Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ nsɛm a ɛdi hɔ a ɛde wo bɛkɔ mmeaemmeae

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo

Twi

Bɛn Yehowa

 TI 28

“Wo Nko na Woyɛ Ɔnokwafo”

“Wo Nko na Woyɛ Ɔnokwafo”

1, 2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na nokware a wonni nyɛ ade a Ɔhene Dawid nhuu bi da?

NÁ NOKWARE a wonni nyɛ ade a Ɔhene Dawid nhuu bi da. Bere bi, wosunsum no mfiri wɔ ne nniso a na ɔhaw ahyɛ mu ma no mu, na n’ankasa manfo bɔɔ ne ho pɔw bɔne. Afei nso, nnipa a yebesusuw sɛ na wɔyɛ Dawid ahokafo paa no bi paa n’akyi. Susuw Mikal, Dawid yere panyin no ho hwɛ. Mfiase no, na ‘ɔdɔ Dawid,’ na akyinnye biara nni ho sɛ ɔboaa no wɔ dwuma a na odi sɛ ɔhene no mu. Nanso, akyiri yi, “obuu no animtiaa ne koma mu,” na obuu Dawid sɛ “ahuhufo no bi” mpo.1 Samuel 18:20; 2 Samuel 6:16, 20.

2 Ɛno akyi no, Dawid ankasa fotufo Ahitofel nso wɔ hɔ. Na wobu n’afotu sɛ nea efi Yehowa hɔ tẽẽ. (2 Samuel 16:23) Nanso, bere bi akyi no, obi a Dawid ne no ka atirimsɛm a ɔwɔ ne mu ahotoso yi bɛdanee ɔfatwafo, na ɔde ne ho kɔbɔɔ nkurɔfo ma wɔtew atua tiaa Dawid. Na hena na ɔkɔfaa atirisopam no bae? Absalom, Dawid ankasa ba! Saa odifudepɛfo no “wiaa Israel mmarima koma,” na ɔde ne ho sii hɔ sɛ ɔhene foforo. Absalom atuatew no mu yɛɛ den araa ma Ɔhene Dawid guan peree ne nkwa.2 Samuel 15:1-6, 12-17.

3. Ahotoso bɛn na na Dawid wɔ?

3 So na obiara nni hɔ a ɔkɔ so di Dawid nokware? Wɔ Dawid amanehunu nyinaa mu no, na onim sɛ obi wɔ hɔ ankasa. Hena? Ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokware mu.” (2 Samuel 22:26, NW) Dɛn ne nokwaredi, na ɔkwan bɛn so na Yehowa da saa su yi ho nhwɛso a ɛsen biara adi?

Dɛn Ne Nokwaredi?

4, 5. (a) Dɛn ne “nokwaredi”? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsono nokwaredi a nneɛma a nkwa nnim da no adi ne nokwaredi a onipa da no adi no?

 4 Sɛnea wɔde “nokwaredi” di dwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no kyerɛ ɔdɔ mu a yefi da ayamye adi wɔ biribi ho na yennyae mu kosi sɛ yebedu atirimpɔw a enti yɛyɛ saa no ho. Nokwaredifo wɔ ɔdɔ. Nea ɛyɛ nwonwa no, odwontofo no frɛɛ ɔsram ‘ɔsoro dansefo nokwafo’ esiane sɛ ɛhyerɛn anadwo daa nti. (Dwom 89:37) Saa kwan yi so no, ɔsram yɛ ade a yetumi de yɛn ho to so. Nanso ɔsram ntumi nyɛ nokwafo sɛnea onipa yɛ nokwafo. Dɛn ntia? Efisɛ onipa nokwaredi kyerɛ ɔdɔ a ɔda no adi—biribi a nneɛma a nkwa nnim ntumi nyɛ.

