1. Sɛ woasua nhoma yi yiye a, dɛn na wubebisa wo ho?

NHOMA yi a woresua no ama woahu Bible mu nokwasɛm bebree. Seesei woahu sɛ Onyankopɔn de daa nkwa ahyɛ nnipa bɔ, woabehu tebea a awufo wom, na woahu sɛ owusɔre wɔ hɔ. (Ɔsɛnkafo 9:5; Luka 23:43; Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) Ebia woafi ase rekɔ Yehowa Adansefo nhyiam na woahu sɛ wɔn som no yɛ nokware. (Yohane 13:35) Yɛreka yi, ebia woabenya ɔdɔ ama Yehowa na  woayɛ w’adwene sɛ wobɛsom no. Enti ebia worebisa wo ho sɛ, ‘Seesei dɛn na menyɛ na matumi asom Onyankopɔn?’

2. Dɛn nti na na Etiopiani no pɛ sɛ ɔbɔ asu?

2 Asɛm bi a ɛte saa na Etiopiani bi bisae. Bere a Yesu san kɔɔ soro no, ankyɛ biara na ne suani Filipo kɔkyerɛkyerɛ Etiopiani bi. Filipo ma ohui sɛ Yesu ne Mesia no. Nkyerɛkyerɛ no kaa ɔbarima no koma na ɛhɔ ara ɔkae sɛ: “Hwɛ! Nsu na ɛda hɔ yi; dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”—Asomafo Nnwuma 8:26-36.

3. (a) Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo? (b) Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ obi asu?

3 Bible ma emu da hɔ fann sɛ, sɛ wopɛ sɛ wosom Yehowa a, ɛsɛ sɛ wobɔ asu. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19) Afei Yesu ma wɔbɔɔ no asu de yɛɛ nhwɛso maa yɛn. Wɔamfa nsu ampetepete no so, na mmom wɔde no wuraa nsu mu. (Mateo 3:16) Ɛnnɛ nso Kristoni bi rebɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde no hyɛ nsu mu koraa.

4. Sɛ wobɔ asu a, ɛma nkurɔfo hu sɛ wopɛ sɛ woyɛ dɛn?

4 Sɛ wobɔ asu a, ɛma nkurɔfo hu sɛ ampa wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn adamfo na wosom no. (Dwom 40:7, 8) Enti ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na ehia sɛ meyɛ na matumi abɔ asu?’

WUHIA NIMDEƐ NE GYIDI

5. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ ansa na woabɔ asu? (b) Mfaso bɛn na ɛwɔ Kristofo nhyiam so?

5 Ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhu Yehowa ne Yesu yiye. Seesei mpo Bible a woresua no ama woafi ase rehu wɔn. (Kenkan Yohane 17:3.) Nanso  wunwiee. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ wunya Yehowa apɛde ho “nokware nimdeɛ” pii. (Kolosefo 1:9) Yehowa Adansefo nhyiam bɛboa wo ma woatumi afa Yehowa adamfo. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ wokɔ Kristofo nhyiam daa.—Hebrifo 10:24, 25.

Ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wusua Bible

6. Bible mu nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wuhu ansa na woabɔ asu?

6 Wei nkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ wuhu biribiara a ɛwɔ Bible mu ansa na woabɔ asu. Wanka sɛ ɛsɛ sɛ Etiopiani no hu biribiara ansa na wabɔ asu. (Asomafo Nnwuma 8:30, 31) Onyankopɔn deɛ, yɛrensua ne ho ade nwie da. (Ɔsɛnkafo 3:11) Nanso ansa na wobɛbɔ asu no, anyɛ yiye koraa no ehia sɛ wuhu Bible mu mfitiasesɛm na wode yɛ adwuma.—Hebrifo 5:12.

