Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Kyerɛkyerɛ Sɛ Asase Yɛ Tratraa Anaa?

Bible Kyerɛkyerɛ Sɛ Asase Yɛ Tratraa Anaa?

Nea Bible ka

 Dabi. Bible nkyerɛkyerɛ sɛ asase yɛ tratraa. a Bible nyɛ nyansahu nhoma, nanso nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ a ɛyɛ nokware no, ɛne nea Bible ka no hyia. Nea Bible ka no yɛ nokware bere nyinaa.—Dwom 111:8.

 Bible ka “asase no afanan nyinaa” a, ɛkyerɛ sɛn?

 “Asase no afanan nyinaa” ne “asase ano nohoa” a wɔde adi dwuma wɔ Bible mu no nkyerɛ sɛ asase wɔ afã nnan te sɛ adaka. (Yesaia 11:12; Hiob 37:3) Mmom, saa nsɛm no yɛ kasakoa a ɛkyerɛ asase no nyinaa. Bible de nsɛm bi te sɛ apuei fam ne atɔe fam, atifi fam ne anafo fam yɛ adwuma de kyerɛ asase no nyinaa.—Luka 13:29.

 Ɛbɛyɛ sɛ Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “afanan” anaa “ano nohoa” no yɛ kasakoa a efi asɛmfua “ntaban” mu. The International Standard Bible Encyclopedia ka sɛ, ‘sɛnea nnomaa trɛw wɔn ntaban mu de kata wɔn mma ho nyinaa no, saa ara na Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “afanan” anaa “ano nohoa” no begyinaa hɔ maa biribi ano anaa biribi a wɔatrɛw mu.’ Nhoma no de ka ho sɛ asase “ano nohoa” ne “afanan” a wɔde adi dwuma wɔ Hiob 37:3 ne Yesaia 11:12 no kyerɛ “po ano, ahye, anaa asase no anoano.” b

 Sɔhwɛ a Ɔbonsam de baa Yesu so no nso kyerɛ sɛn?

 Bere a na Ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ no, ‘ɔde no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.’ (Mateo 4:8) Ebinom susuw sɛ Bible mu asɛm yi kyerɛ sɛ asase no yɛ tratraa, enti obi betumi agyina ne fã pɔtee bi ahu wiase nyinaa. Nanso, “bepɔw tenteenten” a Bible kaa ho asɛm yi nyɛ bepɔw a ɛwɔ hɔ ankasa, mmom ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ kasakoa. Yɛnhwɛ nea enti a wei tɔ asom.

  •   Bepɔw biara nni asase so a obi betumi agyina so ahu wiase ahenni nyinaa.

  •   Ɔbonsam de wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ Yesu, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɔsan de “emu anuonyam” nso kyerɛɛ no. Ɛbɛyɛ den sɛ obi betumi agyina baabi pɔtee ahu wiase ahenni ne emu anuonyam nyinaa. Enti ɛbɛyɛ sɛ Ɔbonsam nam anisoadehu so na ɔde wiase ahenni ne emu anuonyam yi kyerɛɛ Yesu. Yebetumi de wei atoto sɛnea obi de afiri bi yi asase so mfoni ahorow kyerɛ obi no.

  •   Asɛm koro no ara wɔ Luka 4:5. Ɛka sɛ Ɔbonsam kɔkyerɛɛ Yesu “asase so ahenni nyinaa prɛko.” Onipa rentumi mfa n’ani kann nhu wiase ahenni nyinaa. Wei kyerɛ sɛ, Ɔbonsam faa ɔkwan bi so na ɔsɔɔ Yesu hwɛe, na ɛnyɛ biribi a onipa betumi de n’ani kann ahu.

a Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘te asase kurukuruwa so.’ (Yesaia 40:22) Nhwehwɛmu ahorow bi kyerɛ sɛ asɛmfua a wɔakyerɛ ase kurukuruwa wɔ ha no betumi akyerɛ biribi te sɛ kosua. Ɛwom, ɛnyɛ animdefo nyinaa na egye saa asɛm no tom. Ne nyinaa mu no, adwene a ɛne sɛ asase yɛ tratraa no, Bible mfoa so.

b Revised Edition, Volume 2, kratafa 4.