Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Bɛn Yehowa

 TI 20

‘Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo’—Nanso Odwo

‘Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo’—Nanso Odwo

1-3. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa dwo?

AGYA bi pɛ sɛ ɔma ne ba kumaa nya asuade bi a ɛho hia. Ɔpɛ sɛ odu ne koma mu. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ ɔfa so? So ɛsɛ sɛ ogyina abofra no so teɛteɛm gu ne so? Anaasɛ ɛsɛ sɛ ɔkotow ne abofra no yɛ pɛ, na ɔde odwo kasa kyerɛ no anigye so? Akyinnye biara nni ho sɛ, agya a odwo na onim nyansa bɛfa ahobrɛase kwan so.

2 Yehowa yɛ Agya bɛn—so ɔyɛ ahantan anaa odwo, ɔyɛ katee anaa ɔyɛ brɛbrɛ? Yehowa nim biribiara, onim nyansa sen obiara. Nanso, woahyɛ no nsow sɛ nimdeɛ ne nyansa mma nnipa nyɛ nkurɔfo a wodwo? Sɛnea Bible ka no, “nimdeɛ horan.” (1 Korintofo 3:19; 8:1) Nanso, Yehowa a ɔyɛ “koma mu nyansafo” no, dwo nso. (Hiob 9:4) Ɔwɔ dibea na ɔyɛ ɔkɛseɛ, nanso ɔnyɛ ahantan. Dɛn nti na ɛte saa?

3 Yehowa yɛ kronkron. Enti ahantan a ɛyɛ su a egu obi ho fĩ no nni ne mu. (Marko 7:20-22) Afei nso, hyɛ nea odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa no nsow: “Wo [Yehowa ankasa] kra bɛkae na wobɛbɔ wo mu ase wɔ me so.” * (Kwadwom 3:20, NW) Susuw ho hwɛ! Ná Yehowa, Amansan Hene no wɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛbɔ ne mu ase,’ anaasɛ ɔne Yeremia bɛyɛ pɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obedi onipa a ɔnyɛ pɛ no ahiade ho dwuma. (Dwom 113:7) Yiw, Yehowa dwo. Nanso, dwo  a Onyankopɔn dwo no kyerɛ dɛn? Ɔkwan bɛn so na ɛne nyansa wɔ abusuabɔ? Na dɛn nti na ɛho hia yɛn?

Sɛnea Yehowa Da no Adi sɛ Odwo

4, 5. (a) Dɛn ne odwo, ɔkwan bɛn so na wɔda no adi, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ ɛkyerɛ mmerɛwyɛ anaa ehu da? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa odwo adi wɔ ɔne Dawid nsɛnnii mu, na Yehowa dwo no ho hia yɛn dɛn?

4 Odwo yɛ ahobrɛase adwene, na ɛnyɛ dwae ne ahantan. Esiane sɛ odwo yɛ su a ɛwɔ komam nti, ɛda adi bere a obi yɛ afoforo brɛbrɛ, na ɔda abodwokyɛre ne ntease adi no. (Galatifo 5:22, 23) Nanso, ɛnsɛ sɛ yedi mfomso bu saa su pa ahorow yi sɛ mmerɛwyɛ anaa ehu da. Ɛnyɛ nea ɛne Yehowa trenee abufuw anaa ne tumi a ɛsɛe ade a ɔde di dwuma no bɔ abira. Mmom no, Yehowa nam odwo a ɔda no adi so da ne denyɛ kɛse, tumi a otumi di ne ho so wɔ pɛyɛ mu no, adi. (Yesaia 42:14) Ɔkwan bɛn so na odwo ne nyansa wɔ abusuabɔ? Bible ho nhoma bi ka sɛ: “Wɔkyerɛ odwo ase koraa . . . sɛ ayamye, na ɛne nyansa nyinaa nnyinaso a ɛho  hia.” Ɛnde, nokware nyansa ntumi ntew ne ho mfi odwo ho. Ɔkwan bɛn so na yenya Yehowa odwo so mfaso?