Wɔfrɛ ɔsram ɔdansefo nokwafo, nanso abɔde a wɔwɔ nkwa na wonim nyansa nko ara na wobetumi ada Yehowa nokwaredi no bi adi ankasa

5 Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, nokwaredi kyerɛ ɔdɔ. Sɛ wɔda no adi a ɛkyerɛ sɛ abusuabɔ bi wɔ nea ɔda no adi ne nea ɔreda no adi akyerɛ no no ntam. Nokwaredi a ɛte saa no tra hɔ daa. Ɛnte sɛ asorɔkye a mframa bɔ kɔ baabiara a ɛpɛ no. Mmom no, nokwaredi, anaa adɔe wɔ nnyinaso ne ahoɔden a etumi di akwanside ahorow a emu yɛ den sen biara so.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na nokwaredi ho yɛ na wɔ nnipa mu, na ɔkwan bɛn so na wɔda eyi adi wɔ Bible mu? (b) Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so asua nea nokwaredi kyerɛ, na dɛn ntia?

 6 Nokwarem no, nokwaredi a ɛte saa ho yɛ na nnɛ. Mpɛn pii no, ayɔnkofo paa ‘sɛe wɔn ho wɔn ho.’ Yɛtaa te awarefo a wogyaw wɔn ahokafo hɔ. (Mmebusɛm 18:24; Malaki 2:14-16) Nkontomposɛm abu so araa ma yebetumi aka odiyifo Mika nsɛm yi bi: “Anokwafo ayera afi asase so.” (Mika 7:2, NW) Ɛwom sɛ nnipa ntaa nna adɔe adi de, nanso Yehowa di nokware ma ɛyɛ nwonwa. Nokwarem no, ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so asua nea nokwaredi kyerɛ ankasa ne sɛ yɛbɛhwehwɛ sɛnea Yehowa da ne dɔ ho ade kɛse yi adi no mu.

Yehowa Nokwaredi a Ɛso Bi Nni

7, 8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nko na ɔyɛ ɔnokwafo?

7 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo nko na woyɛ ɔnokwafo.” (Adiyisɛm 15:4, NW) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? So nnipa ne abɔfo nyinaa nnii nokware mmaa ɛnyɛɛ nwonwa wɔ mmere ahorow mu? (Hiob 1:1; Adiyisɛm 4:8) Na Yesu Kristo nso ɛ? So ɔnyɛ Onyankopɔn “nokwafo” titiriw? (Dwom 16:10, NW) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Yehowa nko na ɔyɛ ɔnokwafo?

8 Nea edi kan koraa no, kae sɛ nokwaredi yɛ ɔdɔ ho ade. Esiane sɛ ‘Onyankopɔn ne dɔ’—ɔne saa su yi—nti, hena na obetumi adi nokware koraa asen Yehowa? (1 Yohane 4:8) Nokwarem no, abɔfo ne nnipa betumi ada Onyankopɔn su ahorow adi, nanso Yehowa nkutoo na ne nokwaredi kyɛn so. Sɛ “obi a ne nna akyɛ” no, wayɛ adɔe bere tenten asen abɔde foforo biara, nea ɛwɔ asase so anaa ɔsoro. (Daniel 7:9) Enti, Yehowa yɛ ɔnokwafo ankasa. Ɔda saa su yi adi wɔ ɔkwan a abɔde foforo biara ntumi nna no adi so. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ “ɔnokwafo wɔ n’akwan nyinaa mu”?

 9 Yehowa yɛ “ɔnokwafo wɔ n’akwan nyinaa mu.” (Dwom 145:17, NW) Ɔkwan bɛn so? Dwom 136 ma mmuae. Ɛhɔ no, wɔtwe adwene si Yehowa nkwagye pii so, a gye a ogyee Israelfo anwonwakwan so wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu ka ho. Sɛnea ɛfata no, wɔde asɛm: “N’adɔe [anaa, ne nokwaredi] wɔ hɔ daa” si dwom yi nkyekyɛm biara so dua. Saa dwom yi ka Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho no ho wɔ kratafa 289. Sɛ worekenkan saa nkyekyɛm no a, akyinnye biara nni ho sɛ akwan pii a Yehowa faa so daa adɔe adi kyerɛɛ ne nkurɔfo no bɛma wo ho adwiriw wo. Yiw, Yehowa di n’asomfo anokwafo nokware denam tie a otie wɔn sufrɛ na odi ho dwuma wɔ bere a ɛsɛ mu no so. (Dwom 34:6) Nokware dɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo no nhinhim, bere tenten a wɔkɔ so di no nokware no.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa di nokware wɔ ne gyinapɛn ahorow ho?

