Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sikani No Ne Lasaro—Na Wɔyɛ Henanom?

Sikani No Ne Lasaro—Na Wɔyɛ Henanom?

Nea Bible ka

 Sikani no ne Lasaro asɛm no, ɛnyɛ asɛm a esii. Ɛyɛ Yesu asɛm bi a ɔkae na ɔbɔɔ wɔn din wom. (Luka 16:19-31) Asɛm a Yesu kae no mu no, na sikani no ne Lasaro gyina hɔ ma nnipakuw mmienu bi: (1) Yudasom mu mpanyimfo a na wɔyɛ ahantan wɔ Yesu bere so no. (2) Mmɔborɔwafo a na wɔwɔ koma pa a wotiee Yesu asɛm no.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Dɛn na Yesu ka faa sikani no ne Lasaro ho?

 Wohwɛ Luka ti 16 a, Yesu kaa mmarima mmienu bi ho asɛm sɛ nsakrae kɛse bi baa wɔn asetenam.

 Yɛbɛbɔ nea Yesu kaa no mua: Sikani bi tenaa ase, na na hwee nhia no. Na Lasaro yɛ ɔbarima bi a ɔsrɛsrɛ ade, na wɔde no kɔtena sikani no abobow ano. Na n’anidaso ara ne sɛ sikani no aduan no bi befi ne didipon so agu fam na wanya bi adi. Bere bi akyi no, Lasaro wui, na abɔfo de no kɔɔ Abraham nkyɛn. Sikani no nso wui, na wosiee no. Yesu asɛm no mu no, ɔkaa mmarima mmienu no ho asɛm sɛ, wowui no, na wɔda so te ase. Sikani a wawu no, na ɔrehu amane wɔ egya a ɛredɛw no mu, enti ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnsoma Lasaro mma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsu mu na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma. Abraham anyɛ nea sikani no kae no, mmom ɔkae sɛ sikani no abɛyɛ hiani, ɛnna hiani no abɛyɛ sikani. Na ɔkaa sɛ obon anaa eku kɛse bi abɛda wɔn ntam, na obiara ntumi ntwa nkɔ baabi a ne yɔnko no wɔ.

 Asɛm yi sii ampa?

 Daabi. Wei yɛ mfatoho bi a Yesu yɛe de kyerɛɛ yɛn biribi. Animdefo gye tom sɛ ɛyɛ mfatoho. Luther Bible a wɔyɛɛ no afe 1912 no, atifi asɛm bi wom a ɛka sɛ Yesu asɛm no yɛ mfatoho. Afei nso, wohwɛ Katolekfo Jerusalem Bible no mu a, wɔakyerɛw nkyerɛkyerɛmu bi agu ase sɛ Yesu asɛm no “yɛ mfatoho, na wɔn a wɔn din wom no nyɛ nnipa a wɔtenaa ase.”

 Yesu asɛm no, na ɔde rekyerɛ sɛ obi wu a, ɔkɔtena baabi anaa? Na ɔrepɛ akyerɛ sɛ, sɛ ebinom wu a, wɔkɔ Ɔbonsam gya mu kohu amane, na Abraham ne Lasaro de wɔwɔ soro anaa? Nneɛma pii kyerɛ sɛ ɛnte saa.

 Ebi ni:

  •   Sɛ na sikani no rehu amane wɔ gya mu ampa a, anka egya no remma Lasaro nsateaa ano nsu no nwe anaa?

  •   Sɛ nsu no anwe mpo a, wugye di sɛ anka nsu ketekete saa betumi ama sikani a ɔrehu amane wɔ gya mu no anya ahotɔ afebɔɔ anaa?

  •   Yesu kaa sɛ ebesi bere a na ɔrema mfatoho no, na obiara nkɔɔ soro. Enti ɛbɛyɛ dɛn na Abraham akopue soro?—Yohane 3:13.

 Saa asɛm yi kyerɛ sɛ Hell anaa Ɔbonsam gya nkyerɛkyerɛ no yɛ nokware anaa?

 Daabi. Ɛwom sɛ saa asɛm yi nyɛ asɛm a esii ankasa de, nanso ebinom ka sɛ ɛkyerɛ sɛ apapafo bɛkɔ soro, na abɔnefo akohu amane wɔ hell a anaa Ɔbonsam gya mu.

 Saa asɛm yi tɔ asom anaa? Daabi.

 Ɔbonsam gya nkyerɛkyerɛ no, ɛne nea Bible ka fa awufo tebea ho nhyia. Nhwɛso bi ni, Bible nka sɛ apapafo a wowu no nyinaa kogye wɔn ani wɔ soro anaa wɔyɛ abɔnefo ayayade wɔ Ɔbonsam gya mu. Mmom, Bible no ma emu da hɔ sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara”—Ɔsɛnkafo 9:5.

 Sikani no ne Lasaro asɛm no, ɛkyerɛ sɛn?

 Asɛm a Yesu kae no, egyina hɔ ma nnipakuw mmienu bi a na nsakrae kɛse bi rebɛba wɔn asetenam.

 Na sikani no gyina hɔ ma Yudafo nyamesom mpanyimfo a “wɔyɛ sikanibere no.” (Luka 16:14) Sɛ Yesu rekasa a, na wotie gu wɔn asom, nanso na wɔmfa nyɛ hwee. Na saa nyamesom mpanyimfo no bu mmɔborɔwafo no animtiaa.—Yohane 7:49.

 Na Lasaro gyina hɔ ma mmɔborɔwafo no. Wɔn na wotiee Yesu asɛm no guu aso pa mu, nanso na Yudafo nyamesom mpanyimfo no mfa wɔn nyɛ hwee.

 Nsakrae a ɛbaa akuw mmienu no asetena mu no, na ɛsõ paa.

  •   Na Yudafo nyamesom mpanyimfo no adwene yɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn adom wɔ wɔn so. Nanso yɛbɛka a, na ɛte sɛ nea wɔawu, efisɛ wɔantie Yesu asɛm, enti Onyankopɔn poo wɔn, na wannye wɔn som no antom. Asɛm a Yesu ne n’akyidifo no kae no maa wɔn ho hyehyee wɔn.—Mateo 23:29, 30; Asomafo Nnwuma 5:29-33.

  •   Mmɔborɔwafo a na wɔn som mu mpanyimfo abu wɔn ani agu wɔn so bere tenteenten no, afei de, wɔn na na wɔabenya adom. Wɔn mu pii tiee Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a Yesu kae no, na ɛboaa wɔn paa. Seesei de na kwan abue ama wɔn sɛ wobenya Onyankopɔn adom afebɔɔ.—Yohane 17:3.

a Bible nkyerɛase bi de asɛmfua “hell” kyerɛ baabi sikani no kɔe bere a owui no. Nanso, Greek asɛmfua (Hades) a wɔde yɛɛ adwuma wɔ Luka 16:23 no, nea ɛkyerɛ ara ne adasamma damoa.