Agya a onim nyansa de odwo yɛ ne mma brɛbrɛ

5 Ɔhene Dawid too dwom maa Yehowa sɛ: “Womaa me wo nkwagye kyɛm, na wo nifa soo me mu, na wo yiyeyɛ ma meyɛɛ kɛse.” (Dwom 18:35) Saayɛ so no, Yehowa daa odwo adi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne onipa a ɔnyɛ pɛ yi bedi, abɔ ne ho ban, awowaw no da biara da. Dawid hui sɛ sɛ obenya nkwagye—na awiei koraa no, wayɛ kɛse sɛ ɔhene—a, na ebegyina ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ Ɔbɛda odwo adi wɔ saa kwan yi so nkutoo so. Nokwarem no, sɛ Yehowa anna odwo adi, ammɔ ne mu ase sɛ ɔne yɛn bedi wɔ odwo mu sɛ Agya a ɔwɔ dɔ a, yɛn mu hena na anka obenya nkwagye ho anidaso bi?

6, 7. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ ahobrɛase? (b) Abusuabɔ bɛn na odwo ne nyansa wɔ, na hena na ɔyɛ eyi ho nhwɛso a ɛsen biara?

6 Ahobrɛase yɛ su pa a ɛsɛ sɛ anokwafo nya. Ɛne nyansa na ɛnam. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 11:2 ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Nanso, Bible ma yehu sɛ ɛnyɛ nnipa ahobrɛase no bi na Yehowa wɔ. Dɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ onni ahobrɛase, na mmom sɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ onipa bi wɔ ahobrɛase a, adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ, onii no nim sɛ ɛnyɛ biribiara na n’ahoɔden anaa ne nyansa du ho. Ade Nyinaa so Tumfoɔ no de, biribiara nso no yɛ, gye sɛ ɔno ankasa mpɛ sɛ ɔyɛ esiane n’ankasa trenee gyinapɛn nti. (Marko 10:27; Tito 1:2) Afei nso, sɛ́ Ɔsorosoroni no, ɔnhyɛ obiara ase. Enti Yehowa ahobrɛase no nte sɛ nnipa de.

7 Nanso, Yehowa wɔ ahobrɛase, efisɛ ɔne nnipa a wɔnsɛ hwee nya nkitahodi. Afei nso Yehowa dwo. Ɔkyerɛkyerɛ n’asomfo sɛ odwo ho hia na ama wɔanya nokware nyansa. Enti Bible ka “odwo a nyansa wɔ mu” ho asɛm. (Yakobo 3:13) Yehowa da saa su yi adi sen obiara. Yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

 Yehowa Fi Odwo Mu De Asɛyɛde Hyɛ Afoforo Nsa na Otie Asɛm

8-10. (a) Dɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa nya ɔpɛ sɛ ɔde asɛyɛde bɛhyɛ afoforo nsa na watie asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ne n’abɔfo adi no odwo mu?

8 Yehu Yehowa odwo ho adanse a ɛka koma wɔ ne pɛ mu a ofi de asɛyɛde hyɛ afoforo nsa ne asɛm a otie no mu. Saa a ɔyɛ no yɛ nwonwa paa; Yehowa nhia obiara mmoa ne afotu. (Yesaia 40:13, 14; Romafo 11:34, 35) Nanso, Bible da no adi mpɛn pii sɛ Yehowa brɛ n’aso ase wɔ saa akwan yi so.

9 Sɛ nhwɛso no, susuw asɛntitiriw bi a esii wɔ Abraham asetra mu no ho hwɛ. Abraham nyaa ahɔho baasa, na ɔfrɛɛ biako “Yehowa.” Ná ahɔho no yɛ abɔfo ankasa, nanso wɔn mu biako bae Yehowa din mu, na ɔyɛɛ n’ade Yehowa din mu. Bere a saa ɔbɔfo no kasae na ɔyɛɛ ade no, na ɛte sɛ nea Yehowa ankasa na ɔrekasa na ɔreyɛ ade. Ɛdenam saa kwan yi so no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ Wate “Sodom ne Gomora nteɛm” a ɛsõ no. Yehowa kae sɛ: “Meresian makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛnea nteɛm a edu me nkyɛn no te anaa; na sɛ ɛnte saa a, mahu.” (Genesis 18:3, 20, 21) Nokwarem no, asɛm a Yehowa kae no nkyerɛ sɛ na Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ankasa ‘besian’ akɔ hɔ. Mmom no, ɔsan somaa abɔfo bio ma wɔkɔyɛɛ n’ananmusifo. (Genesis 19:1) Dɛn ntia? So na Yehowa a ohu ade nyinaa no ntumi ‘nhu’ tebea a ɛwɔ n’ankasa asase so no? Ɛnte saa koraa. Mmom no, Yehowa fi odwo mu de adwuma no maa saa abɔfo no sɛ wɔnhwehwɛ asɛm no mu na wɔnkɔsra Lot ne n’abusua wɔ Sodom.