10 Afei nso, Yehowa di n’asomfo nokware denam kura a ɔkɔ so kura ne gyinapɛn ahorow mu no so. Esiane sɛ Yehowa nte sɛ nnipa bi a wɔpere wɔn ho wɔ nneɛma mu a wofi nkate kɛkɛ mu yɛ ade nti, onhinhim wɔ adwene a ɔwɔ wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho mu. Wɔ mfirihyia mpempem pii mu no, adwene a ɔwɔ wɔ ahonhonsɛmdi, abosonsom, ne awudi ho no nsesae. Ɔnam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Na ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara.” (Yesaia 46:4) Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ yedi Onyankopɔn Asɛm mu abrabɔ ho akwankyerɛ a emu da hɔ no so a, yebenya so mfaso.Yesaia 48:17-19.

11. Ma nhwɛso ahorow fa kyerɛ sɛ Yehowa di ne bɔhyɛ ahorow so.

11 Yehowa di nokware nso denam ne bɔhyɛ ahorow a odi so no so. Sɛ ɔka biribi a, ɛbam. Enti, Yehowa kae sɛ: ‘M’asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.’  (Yesaia 55:11) Yehowa nam di a odi n’asɛm so no so di ne nkurɔfo nokware. Ɔmma wɔmfa ahoyeraw ntwɛn biribi a ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔde bɛba. Yehowa agye din pa wɔ eyi mu ma ne somfo Yosua tumi kae sɛ: “Asɛm pa a [Yehowa, NW] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.” (Yosua 21:45) Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ wɔrenni yɛn huammɔ da esiane sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ ahorow nyinaa so nti.Yesaia 49:23; Romafo 5:5.

12, 13. Akwan bɛn so na Yehowa adɔe “wɔ hɔ daa”?

12 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Bible kyerɛ yɛn sɛ Yehowa adɔe “wɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1) Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Ade biako ne sɛ, Yehowa bɔne fafiri yɛ nea ɛtra hɔ daa. Sɛnea yesusuw ho wɔ Ti 26 no, Yehowa mfa bɔne a obi ayɛ a ɔde afiri no bere bi a atwam no mmu no atɛn bio. Esiane sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn’ nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de aseda ma sɛ Yehowa adɔe wɔ hɔ daa.Romafo 3:23.

13 Nanso, Yehowa adɔe wɔ hɔ daa wɔ ɔkwan foforo so. N’asɛm ka sɛ ɔtreneeni ‘bɛyɛ sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.’ (Dwom 1:3) Susuw dua frɔmfrɔm a n’ahaban mpo da ho hwɛ! Saa ara nso na sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye nokwarem a, yɛn nkwa nna bɛware, ayɛ nea asomdwoe wom, na mfaso wɔ so. Nhyira ahorow a Yehowa fi nokwaredi mu de ma n’asomfo anokwafo no wɔ hɔ daa. Nokwarem no, wɔ trenee wiase foforo a Yehowa de reba no mu no, adesamma asoɔmmerɛfo benya n’adɔe daa.Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa ‘Rennyaw N’anokwafo’

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛ n’asomfo nokwaredi ho anisɔ?

14 Yehowa ada ne nokware adi mpɛn pii. Esiane sɛ Yehowa  yɛ pɛ bere nyinaa nti, nokware a odi n’asomfo anokwafo no so ntew. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan. Efisɛ [Yehowa dɔ atɛntrenee, NW], na ɔrennyaw [n’anokwafo, NW].” (Dwom 37:25, 28) Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛsom Yehowa a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no. (Adiyisɛm 4:11) Nanso, esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, yɛn nokwaredi som bo ma no.Malaki 3:16, 17.

