Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?

 TI DUMIENU

Wubetumi Afa Onyankopɔn Adamfo?

Wubetumi Afa Onyankopɔn Adamfo?

1, 2. Bobɔ nnipa bi a Yehowa faa wɔn adamfo din.

HENA na wopɛ no adamfo? Obiara pɛ obi a obetumi ne no abɔ. Worefa adamfo a, wobɛhwɛ obi a ɔyɛ nipa pa, na ne suban nso yɛ wo fɛ.

2 Yehowa Nyankopɔn tumi fa nnipa adamfo. Abraham sei na ɔyɛ Yehowa adamfo. (Yesaia 41:8; Yakobo 2:23) Dawid nso, na ɔyɛ Yehowa adamfo. Yehowa kae sɛ Dawid yɛ ‘ɔbarima a me koma da no so.’ (Asomafo Nnwuma 13:22) Odiyifo Daniel nso, Yehowa ma no hui sɛ ‘ɔpɛ n’asɛm paa.’—Daniel 9:23.

3. Ɛyɛɛ dɛn na Abraham, Dawid, ne Daniel bɛyɛɛ Yehowa nnamfo?

3 Ɛyɛɛ dɛn na Abraham, Dawid, ne Daniel bɛyɛɛ Yehowa nnamfo? Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Woayɛ aso ama me.” (Genesis 22:18) Enti nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase tie Yehowa na ɔfa wɔn adamfo. Ɔfaa ɔman mũ mpo adamfo. Yehowa ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Muntie me nne, na mɛyɛ mo Nyankopɔn na mo nso moayɛ me man.” (Yeremia 7:23) Enti sɛ wo nso wopɛ sɛ woyɛ Yehowa adamfo a, ɛsɛ sɛ wotie no.

YEHOWA BƆ NE NNAMFO HO BAN

4, 5. Dɛn na Yehowa yɛ de bɔ ne nnamfo ho ban?

4 Bible ka sɛ Yehowa hwehwɛ nnipa a “wɔn koma di mũ wɔ ne ho” na ‘ɔde n’ahoɔden di ma wɔn.’ (2 Beresosɛm 16:9) Yehowa hyɛ ne nnamfo bɔ wɔ Dwom 32:8 sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ  wo ɔkwan a fa so. M’ani bɛba wo so na matu wo fo.”

5 Ɔtamfo bi a ne ho yɛ den reko tia yɛn; ɔmpɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛfa adamfo. Nanso Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban. (Kenkan Dwom 55:22.) Yehowa nnamfo de wɔn koma nyinaa som no. Sɛ ɛto nea ɛyɛ den mpo a, yɛkɔ so ara bata ne ho. Yɛwɔ Yehowa mu awerɛhyem te sɛ dwontofo no. Ɔkae sɛ: “Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.” (Dwom 16:8; 63:8) Nneɛma bɛn na Satan de siw yɛne Onyankopɔn adamfofa kwan?

SATAN NTWATOSO

6. Asɛm bɛn na Satan atwa ato nnipa nyinaa so?

6 Yɛasua wɔ Ti 11 sɛ Satan atwa asɛm ato Yehowa so; ose ɔyɛ ɔtorofo na onnwen nnipa ho. N’adwene ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ anka Yehowa gyae Adam ne Hawa ma wɔn ara kyerɛ nea eye ne nea enye. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo nso, Hiob nhoma no kyerɛ sɛ Satan atwa asɛm ato wɔn nyinaa so. Satan se nea yebenya afi Onyankopɔn hɔ nti na yɛsom no na ɛnyɛ sɛ yɛdɔ no. Ose, ɔde n’ani si wo so sɛ ɔbɛma woagyae Onyankopɔn som a, woyɛ hena, ɔbɛma woagyae. Ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Hiob hɔ, ne sɛnea Yehowa bɔɔ ne ho ban.

7, 8. (a) Ná Yehowa bu Hiob sɛ ɔyɛ onipa bɛn? (b) Dɛn na Satan ka faa Hiob ho?

7 Hena ne Hiob? Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 3,600 ni. Yehowa kae sɛ ɔyɛ onipa pa, na na obiara nte sɛ ɔno asase so. Ná Hiob wɔ obu kɛse ma Onyankopɔn, na na okyi bɔne nso. (Hiob 1:8) Yebetumi aka sɛ na Hiob yɛ Yehowa adamfo paa.

 8 Satan kae sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de resom Onyankopɔn. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne nea ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Woahyira ne nsa ano adwuma so, na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛw asase so. Afei wopɛ a, fa wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”—Hiob 1:10, 11.

9. Dɛn na Yehowa maa Satan kwan sɛ ɔnyɛ Hiob?

9 Satan kae sɛ nea Hiob benya afi Onyankopɔn hɔ nti na ɔresom no. Ɔsan kae sɛ obetumi ama Hiob agyae Yehowa som. Yehowa ne Satan anyɛ adwene, efisɛ na onim sɛ n’adamfo Hiob dɔ no, nanso ɔmaa Satan kwan sɛ ɔnsɔ no nhwɛ.