10 Afei nso, Yehowa tie asɛm. Bere bi ɔka kyerɛɛ n’abɔfo no sɛ wɔmfa akwan a wɔbɛfa so ama Ɔhene Ahab bɔnefo no ahwe ase ho nyansahyɛ ahorow mmra. Na Yehowa nhia mmoa a ɛte saa. Nanso, ogyee ɔbɔfo biako nyansahyɛ toom, na ɔkae sɛ ɔnkɔyɛ. (1 Ahene 22:19-22) So na ɛnkyerɛ odwo?

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Abraham huu sɛnea Yehowa dwo no?

 11 Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obetie nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔpɛ sɛ wɔka nneɛma a ɛhaw wɔn no ho asɛm mpo. Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa dii kan kaa adwene a Wayɛ sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora ho asɛm kyerɛɛ Abraham no, saa ɔbarima nokwafo no ho dwiriw no. Abraham kae sɛ: “Eyi mpare wo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?” Obisae sɛ ebia sɛ atreneefo 50 wɔ nkurow no mu a Yehowa bɛsɛe no anaa. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ Ɔrensɛe no. Nanso, Abraham bisae bio, na ɔtew so baa 45, afei 40, ne nea ɛkeka ho. Ɛmfa ho awerɛhyem a Yehowa de maa Abraham nyinaa no, ɔkɔɔ so bisae araa kosii sɛ ɛbaa fam beduu edu. Ebia na Abraham nnya nhuu sɛnea Yehowa yɛ mmɔborohunufo no nwiei. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa fi boasetɔ ne odwo mu maa n’adamfo ne ne somfo Abraham kwan ma ɔkaa n’ahiasɛm wɔ saa kwan yi so.Genesis 18:23-33.

12 Nnipa a wonim nhoma dodow ahe na wɔde boasetɔ betie obi a ne nyansa sua koraa saa? * Odwo a ɛte saa na yɛn Nyankopɔn da no adi. Wɔ saa nkitahodi koro no ara mu no, Abraham behui nso sɛ Yehowa ‘bo dwo kyɛ.’ (Exodus 34:6) Ebetumi aba sɛ bere a Abraham hui sɛ onni hokwan sɛ ɔka Ɔsorosoroni no nnwuma ho asɛm no, ɔsrɛɛ no mprenu sɛ: “Mma [Yehowa, NW] bo mmfuw.” (Genesis 18:30, 32) Nokwarem no, Yehowa bo amfuw. Ɔwɔ “odwo a nyansa wɔ mu” ampa.