7. Bible a woresua no aboa wo sɛn?

7 Bible ka sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:6) Enti ɛsɛ sɛ wunya gyidi ansa na woabɔ asu. Bible ma yehu sɛ bere a nnipa bi a wɔwɔ tete Korinto tee Yesu akyidifo nkyerɛkyerɛ no, wogye “dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.” (Asomafo Nnwuma 18:8) Wo nso Bible a woresua yi aboa wo ma woanya Onyankopɔn bɔhyɛ ne Yesu afɔrebɔ no mu gyidi; woahu sɛ ɛno na egye yɛn fi bɔne ne owu mu.—Yosua 23:14; Asomafo Nnwuma 4:12; 2 Timoteo 3:16, 17.

NEA WORESUA FI BIBLE MU NO, KA BI KYERƐ NKURƆFO

8. Dɛn na ɛbɛka wo ma woaka nea woresua no bi akyerɛ nkurɔfo?

8 Bere a woresua Bible na wode reyɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu nyinaa na wo gyidi nso reyɛ den.  Ɛba saa a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ nea woresua no, ka bi kyerɛ nkurɔfo. (Yeremia 20:9; 2 Korintofo 4:13) Nanso hena na ɛsɛ sɛ woka bi kyerɛ no?

Gyidi a woanya no, ɛsɛ sɛ ɛka wo ma woka nea woasua no bi kyerɛ nkurɔfo

9, 10. (a) Henanom na wubetumi aka nea woresua no bi akyerɛ wɔn? (b) Sɛ wopɛ sɛ wo ne asafo no bom kɔ asɛnka a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

9 Ebia wopɛ sɛ woka bi kyerɛ w’abusuafo, wo nnamfo, wɔn a wɔte bɛn wo ne w’adwumamfo. Sɛ wutumi yɛ saa a, eye paa. Nanso ɛyɛ a nya wɔn ho abotare na wo ne wɔn nkasa bɔkɔɔ. Bere rekɔ so no, wubetumi ne asafo no abom ayɛ asɛnka adwuma no. Nanso ka ho asɛm kyerɛ nea ɔne wo sua Bible no. Ma onhu sɛ wo nso wopɛ sɛ wokɔ asɛnka no bi. Sɛ ohu sɛ wode nea woresua wɔ Bible mu no rebɔ wo bra, na hwee nsi wo kwan sɛ wohyɛ asɛnka ase a, ɔbɛka ama asafo mu mpanyimfo mmienu ne mo abehyia abɔ ho nkɔmmɔ.

10 Sɛ mpanyimfo no ne mo hyia a, dɛn na wɔne mo bɛka ho asɛm? Mpanyimfo no ne wo bɛbɔ nkɔmmɔ ahwɛ sɛ wote Bible mfitiasesɛm ase, worebɔ wo bra sɛnea Bible kyerɛ, na w’ani abere sɛ wobɛyɛ Yehowa Danseni. Nsuro sɛ wo ne mpanyimfo no bɛbɔ nkɔmmɔ, efisɛ wɔn na wɔhwɛ asafo no so, na woka ho. (Asomafo Nnwuma 20:28; 1 Petro 5:2, 3) Sɛ mpanyimfo no ne mo hyia na wuhu sɛ wubetumi ne asafo no abom ayɛ asɛnka adwuma no a, wɔbɛka akyerɛ wo.

11. Adɛn nti na ehia sɛ woyɛ nsakrae ansa na wo ne asafo no abom akɔ asɛnka?

11 Ebia mpanyimfo no bɛka sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae  ahorow bi ansa na wo ne asafo no akɔ asɛnka. Adɛn nti na nsakrae a ɛte saa ho hia? Yehowa na wasoma yɛn sɛ yɛnka ne ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛhyɛ no anuonyam.—1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19-21.

