MMABUN BISA SƐ
Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?
Nneɛma a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wubetumi de w’ahonim atoto ho?
kɔmpase anaa akyerɛkyerɛkwan
ahwehwɛ
adamfo
ɔtemmufo
Yebetumi de yɛn ahonim atoto nneɛma nnan no nyinaa ho. Nea yɛrebesusuw ho yi bɛma yɛahu nea enti a ɛte saa.
Dɛn ne ahonim?
W’ahonim yɛ biribi a ɛma wuhu sɛ ade bi yɛ papa anaa ɛnyɛ papa. Bible ka sɛ, yɛn tiboa no te sɛ ‘mmara wɔ yɛn komam.’ (Romafo 2:15, Akuapem Twi Bible) Sɛ obi ahonim yɛ papa a, ɛboa ma ohu sɛ, biribi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no ye anaa enye. Afei nso, sɛ ɔyɛ ade bi wie a, ahonim no ma ohu sɛ eye anaa enye.
W’ahonim te sɛ kɔmpase anaa akyerɛkyerɛkwan. Ɛkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so sɛnea ɛbɛyɛ a worenhyia ɔhaw biara.
W’ahonim te sɛ ahwehwɛ. Ɛma wuhu sɛnea wote ankasa. Ɛma wuhu sɛ w’abrabɔ ye anaa enye.
W’ahonim te sɛ wo yɔnko berɛbo. Sɛ otu wo fo na wutie a, ebesi wo yiye.
W’ahonim te sɛ ɔtemmufo. Sɛ woyɛ biribi a enye a, ɛma wuhu sɛ woanyɛ no yiye.
Nea yɛreka akosi: W’ahonim yɛ biribi a ɛbɛboa wo ama (1) woasisi gyinae pa na (2) woasiesie mfomso a woadi.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotete w’ahonim?
Bible tu yɛn fo sɛ “yenkura ahonim pa mu.” (1 Petro 3:16) Nanso sɛ wontetee w’ahonim a, ɛbɛyɛ den sɛ wubekura ahonim pa mu.
“Sɛ mipue na m’awofo bisa me baabi a mewɔ a, ɛyɛ a menka nokware nkyerɛ wɔn. Kan no, sɛ meyɛ saa a, na m’ahonim bu me fɔ. Nanso meyɛe araa ma na ɛnhaw me bio.”—Jennifer.
Akyiri yi, Jennifer ahonim buu no fɔ araa ma na ɔde hyɛ ne ho a, ɛnyɛ yiye. Enti ɔkaa nea na ɔyɛ no nyinaa mu nokware kyerɛɛ n’awofo. Efi saa bere no, wannaadaa n’awofo bio.
Susuw wei ho hwɛ: Wohwɛ a, bere bɛn na na ɛsɛ sɛ Jennifer tie nea na n’ahonim reka akyerɛ no no?
“Sɛ woyɛ bɔne sie, nanso nnipa ani so no woyɛ wo ho sɛ woyɛ nipa papa a, w’ani rennye da. Sɛ worebɛyɛ biribi a enye na w’ahonim bɔ wo kɔkɔ na woantie na woyɛ a, bere foforo ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛsan ayɛ biribi bɔne bio.”—Matthew.
Ebinom wɔ hɔ a, wɔmfa wɔn ahonim no nyɛ hwee. Ɛkasa kyerɛ wɔn a, wontie. Bible ka sɛ, nnipa a wɔte saa no “atoto wɔn ani awe.” (Efesofo 4:19) Akuapem Twi Bible no ka sɛ: “Wɔn ani nwu ade bio.”
Susuw wei ho hwɛ: Sɛ obi yɛ nneɛma bɔne na n’ahonim ammu no fɔ a, ɛno kyerɛ sɛ wafa ne ho adi anaa? Ɔhaw ahorow bɛn na wɔtwe wɔn mu tann a wobehyia?
Nea yɛreka akosi: Sɛ wubetumi akura ahonim pa mu a, ɛsɛ sɛ wotete ahonim no “ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.”—Hebrifo 5:14.