SATAN TUU N’ANI SII HIOB SO

10. Sɔhwɛ bɛn na Satan ma ɛtoo Hiob? Dɛn na Hiob yɛe?

10 Nea edi kan no, Satan maa Hiob nyɛmmoa ase hyewee. Afei nso okunkum Hiob asomfo pii. Hiob hweree biribiara. Nea etwa to koraa ne sɛ, Satan maa mframa kɛse bi bɔe, na ekunkum Hiob mma du no nyinaa. Nanso Hiob amma wei antetew ɔne Yehowa ntam. Bible ka sɛ: “Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wanka asɛmmɔne biara antia Onyankopɔn.”—Hiob 1:12-19, 22.

Yehowa hyiraa n’adamfo Hiob esiane ne nokwaredi nti

11. (a) Dɛn bio na Satan de yɛɛ Hiob? (b) Dɛn na Hiob yɛe?

11 Satan amfa anso hɔ ara. Ɔtow maa Onyankopɔn sɛ: “Fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” Afei Satan maa yare bɔne bi bɔɔ Hiob. (Hiob 2:5, 7) Wei nso ampusuw Hiob; ɔkɔɔ so som Yehowa. Hiob kae sɛ: “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!”—Hiob 27:5.

12. Dɛn na Hiob yɛe a ɛmaa Satan adapaa daa adi?

 12 Ná Hiob nnim sɛ Satan atwa asɛm ato no so, na nea enti a ɔrehu amane nso, na onnim. Na n’adwene yɛ no sɛ ne haw no fi Yehowa. (Hiob 6:4; 16:11-14) Ne nyinaa mu no, Hiob antwe ne ho amfi Yehowa ho. Afei de, Satan adapaa daa adi; ɛnyɛ nea Hiob benya nti na na ɔresom Onyankopɔn. Ná Hiob dɔ Onyankopɔn, ɛno nti na Onyankopɔn faa no adamfo. Nea Satan kekae no nyinaa yɛ nkontompo!

13. Hiob nokwaredi no kowiee sɛn?

13 Ná Hiob nnim nea ɛrekɔ so wɔ soro, nanso odii Onyankopɔn nokware, na ɔmaa Satan yɛɛ ɔtorofo. Hiob nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no.—Hiob 42:12-17.

SATAN ATWA ASƐM ATO WO SO

14, 15. Asɛm bɛn na Satan aka ato mmea ne mmarima nyinaa so?

14 Nea ɛtoo Hiob no, wubetumi asua biribi afi mu. Yɛn nso, Satan se nea yebenya afi Yehowa hɔ nti na yɛsom no. Wohwɛ Hiob 2:4 a, wubehu sɛ Satan kae sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.” Ɛno ma yehu sɛ asɛm a Satan kae no fa mmea ne mmarima nyinaa ho, na ɛnyɛ Hiob nko ara. Hiob wui nyɛ nnɛ, nanso Satan da so ara retwa Yehowa mpoa na ne nkoa nyinaa nso, ɔkeka nsɛm to wɔn so. Enti Mmebusɛm 27:11 se: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”

15 Wopɛ nko ara a, wubetumi atie Yehowa na woabɛyɛ n’adamfo ama Satan ayɛ ɔtorofo. Ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae akɛse wɔ w’abrabɔ mu ansa, nanso dɛn paa na ɛkyɛn sɛ wo ne Onyankopɔn bɛfa adamfo!  Wei yɛ asɛnhia. Satan aka ato wo so sɛ, ɛto nea ɛyɛ den a, wubegyae Onyankopɔn akyidi. Ɔpɛ sɛ ɔyɛ ara ma yɛne Onyankopɔn ntam tetew. Ɔyɛ no sɛn?

16. (a) Akwan a Satan pɛ sɛ ɔfa so sɛe yɛne Yehowa ntam no bi ne sɛn? (b) Adwene bɛn na Ɔbonsam betumi ama woanya wɔ Yehowa som ho?

16 Satan pɛ sɛ ɔfa akwannuasa nyinaa so sɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Otumi yɛ n’ade te sɛ “gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Petro 5:8) Enti sɛ w’adamfo, wo busuani anaa onipa foforo bi mpɛ sɛ wusua Bible anaa wode nea woresua no bɔ wo bra a, mma ɛnyɛ wo nwonwa. Ɛba saa a, wobɛte nka te sɛ nea Satan atow ahyɛ wo so. * (Yohane 15:19, 20) Ɛtɔ da nso a, Satan tumi yɛ ne ho sɛ “hann bɔfo.” Enti nkakrankakra, wobɛhwɛ na wama yɛagyae Yehowa som. (2 Korintofo 11:14) Sɛ Satan pɛ sɛ ɔma yegyae Yehowa som a, ɔkwan foforo a ɔfa so ne sɛ, ɔma yenya adwene sɛ yɛrentumi nyɛ nea Onyankopɔn pɛ da.—Mmebusɛm 24:10.