SAKRA W’ADWENE, NA DAN WO HO

12. Adɛn nti na ehia sɛ onipa biara yɛ nsakrae?

12 Biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho mma wɔmpopa mo bɔne.” (Asomafo Nnwuma 3:19) Bible ka sɛ yɛnsakra yɛn adwene a, dɛn na ɛkyerɛ? Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebenu yɛn ho anaa yebedi yaw wɔ bɔne a yɛayɛ ho. Enti sɛ wubu brabɔne a, ɛsɛ sɛ wosakra w’adwene. Sɛ wote nka sɛ woyɛ nipa pa mpo a, ehia sɛ wosakra w’adwene, efisɛ bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn na ɔde kyɛ yɛn.—Romafo 3:23; 5:1.

13. Bible ka sɛ “monnan mo ho” a, dɛn na ɛkyerɛ?

13 Sɛ obi nu ne ho wɔ ne bɔne ho a, na asa? Dabi. Sɛnea Petro kae no, ehia nso sɛ ‘ɔdan ne ho.’ Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ogyae suban bɔne biara a kan na ɔwom, na ɔyɛ nea ɛteɛ. Yɛmfa no sɛ worekɔ baabi a wunnim hɔ. Worekɔ ara na wuhui sɛ woayera. Dɛn na wobɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ wobegyina na woadan wo ho akɔfa ɔkwampa no so. Bible a woresua no nso saa ara na ɛte. Ebia woahu nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ w’abrabɔ mu a ehia sɛ wosesa. Ntenatena ho; ‘dan wo ho’ anaa yɛ nsakrae a ɛfata sɛ woyɛ biara, na fa trenee kwan so.

 HYIRA WO HO SO MA ONYANKOPƆN

Woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛsom no anaa?

14. Wopɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn a, wobɛyɛ no sɛn?

14 Ade baako nso a ehia sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu ne sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa. Wopɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛsɛ sɛ wobɔ mpae hyɛ no bɔ sɛ ɔno nko ara na wobɛsom no, na wobɛma n’apɛde ahia wo akyɛn biribiara.—Deuteronomium 6:15.

15, 16. Dɛn na ɛbɛma woahyira wo ho so ama Onyankopɔn?

15 Sɛ wohyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛsom ɔno nko ara a, ɛte sɛ nea ɔbarima ahyɛ ɔbea bɔ sɛ ɔne no bɛtena afebɔɔ. Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbea a n’ani gye ne ho na ohu no yiye a, ɔdɔ no mu yɛ den, na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛware no. Aware wɔ hɔ yi, yɛnkɔ nsan, nanso ɔbarima no nsuro sɛ ɔbɛware ɔbea no, efisɛ ɔdɔ no.

16 Bere a woresua Yehowa ho ade nyinaa na ɔdɔ a wowɔ ma no no reyɛ kɛse, na ɛbɛma w’ani agye ho sɛ wobɛyɛ ne somfo. Ɛno bɛma woabɔ no mpae ahyɛ no bɔ sɛ wobɛsom no. Bible ka sɛ obiara a ɔpɛ sɛ odi Yesu akyi no, ɛsɛ sɛ ‘ɔpa ne ho akyi.’ (Marko 8:34) Ɛno kyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ ne sɛ wubetie Yehowa asen obiara. Ɛsɛ sɛ woma Yehowa apɛde hia wo sen biribiara.—Kenkan 1 Petro 4:2.

NSURO SƐ ANHWƐ A NA WODE AKƆSO KWAN MU

17. Adɛn nti na ebinom twentwɛn so sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa?

17 Ebinom twentwɛn so sɛ wobehyira wɔn ho so asom Yehowa, efisɛ wosuro sɛ anhwɛ a na wɔde  akɔso kwan mu. Wɔmpɛ sɛ ɛkɔyɛ sɛ wɔadaadaa Yehowa. Ebinom nso te nka sɛ, bere a wonhyiraa wɔn ho so mmaa Yehowa no deɛ, asodi biara nna wɔn so.

18. Sɛ wusuro sɛ wubedi Yehowa huammɔ a, dɛn na ɛbɛboa wo?

18 Sɛ wodɔ Yehowa a, worensuro sɛ anhwɛ a wobedi no huammɔ. Ɔdɔ a wodɔ no nti wobɛyere wo ho adi wo bɔhyɛ so. (Ɔsɛnkafo 5:4; Kolosefo 1:10) Ɛremma w’adwenem da sɛ Yehowa apɛde a wobɛyɛ no boro w’ahoɔden so. Ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yohane 5:3.

19. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa?

19 Ɛnyɛ nnipa a bɔne nni wɔn ho na Yehowa repɛ ama wɔahyira wɔn ho so ama no. Ɔremma yɛnyɛ biribi a yɛn ahoɔden ntumi. (Dwom 103:14) Ɔbɛboa wo ma woayɛ nea ɛteɛ. (Yesaia 41:10) Enti fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na “ɔbɛma w’akwan ateɛ.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

MPAEMUKA A ƐKƆ NKWAGYE MU

20. Wuhyira wo ho so ma Yehowa a, dɛn bio na aka?

20 Wote nka sɛ bere aso sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa anaa? Wuhyira wo ho so ma no a, na aka adeɛ baako a ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɛno ne sɛ wobɛbɔ asu.

21, 22. Wobɛyɛ dɛn ‘apae mu aka’ ama obiara ahu wo gyidi?

21 Ma mpanyimfo ntam nkitahodifo no aso nte sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa na wopɛ sɛ wobɔ asu. Obetu mpanyimfo ma wɔne wo abesusuw Bible  mfitiasesɛm ho. Sɛ wohu sɛ wofata a, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ wubetumi abɔ asu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam a ɛreba ase. Wɔbɛma ɔkasa wɔ nhyiam no ase de akyerɛkyerɛ nneɛma mu ma woahu nea asubɔ kyerɛ. Sɛ ɔkasa no rekɔ awiei a, ɔkasafo no bebisa asubɔfo no nsɛm mmienu. Sɛ woka asubɔfo no ho,  na woyi saa nsɛm no ano a, ɛkyerɛ sɛ ‘woapae mu aka’ ama obiara ahu wo gyidi.—Romafo 10:10.

22 Afei deɛ, wubetumi abɔ asu. Wɔde wo bɛhyɛ nsu mu koraa, na woabɛyɛ Yehowa Danseni.

 NEA ASUBƆ KYERƐ

23. Sɛ wɔbɔ obi asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” a, dɛn na ɛkyerɛ?

23 Yesu kyerɛe sɛ wɔbɛbɔ n’asuafo asu “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Kenkan Mateo 28:19.) Dɛn na saa asɛm no kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wugye Yehowa tumidi tom. Dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu no nso, wugye tom. Afei wugye tom sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron na edi n’apɛde ho dwuma.—Dwom 83:18; Mateo 28:18; Galatifo 5:22, 23; 2 Petro 1:21.

Sɛ wobɔ asu a, ɛma obiara hu sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde

24, 25. (a) Yɛbɔ obi asu a, dɛn na ɛkyerɛ? (b) Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ ti a etwa to no mu?

24 Sɛ wobɔ asu a, ɛyɛ ade kɛse paa, efisɛ wɔde wo wura nsu mu a, ɛkyerɛ sɛ wo kan abrabɔ no, woakum no anaa woagyae. Sɛ wupue fi nsu no mu nso a, ɛkyerɛ sɛ woafi abrabɔ foforo ase, na worebɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Efi saa bere no, Yehowa na wobɛsom no. Kae sɛ woanhyira wo ho so amma nnipa, ɔsom anaa adwuma bi. Woahyira wo ho so ama Yehowa.

25 Wuhyira wo ho so a, ɛbɛma woatumi afa Onyankopɔn adamfo yiye. (Dwom 25:14) Nanso wobɔ asu a, ɛno nkyerɛ sɛ woanya nkwagye awie. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.” (Filipifo 2:12) Asubɔ yɛ anammɔn a edi kan koraa a yetu. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ na woakɔ so ne Yehowa anantew? Adesua a etwa to wɔ nhoma yi mu no bebua saa asɛmmisa no.