Yehowa Wɔ Ntease

13. Asɛmfua “ntease” kyerɛ dɛn wɔ sɛnea wɔde di dwuma wɔ Bible mu no mu, na dɛn nti na wɔde ka Yehowa ho asɛm ma ɛfata?

13 Dwo a Yehowa dwo no da adi wɔ suban foforo a ɛyɛ anigye—ntease—mu. Ɛyɛ awerɛhow sɛ saa su yi nna adi wɔ  nnipa a wɔnyɛ pɛ mu. Ɛnyɛ tie nko na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obetie n’abɔde a wonim nyansa no, na mmom ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ obegyae nsɛm mu bere a ɛne ne trenee nnyinasosɛm ahorow mmɔ abira no. Sɛnea wɔde asɛmfua “ntease” di dwuma wɔ Bible mu no, nea ɛkyerɛ ankasa ne “gyae a wogyae nsɛm mu.” Saa su yi nso yɛ ɔsoro nyansa ho agyiraehyɛde. Yakobo 3:17, NW ka sɛ: “Nyansa a efi soro no de, ɛwɔ ntease.” Ɔkwan bɛn so na Yehowa a onim nyansa sen obiara no wɔ ntease? Ade biako ne sɛ otumi yɛ nsakrae ma ɛne tebea biara hyia. Kae sɛ, ne din ankasa kyerɛ yɛn sɛ Yehowa dannan ne ho ma otumi di n’atirimpɔw biara ho dwuma. (Exodus 3:14) So ɛno nkyerɛ nsakrae ne ntease?

14, 15. Dɛn na Yehowa soro teaseɛnam a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no kyerɛ yɛn wɔ Yehowa soro ahyehyɛde no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛsono ɛno ne wiase ahyehyɛde ahorow?

14 Bible mu asɛm bi a ɛyɛ nwonwa wɔ hɔ a ɛboa ma yetumi te nsakrae a Yehowa yɛ no ase. Wɔmaa odiyifo Hesekiel nyaa Yehowa soro ahyehyɛde a honhom abɔde na wɔwom no ho anisoadehu bi. Ohuu teaseɛnam bi a ɛyɛ nwonwa yiye, Yehowa ankasa “teaseɛnam” a Ɔno ankasa na ɔkyerɛ no kwan bere nyinaa no. Nea ɛyɛ nwonwa sen biara ne sɛnea ɛkɔ no. Ntwahonan akɛse no wɔ afã anan, na aniwa wowɔ ho nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ahu baabiara na atumi de n’ani akyerɛ baabi foforo amonom hɔ ara a ennyina anaasɛ entwa ne ho. Na saa teaseɛnam kɛse yi ntwe ne ho ase te sɛ kar kɛse bi a nnipa ayɛ. Etumi tu mmirika te sɛ anyinam, na etumi gyina faako mpo dan ne ho! (Hesekiel 1:1, 14-28) Yiw, Yehowa ahyehyɛde a ɛte sɛ nea amansan Hene no na ɛkyerɛ no kwan no tumi yɛ nsakrae yiye wɔ tebea ne ahiade horow a ɛkɔ so sesa a ɛsɛ sɛ edi ho dwuma no ho.

15 Sua kɛkɛ na nnipa betumi abɔ mmɔden sɛ wobesuasua nsakrae a ɛyɛ pɛ saa no. Nanso, mpɛn pii na nnipa ne wɔn ahyehyɛde ahorow yɛ katee mmom sen sɛ wɔbɛyɛ  fakaa, wɔyɛ wɔn asɛm denneennen mmom sen sɛ wobegyae nsɛm mu. Mfatoho bi ni: Po so hyɛn kɛse anaa keteke kɛse a ɛfa nneɛma ahoɔden ne ne kɛse betumi ayɛ nwonwa. Nanso, so emu biara betumi ayɛ nsakrae a ɛba mpofirim wɔ ne tebeam no ho biribi? Sɛ biribi bɛbea keteke a ɛfa nneɛma kwan mu a, ɛnyɛ ade a ebetumi adan ne ho ɔkwan biara so. Ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ ebegyina mpofirim. Sɛ keteke a ɛfa nneɛma a emu yɛ duru no twe breki a ebetumi akɔ n’anim bɛyɛ kilomita abien ansa na agyina! Saa ara na po so hyɛn kɛse betumi akɔ n’anim kilomita awotwe bere a wɔadum ne gya no. Sɛ ɛba mpo sɛ wɔde engine no to baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ n’akyi a, ɛhyɛn no bɛkɔ n’anim kilomita abiɛsa bio! Saa ara na nnipa ahyehyɛde a etumi yɛ katee na ɛnna ntease adi no te. Esiane ahantan nti, nnipa ntaa nyɛ nsakrae nni ahiade ne nsɛm tebea horow a ɛsakra ho dwuma. Kateeyɛ a ɛte saa ama nnwumakuw bi agu, na ama nniso ahorow mpo ahwe ase. (Mmebusɛm 16:18) Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ Yehowa anaa n’ahyehyɛde nte saa!