Wobɛyɛ dɛn atete w’ahonim?
Sɛ yebetumi atete yɛn ahonim a, ɛsɛ sɛ yenya biribi a yɛbɛhwɛ so de atoto yɛn abrabɔ ho ahwɛ sɛ nea yɛreyɛ no ye anaa enye. Nea ebinom hwɛ so de tete wɔn ahonim no bi ne:
wɔn abusua anaa wɔn amammerɛ
wɔn atipɛnfo
wɔn a wɔagye din wɔ wiase no mu
Nanso, nsɛm a ɛwɔ Bible mu a yebetumi de abɔ yɛn bra no ho hia sen ne nyinaa. Wei nyɛ nwonwa, efisɛ Bible no fi “Onyankopɔn honhom mu”, kyerɛ sɛ ɔno na ɔkyerɛwee. Esiane sɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn nti, onim nea eye ma yɛn.—2 Timoteo 3:16.
Bible mu nsɛm a yebetumi de abɔ yɛn bra no mu bi na edidi so yi.
BIBLE MU ASƐM: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.
Sɛ ɛyɛ wo sɛ wia sɔhwɛ mu, di atoro kyerɛ w’awofo anaa wia obi ade a, sɛn na Bible mu asɛm yi betumi aboa w’ahonim?
Sɛ w’ahonim boa wo ma wudi nokware wɔ biribiara mu a, sɛn na ɛbɛboa wo nnɛ ne daakye?
BIBLE MU ASƐM: “Munguan aguamammɔ.”—1 Korintofo 6:18.
Sɛ ɛyɛ wo sɛ hwɛ ponografi anaa kɔbɔ aguaman a, sɛn na Bible mu asɛm yi betumi aboa w’ahonim?
Sɛ w’ahonim boa wo ma wotwe wo ho fi aguamammɔ ho a, sɛn na ɛbɛboa wo nnɛ ne daakye?
BIBLE MU ASƐM: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.”—Efesofo 4:32.
Sɛ wo ne wo nua anaa w’adamfo nya asɛm a, sɛn na Bible mu asɛm yi betumi aboa w’ahonim?
Sɛ w’ahonim boa wo ma wuhu nkurɔfo mmɔbɔ na wote nka ma wɔn a, sɛn na ɛbɛboa wo nnɛ ne daakye?
BIBLE MU ASƐM: “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Yehowa kra kyi no koraa.”—Dwom 11:5.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu sini ne TV so dwumadi a ɛsɛ sɛ wohwɛ anaa video game a ɛsɛ sɛ wobɔ a, sɛn na Bible mu asɛm yi betumi aboa w’ahonim?
Sɛ w’ahonim boa wo ma wotwe wo ho fi anigyede a basabasayɛ wom ho a, sɛn na ɛbɛboa wo nnɛ ne daakye?
ASƐM BI A ESII: “Ná mewɔ nnamfo bi a wɔn ani gye video game a basabasayɛ wom ho, na na me nso m’ani gye ho. Me papa ka kyerɛɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ mebɔ video game a ɛtete saa bio. Nanso sɛ mekɔsra me nnamfo no a, na miwia me ho bɔ. Ɛba saa na meba fie a, na mayɛ dinn. Sɛ me papa bisa me nea enti a mayɛ dinn a, mise ɛnyɛ hwee. Da koro bi mekenkan Dwom 11:5. Mekenkan wiei no, m’ahonim fii ase buu me fɔ. Mihui sɛ, ɛsɛ sɛ migyae video game no bɔ, enti migyae. Nea meyɛe no boaa me nnamfo no mu baako ma ɔno nso gyaee game no bɔ.—Jeremy.
Susuw wei ho hwɛ: Bere bɛn na Jeremy ahonim fii ase kasa kyerɛɛ no, na bere bɛn na ofii ase tiei? Dɛn na wusua fi Jeremy asɛm no mu?
Nea yɛreka akosi: W’ahonim ma yehu nipa ko a woyɛ ne nneɛma a w’ani gye ho. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na m’ahonim ka fa me ho?’