DI YEHOWA MMARA SO

17. Dɛn nti na yedi Yehowa mmara so?

17 Sɛ yedi Yehowa mmara so a, ɛma Satan yɛ ɔtorofo. Dɛn na ɛbɛboa ma yɛayɛ osetie? Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Yɛdɔ Yehowa nti na yedi ne mmara so. Sɛ yɛma Yehowa dɔ didi yɛn mu a, biribiara a ɔbɛka sɛ yɛnyɛ no,  yɛrempopo yɛn ti. Ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yohane 5:3.

18, 19. (a) Nneɛma a Yehowa se ɛyɛ bɔne no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa renka da sɛ yɛnyɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so?

18 Ɛnde, nneɛma bɛn na Yehowa aka sɛ ɛyɛ bɔne? Sɛ wopɛ sɛ wuhu bi a, hwɛ adaka a wɔato din “ Ma Nea Yehowa Kyi Nyɛ Wo Tan.” Nneɛma no bi wɔ hɔ a wuhu a, mfiase no ɛbɛyɛ wo sɛ ɛnyɛ bɔne. Nanso sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm a ɛkeka ho no, na wudwennwen ho kɔ akyiri a, wubehu sɛ nyansa wom paa sɛ yedi Yehowa mmara so. Ebia wubehu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ w’asetena mu. Ebetumi aba sɛ woremfa no ahogono, nanso woyere wo ho a, ɛbɛma woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo a onni wo ho agorɔ; w’ani  begye na w’asom adwo wo. (Yesaia 48:17, 18) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nsakrae biara a ehia sɛ yɛyɛ no, yebetumi ayɛ?

19 Yehowa renka da sɛ yɛnyɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so. (Deuteronomium 30:11-14) Yehowa yɛ yɛn adamfo paa, na onim yɛn sen sɛnea yenim yɛn ho. Nea yebetumi ayɛ ne nea yɛrentumi nyɛ nyinaa onim. (Dwom 103:14) Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.” (1 Korintofo 10:13) Yegye di paa sɛ Yehowa bɛma yɛn ahoɔden a yehia na yɛatumi ayɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Ɔbɛma wo “tumi a ɛboro onipa de” so, na aboa wo ma woatumi agyina ɔhaw ano. (2 Korintofo 4:7) Yehowa boaa Paulo wɔ mmere a ɛtete saa mu ma enti  otumi kae sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”—Filipifo 4:13.

MA W’ANI NNYE NEA ONYANKOPƆN PƐ HO

20. Su bɛn na ɛsɛ sɛ wusuasua? Adɛn ntia?

20 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa Yehowa adamfo a, ɛnde biribiara a Yehowa aka sɛ ɛyɛ bɔne no ɛsɛ sɛ yegyae. Nanso ɛno nko ara nnɔɔso. (Romafo 12:9) Onyankopɔn nnamfo deɛ, ade a Onyankopɔn ani gye ho nko ara na wɔyɛ. Hwɛ sɛnea Bible ka wɔn ho asɛm wɔ Dwom 15:1-5. (Kenkan.) Yehowa wɔ su te sɛ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ n’adamfo no, ɛsɛ sɛ osuasua no.—Galatifo 5:22, 23.

21. Wobɛyɛ dɛn asuasua Onyankopɔn suban?

21 Onyankopɔn su a yɛabobɔ so yi yɛ fɛ paa. Wobɛyɛ dɛn asuasua? Ɛsɛ sɛ wusua Bible daa na ama woahu nea Yehowa pɛ. (Yesaia 30:20, 21) Woyɛ saa a, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse, na wobɛyere wo ho ayɛ n’apɛde.

22. Woyɛ Yehowa apɛde a, dɛn na wubenya?

22 Nsakrae a ɛsɛ sɛ woyɛ no, yebetumi de atoto sɛnea obi worɔw atade dedaw gu hɔ na ɔhyɛ foforo ho. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ ‘wuyi nipasu dedaw no’ na wohyɛ “nipasu foforo.” (Kolosefo 3:9, 10) Ɛwom, ɛrenyɛ mmerɛw, nanso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ yetumi yɛ nsakrae na yɛkɔ so tie no a, ɔbɛma yɛn “akatua” kɛse. (Dwom 19:11) Enti yere wo ho yɛ Yehowa apɛde na ma Satan nyɛ ɔtorofo. Ɛnyɛ akatua a wobenya nti na ɛsɛ sɛ wosom Yehowa, na mmom ɔdɔ a wowɔ ma no ntia. Woyɛ saa a, wobɛyɛ Onyankopɔn adamfo a onni wo ho agorɔ koraa!

^ nky. 16 Ɛnkyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔma wugyae Bible sua a, Satan na abɔ no paa. Nanso Satan ne “wiase yi nyame,” na “wiase nyinaa da [ne] tumi mu.” Enti sɛ nnipa bi mpɛ sɛ yɛsom Yehowa a, ɛnyɛ nwonwa.—2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19.