Sɛnea Yehowa Da Ntease Adi

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ntease adi wɔ sɛnea ɔne Lot dii ansa na wɔresɛe Sodom ne Gomora no mu?

16 Susuw Sodom ne Gomora sɛe no ho bio hwɛ. Lot ne n’abusua nyaa akwankyerɛ ahorow a emu da hɔ fii Yehowa bɔfo no hɔ sɛ: “Bepɔw so na guan kɔ.” Nanso, Lot ani annye eyi ho. Ɔsrɛe sɛ: ‘O, Yehowa, mma ɛnnyɛ sa.’ Bere a Lot hui sɛ sɛ oguan kɔ bepɔw so a obewu no, ɔsrɛe sɛ wɔmma ɔne n’abusua nguan nkɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ a ne din de Soar mu. Kae sɛ, na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe saa kurow no. Afei nso, na Lot suro no nni nnyinaso ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehowa betumi akora Lot nkwa so wɔ mmepɔw no so! Nanso, Yehowa tiee Lot adesrɛ no, na wansɛe Soar. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Lot sɛ: “Hwɛ, matie  wo wɔ saa asɛm yi ho nso.” (Genesis 19:17-22) So ɛno nyɛ ntease a Yehowa daa no adi?

17, 18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa no adi sɛ ɔwɔ ntease wɔ ɔne Niniwefo nsɛnnii no mu?

17 Yehowa tie ahonu a efi komam nso, na ɔda mmɔborohunu adi yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Susuw nea esii no ho hwɛ bere a wɔsomaa odiyifo Yona ma ɔkɔɔ kurow bɔne Niniwe a na basabasayɛ wom mu no. Bere a Yona faa Niniwe abɔnten so no, na asɛm a efi honhom mu a ɔde nam no yɛ tiawa: Aka nna 40 na wɔasɛe kurow kɛse no. Nanso, tebea horow no sakrae koraa. Niniwefo no nuu wɔn ho!Yona, ti 3.

18 Sɛ yɛde sɛnea Yehowa yɛɛ n’ade ne sɛnea Yona yɛɛ n’ade wɔ nsɛm tebea horow a ɛsakrae yi ho toto ho a, yebenya asuade wom. Wɔ asɛm yi mu no, Yehowa yɛɛ nsakrae danee ne ho bɛyɛɛ bɔne Fafirifo mmom sen sɛ ɔbɛyɛ ɔko mu “dɔmmarima.” * (Exodus 15:3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ná Yona yɛ katee, wanna mmɔborohunu adi koraa. Sɛ anka ɔbɛda Yehowa ntease adi no, ɔyɛɛ n’ade koraa sɛ keteke a ɛfa nneɛma anaa po so hyɛn kɛse a yɛadi kan aka ho asɛm no. Ná wabɔ ɔsɛe ho dawuru, enti ɔsɛe ara na na ɛsɛ sɛ ɛba! Nanso, Yehowa fi boasetɔ mu maa ne diyifo a onni abotare yi ntease ne mmɔborohunu ho asuade bi a na ne werɛ remfi da.Yona, ti 4.

Yehowa wɔ ntease na ɔte yɛn sintɔ ase

19. (a) Dɛn nti na yebetumi agye atom sɛ Yehowa da ntease adi wɔ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 19:17 da no adi sɛ Yehowa yɛ Owura a ‘oye na ɔwɔ ntease,’ na odwo kɛse nso?

