Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu​—Ɔno Ara Ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn Anaa?

Yesu​—Ɔno Ara Ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn Anaa?

Nea Bible ka

 Nkurɔfo bi a na wɔsɔre tia Yesu bɔɔ no sobo bi. Wɔkaa sɛ Yesu reyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. (Yohane 5:18; 10:30-33) Nanso, Yesu anka da sɛ ɔne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yɛ pɛ. Nea ɔkae ne sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me.”​—Yohane 14:28.

 Yesu asuafo a wɔdi kan no ammu Yesu sɛ ɔne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yɛ pɛ. Ɛho nhwɛso ni: Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ bere a wɔnyanee Yesu fii awufo mu no, Onyankopɔn “pagyaw [Yesu] maa no gyinabea a ɛkorɔn.” Ɛno kyerɛ sɛ na Paulo nnye nni sɛ Yesu, ɔno ara ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Ɛnyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asan apagyaw no ama no gyinabea a ɛkorɔn ma ayɛ yiye?​—Filipifo 2:9.