15. Kyerɛkyerɛ sɛnea ɔkwan a Yehowa ne Israel dii nsɛm no si Ne nokwaredi so dua mu.

15 Yehowa fi n’adɔe mu boa ne nkurɔfo bere a wɔwɔ ahokyere mu mpɛn pii no. Odwontofo no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.” (Dwom 97:10) Susuw sɛnea ɔne Israel man no dii no ho hwɛ. Bere a Yehowa gyee Israelfo no anwonwakwan so wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu wiei no, wɔtoo dwom maa no sɛ: “Wode w’adɔe [anaa, “wo nokware dɔ,” NW ase hɔ asɛm] gyaa ɔman a woagye wɔn yi.” (Exodus 15:13) Akyinnye biara nni ho sɛ na ogye a wonyae anwonwakwan so wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ mu no yɛ Yehowa nokware dɔ a ɔdaa no adi. Enti, Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ɛnyɛ mo dodow a ɛsen aman nyinaa nti na [Yehowa, NW] de ne ho abɔ mo ho na wapaw mo, efisɛ mo na musua aman nyinaa mu; na esiane sɛ [Yehowa, NW] dɔ mo na odi ne ntam a ɔkaa mo agyanom no so nti na [Yehowa, NW] de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi fii Misraim hene Farao nsam.”Deuteronomium 7:7, 8.

16, 17. (a) Bonniayɛ a ɛyɛ ahodwiriw bɛn na Israelfo no daa no adi, nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa yam hyehyee no maa wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na Israelfo dodow no ara daa no adi sɛ ‘wonnya wɔn yare ano aduru,’ na kɔkɔbɔ ho nhwɛso bɛn na eyi yɛ ma yɛn?

16 Nokwarem no, sɛ́ ɔman no, Israelfo ankyerɛ Yehowa  adɔe ho anisɔ, efisɛ ogyee wɔn akyi no, “wɔkɔɔ so ara yɛɛ [Yehowa] bɔne, tew ɔsorosoroni no anim atua.” (Dwom 78:17) Wɔtew atua mpɛn pii wɔ mfehaha pii mu, na wogyaw Yehowa kodii atoro anyame akyi som abosom de guu wɔn ho fĩ. Nanso, Yehowa ammu n’apam so. Mmom no, Yehowa nam ne diyifo Yeremia so srɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! . . . Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na [ɔnokwafo, NW] ne me.” (Yeremia 3:12) Nanso, sɛnea yehui wɔ Ti 25 no, anka Israelfo dodow no ara koma. Nokwarem no, ‘wɔkɔɔ so dii nokware Nyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no.’ Dɛn na efii mu bae? Awiei koraa no, “[Yehowa, NW] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.”2 Beresosɛm 36:15, 16.

17 Dɛn na yesua fi eyi mu? Ɛne sɛ ɔnokwafo a Yehowa yɛ no nkyerɛ sɛ obu n’ani gu nneɛma so na saa ara nso na wontumi nnaadaa no. Nokwarem no, Yehowa ‘adɔe dɔɔso,’ na n’ani gye sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi bere a ɛfata sɛ ɔyɛ saa no. Nanso, sɛ ɔbɔnefo bi sen ne kɔn a, dɛn na ɔyɛ no? Wɔ tebea a ɛte saa mu no, Yehowa gyina n’ankasa trenee gyinapɛn ahorow akyi bu atɛn. Sɛnea wɔka kyerɛɛ Mose no, ‘bem na Yehowa mma ɔbɔnefo nni.’Exodus 34:6, 7.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na asotwe a Yehowa de ba abɔnefo so no yɛ ne nokwaredi ho adanse? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bedi n’asomfo a wɔataa wɔn akodu owu mu no nokware?