19 Nea edi akyiri no, Yehowa da ntease adi wɔ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ mu. Ɔhene Dawid kae sɛ: “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14) Yehowa te yɛn akwanside  ne yɛn sintɔ ahorow ase koraa sen nea yɛn ankasa nim. Ɔnhwehwɛ nea yentumi nyɛ mfi yɛn hɔ da. Bible de nnipa a wɔyɛ awuranom a ‘woye na wɔwɔ ntease’ no bɔ wɔn a ‘ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ wɔn ani’ no abira. (1 Petro 2:18) Yehowa yɛ Owura bɛn? Hyɛ nea Mmebusɛm 19:17 ka no nsow: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW].” Ɛda adi sɛ, owura a oye na ɔwɔ ntease nkutoo na ɔbɛhyɛ ayamye ade biara a woyi no adi kyerɛ abrɛfo no nsow. Nea ɛsen saa no, kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ amansan Bɔfo no fa no sɛ ɔde nnipa a wɔyɛ mmɔborohunu ade a ɛtete saa no ka! Odwo a ɛkɔ akyiri ankasa ni.

20. Awerɛhyem bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ na ɔma ho mmuae?

20 Yehowa da so da ntease adi wɔ sɛnea ɔne n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ di nsɛm no mu. Sɛ yɛbɔ mpae gyidi mu a, otie. Na ɛwom sɛ ɔnsoma abɔfo mma wɔmmɛkasa nkyerɛ yɛn de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ ommua yɛn mpaebɔ. Kae sɛ bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ ne mfɛfo gyidifo “mmɔ mpae” mma wonyi no mfi afiase no, ɔde kaa ho sɛ: “Na wɔadan me ama mo ntɛm pa.” (Hebrifo 13:18, 19) Enti yɛn mpaebɔ betumi aka Yehowa ma wayɛ biribi a ebia anka ɔrenyɛ ankasa!Yakobo 5:16.

21. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya wɔ dwo a Yehowa dwo no ho da, na ntease bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ne ho mmom?

 21 Nokwarem no, odwo a Yehowa da no adi yi mu biara—ne brɛbrɛyɛ, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obetie asɛm, ne boasetɔ, ne ne ntease—nkyerɛ sɛ ogyae ne trenee nnyinasosɛm mu siesie. Ebia Kristoman mu asɔfo besusuw sɛ wɔreda ntease adi bere a wonunu wɔn nguankuw no asom denam Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a wogow mu so no. (2 Timoteo 4:3) Nanso, nneɛma mu a nnipa taa gyae siesie esiane biribi a wɔrehwehwɛ nti no ne Onyankopɔn ntease nni abusuabɔ biara. Yehowa yɛ kronkron; ɔrengu ne trenee gyinapɛn ahorow ho fĩ da. (Leviticus 11:44) Ɛnde, momma yɛnkyerɛ Yehowa ntease—adanse a ɛkyerɛ sɛ odwo—no ho anigye. So ɛnyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ Yehowa Nyankopɔn, Obi a onim nyansa sen obiara wɔ amansan yi mu no, dwo koraa nso? Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, nanso odwo, ɔwɔ boasetɔ, na ɔwɔ ntease no!

^ nky. 3 Tete kyerɛwfo, anaa Sopherim no sesaa nkyekyɛm yi ma ɛkae sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔbɔɔ ne mu ase na mmom Yeremia. Ɛda adi sɛ wosusuwii sɛ ɛmfata sɛ wɔbɛka sɛ Onyankopɔn bɛyɛ ade a ɛba fam saa. Ne saa nti, nkyerɛase ahorow pii yeraa ntease a ɛwɔ nkyekyɛm dɛdɛ yi mu no. Nanso, The New English Bible kaa no pɛpɛɛpɛ sɛ Yeremia ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Kae, O kae, na kotow ma me.”

^ nky. 12 Nkyerɛase afoforo ka “ahobrɛase a efi nyansa mu” ne “brɛbrɛyɛ a ɛyɛ nyansa ho agyiraehyɛde” ho asɛm.

^ nky. 18 Nea ɛyɛ anigye no, Bible de boasetɔ bɔ ahantan abira. (Ɔsɛnkafo 7:8) Yehowa boasetɔ yɛ odwo a ɔwɔ ho adanse foforo.2 Petro 3:9.

Wɔka wɔ Dwom 86:5 sɛ Yehowa ‘ye, na ɔde firi.’ Bere a wɔrekyerɛ saa dwom no ase akɔ Hela mu no, wɔkyerɛɛ ‘ɔde firi’ no ase e·pi·ei·kesʹ, anaa “ntease.”