Onyankopɔn na Ɔbɔɔ Ɔbonsam Anaa?
Nea Bible ka
Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn ammɔ obiara Ɔbonsam, na mmom, ɔbɔɔ ɔbɔfo bi a ɔyɛɛ ne ho Ɔbonsam. Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ, n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.” (Deuteronomium 32:3-5) Saa asɛm no ma yɛhu sɛ mmere bi, na Satan Ɔbonsam yɛ ɔbɔfo nokwafo a bɔne biara nni ne ho. Enti na ɔka Onyankopɔn mma no ho.
Yesu kaa biribi faa Ɔbonsam ho wɔ Yohane 8:44. Ɔkaa sɛ, Ɔbonsam ‘annyina nokware no mu,’ na ɛno kyerɛ sɛ, mmere bi, na Satan yɛ ɔbɔfo nokwafo a asɛm biara nni ne ho.
Nanso sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne abɔfo no, wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw papa anaa bɔne. Enti saa ɔbɔfo a ɔyɛɛ ne ho Ɔbonsam no, na ɔno nso wɔ saa hokwan no. Bere a Ɔbonsam tew atua tiaa Onyankopɔn na ɔdaadaa awarefo a wɔdi kan no, ɔyɛɛ ne ho Satan a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.”—Genesis 3:1-5; Adiyisɛm 12:9.