ka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 31:10-31 no. Sɛ woyɛ ɔwofo a, kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔnnɔ Onyankopɔn. (Mmebusɛm 22:6) Sɛ woyɛ agya nso a, bɔ mmɔden di wo “fie so yiye.” (1 Timoteo 3:4, 5; 5:8) Mmofra, muntie mo awofo asɛm. (Kolosefo 3:20) Kae sɛ mfomso wɔ nnipa ho, enti sɛ wofom obi wɔ abusua no mu a, brɛ wo ho ase na pa no kyɛw. Yehowa ama yɛn afotu pii wɔ Bible mu a okunu oo, ɔyere oo, awofo oo, mma oo, obiara nya ne deɛ.

^ nky. 12 Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛbɔ wo mma ho ban a, hwɛ nhoma a wɔato din Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No ti 32, na wobenya ɛho nsɛm pii. Ɛyɛ Yehowa Adansefo nhoma.

^ nky. 15 Bible ka sɛ mmofra ntie wɔn awofo asɛm a, ɛnkyerɛ sɛ wɔn awofo ka sɛ wɔnyɛ biribi a ɛto Onyankopɔn mmara a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ.—Asomafo Nnwuma 5:29.