18 Asotwe a Onyankopɔn de ba abɔnefo so no nso yɛ ne nokwaredi ho adanse. Ɔkwan bɛn so? Yehu nhwɛso biako wɔ Adiyisɛm nhoma no a ɛka ahyɛde a Yehowa de maa abɔfo baason ho asɛm no mu: “Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa no ngu asase so.” Bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa ‘guu nsubɔnten ne  asuti mu no,’ ɛdan mogya. Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ Ɔnokwafo, woteɛ, efisɛ woabu atɛn saa, na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu, na woama wɔn mogya anom; wɔfata saa.’Adiyisɛm 16:1-6.

Yehowa nokwaredi nti, ɔbɛkae wɔn a wɔadi nokware akosi owu mu no na wanyan wɔn

19 Hyɛ no nsow sɛ, bere a ɔbɔfo no de atemmusɛm no rema no, ɔfrɛɛ Yehowa “Ɔnokwafo.” Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa nam abɔnefo a ɔsɛe wɔn no so di n’asomfo a wɔn mu bebree dii nokware koduu owu mu no nokware. Yehowa fi nokwaredi mu kae saafo no yiye te sɛ nea wɔte ase. N’ani gyina sɛ obehu saa anokwafo a wɔawuwu yi bio, na Bible si so dua sɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɔnam owusɔre so betua wɔn ka. (Hiob 14:14, 15) Yehowa werɛ mfi n’asomfo anokwafo esiane sɛ wɔnte ase bio nti. Mmom no, “wɔn nyinaa te ase ma no.” (Luka 20:37, 38) Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛsan de wɔn a wɔwɔ ne nkae mu aba nkwa mu bio no yɛ ne nokwaredi ho adanse a emu yɛ den.

Nasifo kum Bernard Luimes (benkum) ne Wolfgang Kusserow (mfinimfini)

Amammui kuw bi wɔɔ Moses Nyamussua (nifa) peaw kum no

 Yehowa Nokware Dɔ Bue Nkwagye Ho Kwan

20. Henanom ne “mmɔborohunu ade” no, na ɔkwan bɛn so na Yehowa di wɔn nokware?

20 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa adi nnipa anokwafo nokware ma ɛyɛ nwonwa. Nokwarem no, mfirihyia mpempem pii na Yehowa de ‘abodwokyɛre bebree akura abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu.’ Dɛn ntia? “Sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no.” (Romafo 9:22, 23) Saa “mmɔborohunu ade” a wɔfata yi ne wɔn a wɔde honhom kronkron asra wɔn sɛ wɔnkɔyɛ Kristo yɔnko adedifo wɔ N’ahenni mu no. (Mateo 19:28) Yehowa nam nkwagye ho kwan a obue maa saa mmɔborohunu ade yi so kɔɔ so dii Abraham a na wahyɛ no apam  yi ho bɔ no nokware: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.”Genesis 22:18.

Esiane Yehowa nokwaredi nti, n’asomfo anokwafo nyinaa wɔ daakye mu ahotoso a edi mũ

21. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa di “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” a ɛreba mu no nokware? (b) Dɛn na Yehowa nokwaredi ka wo ma woyɛ?

21 Yehowa di “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” no mu na wɔatra ase daa wɔ paradise asase so no nokware saa ara. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Ɛwom sɛ Yehowa asomfo no nyɛ pɛ de, nanso ofi nokwaredi mu ma wonya hokwan a ɛbɛma wɔatra ase daa wɔ paradise asase so. Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ saa? Denam agyede—Yehowa nokwaredi ho adanse a ɛsen biara—no so. (Yohane 3:16; Romafo 5:8) Yehowa nokwaredi twetwe wɔn a trenee ho kɔm de wɔn wɔ wɔn koma mu no. (Yeremia 31:3) So Yehowa nokwaredi kɛse a wada no adi ne nea ɔbɛkɔ so ada no adi no ntwe wo mmɛn no? Esiane sɛ ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn nti, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ ne dɔ ho biribi denam yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛsom no nokwaredi mu no mu den a yɛbɛhyɛ so.