Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Yɛ Nyame Baasakoro Anaa?

Onyankopɔn Yɛ Nyame Baasakoro Anaa?

Nea Bible ka

 Asɔre pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Nyame Baasakoro. Nanso Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Asɛm Baasakoro no ne nkyerɛkyerɛ no nyinaa nni Apam Foforo no mu . . . Akyinnyegye bebree kɔɔ so mfe pii, na ɛno na nkakrankakra ɛkɔfaa saa nkyerɛkyerɛ no bae.”

 Bible nka Onyankopɔn ho asɛm wɔ baabiara sɛ ɔyɛ Nyame Baasakoro. Wo de, hwɛ Bible mu nsɛm ɛdidi so yi:

 “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.”​—Deuteronomium 6:4.

 “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”​—Dwom 83:18.

 “Eyi ne daa nkwa, sɛ [wɔbɛhu] wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”​—Yohane 17:3.

 “Onyankopɔn yɛ obiako.”​—Galatifo 3:20.

 Adɛn nti na Kristofo dodow no ara ka sɛ Onyankopɔn yɛ Nyame Baasakoro?