Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Wɔ Hɔ Ampa?

Onyankopɔn Wɔ Hɔ Ampa?

Nea Bible ka

 Aane. Bible ma yɛn adanse a edi mu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya Onyankopɔn mu gyidi. Nanso ɛka sɛ, sɛ yebenya saa gyidi no a, ɛnkyerɛ sɛ obi ka biribi pɛ na yɛagye adi. Mmom, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn “adwene” nni dwuma mfa mpɛ saa gyidi no. (Romafo 12:1; 1 Yohane 5:​20) Nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma no, ma yensusuw bi ho nhwɛ:

  •   Sɛ wohwɛ sɛnea wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ ɔsoro ne asase so no a, ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Bible ka sɛ: “Nokwarem no, ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Ɛwom, ntotoho a ɛwɔ ha yi nkyere so ahe biara, nanso sɛ wɔn a wɔasua ade akɔ akyiri pii no kenkan a, wohu sɛ nyansa wom paa. a

  •   Sɛnea wɔbɔɔ yɛn nti, onipa biara pɛ sɛ ohu nea enti a ɔwɔ wiase. Sɛ obi nya honam fam nneɛma a ohia nyinaa mpo na sɛ onnyaa saa asɛm no ho mmuae a, ne ho ntɔ no. Nea Bible frɛ no “honhom mu ahiade” no, wei nso ka ho. Ade foforo a ɛka ho nso ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebehu Onyankopɔn na yɛasom no. (Mateo 5:3; Adiyisɛm 4:​11) Yɛn honhom mu ahiade no ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛsan ma yehu sɛ ɔyɛ Ɔbɔadeɛ a ɔdɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛn nsa ka saa ahiade no.​—Mateo 4:4.

  •   Bible mu nkɔmhyɛ no, wɔkyerɛw too hɔ mfe pii koraa ansa na saa nsɛm no resisi. Nanso, nkɔmhyɛ no nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ a emu asɛm baako mpo antɔ fam. Wei ma yehu sɛ Bible mu nsɛm no mfi nnipa hɔ.​—2 Petro 1:​21.

  •   Nyansahu ho nimdeɛ a na Bible akyerɛwfo wɔ no, na nnipa a wɔwɔ wɔn bere so nnim ho hwee. Nhwɛso bi ni: Tete no, na nkurɔfo pii adwene yɛ wɔn sɛ mmoa bi na wɔso yɛn asase yi wɔ wɔn akyi. Saa mmoa no bi ne ɔsono, kɔkɔte, anaa nantwinini. Nanso, ɛnyɛ saa koraa na Bible ka. Mmom, Bible ka sɛ Onyankopɔn de “asase asɛn nea hwee nni.” (Hiob 26:7) Sɛnea asase te no, nea Bible ka fa ho no nso yɛ nokware. Ɛka sɛ asase yɛ “kurukuruwa,” anaa “kontonkron.” (Yesaia 40:22; Akuapem Twi Bible) Nnipa pii gye di sɛ nimdeɛ a ɛkɔ akyiri a na Bible akyerɛwfo wɔ no amma kwa. Wogye di sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ara ne sɛ, Bible akyerɛwfo no nyaa wɔn nsɛm fii Onyankopɔn hɔ.

  •   Nsɛmmisa bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den sɛ yebenya ho mmuae. Enti sɛ obi annya ho mmuae a ɛtɔ asom a, ebetumi ama waka sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nanso Bible ma saa nsɛmmisa no ho mmuae. Nsɛmmisa no bi ne sɛ: Sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔyɛ tumi nyinaa wura a, ɛnde adɛn nti na amanehunu ne bɔne adɔɔso wɔ wiase saa? Adɛn nti na nyamesom ma nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne mmom sen sɛ anka ɛbɛma wɔayɛ adepa?​—Tito 1:​16.

a Ɛho nhwɛso ne sɛ, nsoromma ho nimdefo a ɔtenaa ase bere bi a atwam, Allan Sandage, kaa asase ne wim nneɛma nyinaa ho asɛm sɛ: “Ntease nnim sɛ obi bɛka sɛ saa nneɛma no nyinaa baa kɛkɛ. Ɛnyɛ dɛn ara a, biribi wɔ hɔ a ɛhyehyɛɛ ne nyinaa pɛpɛɛpɛ saa. Me deɛ, minnim Onyankopɔn, nanso sɛ ɔbɔadeɛ bi nni hɔ a, anka biribiara nni hɔ. Ɛnyɛ ɔno a, anka hwee nni hɔ.”